Adesua 7
Onyankopɔn a Wobɛbɛn No Wɔ Mpaebɔ Mu
Dɛn nti na ɛho hia sɛ wobɔ mpae daa? (1)
Hena na ɛsɛ sɛ wobɔ no mpae, na ɛsɛ sɛ wobɔ wɔ ɔkwan bɛn so? (2, 3)
Nsɛm bɛn na ɛfata sɛ wobɔ ho mpae? (4)
Bere bɛn na ɛsɛ sɛ wobɔ mpae? (5, 6)
So Onyankopɔn tie mpaebɔ biara? (7)
1. Mpaebɔ yɛ asɛm a wɔde ahobrɛase ka kyerɛ Onyankopɔn. Ɛsɛ sɛ wobɔ Onyankopɔn mpae daa. Wonam saayɛ so betumi ate nka sɛ wobɛn no kɛse sɛ adamfo a wodɔ no. Yehowa yɛ kɛse na ne tumi nni ano, nanso otie yɛn mpaebɔ! So wobɔ Onyankopɔn mpae daa?—Dwom 65:2; 1 Tesalonikafo 5:17.
2. Mpaebɔ yɛ yɛn som fã. Enti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn, Yehowa, nkutoo mpae. Bere a na Yesu wɔ asase so no, ɔbɔɔ n’Agya mpae bere nyinaa, na ɛnyɛ obi foforo biara. Ɛsɛ sɛ yɛyɛ saa ara. (Mateo 4:10; 6:9) Nanso, ɛsɛ sɛ yɛbɔ yɛn mpae nyinaa wɔ Yesu din mu. Eyi kyerɛ sɛ yɛwɔ obu ma Yesu dibea ne gyidi wɔ n’agyede afɔrebɔ no mu.—Yohane 14:6; 1 Yohane 2:1, 2.
3. Sɛ yɛbɔ mpae a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn komam ka asɛm no kyerɛ Onyankopɔn. Ɛnsɛ sɛ yɛde nsɛm a yɛakyere agu yɛn tirim bɔ mpae anaa yɛkenkan fi mpaebɔ nhoma mu. (Mateo 6:7, 8) Yebetumi abɔ mpae wɔ gyinabea biara a ɛkyerɛ obu mu, bere biara, ne baabiara. Onyankopɔn betumi ate mpae a yɛbɔ wɔ yɛn komam a yemmue yɛn ano mpo. (1 Samuel 1:12, 13) Ɛyɛ papa sɛ yɛhwehwɛ baabi a ɛhɔ yɛ komm a nnipa foforo mmɛn hɔ kɔbɔ yɛn kokoam mpae wɔ hɔ.—Marko 1:35.
4. Nsɛm bɛn na wubetumi abɔ ho mpae? Biribiara a ebetumi aka wo ne n’adamfofa. (Filipifo 4:6, 7) Mpaebɔ nhwɛso no kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ yɛbɔ Yehowa din ne n’atirimpɔw ho mpae. Yebetumi aka nso sɛ ɔmfa yɛn honam fam ahiade mma yɛn, ɔmfa yɛn bɔne mfiri yɛn, na ɔmmoa yɛn ma yɛnko ntia sɔhwɛ. (Mateo 6:9-13) Ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ yɛn nkutoo yiyedi wɔ yɛn mpaebɔ mu. Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae bisa nneɛma a ɛne Onyankopɔn apɛde hyia nkutoo.—1 Yohane 5:14.
5. Wubetumi abɔ mpae bere biara a wo koma ka wo sɛ da Onyankopɔn ase anaa yi no ayɛ no. (1 Beresosɛm 29:10-13) Ɛsɛ sɛ wobɔ mpae bere a wuhyia ɔhaw ahorow na wɔresɔ wo gyidi ahwɛ no. (Dwom 55:22; 120:1) Ɛfata sɛ wobɔ mpae ansa na woadidi. (Mateo 14:19) Yehowa ka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae “daa.”—Efesofo 6:18.
6. Bere a ɛho hia titiriw sɛ yɛbɔ mpae ne bere a yɛayɛ bɔne bi a anibere wom no. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, ɛsɛ sɛ yɛsrɛ Yehowa mmɔborohunu ne ne fafiri. Sɛ yɛka yɛn bɔne kyerɛ no na yɛyɛ nea yebetumi biara na yɛansan anyɛ bio a, Onyankopɔn ayɛ “krado sɛ ɔde befiri.”—Dwom 86:5, NW; Mmebusɛm 28:13.
7. Yehowa tie atreneefo nkutoo mpaebɔ. Sɛ Onyankopɔn betie wo mpaebɔ a, ɛsɛ sɛ wobɔ mmɔden sɛnea wubetumi biara sɛ wubedi ne mmara ahorow so. (Mmebusɛm 15:29; 28:9) Ɛsɛ sɛ wobrɛ wo ho ase bere a wobɔ mpae no. (Luka 18:9-14) Ɛho hia sɛ wobɔ mmɔden yɛ w’ade ma ɛne nea wobɔ ho mpae no hyia. Wonam saayɛ so bɛda no adi sɛ wowɔ gyidi na nea woka no yɛ ade a wohwehwɛ ankasa. Ɛno ansa na Yehowa betie wo mpaebɔ.—Hebrifo 11:6.