Ma W’ani Nsɔ Nea Wowɔ
1 Kyerɛwnsɛm no tu yɛn fo sɛ yɛmfa yɛn abusua honam fam ahiade mma wɔn, nanso ɛnsɛ sɛ eyi yɛ yɛn asetra mu botae titiriw. Ɛsɛ sɛ yɛde honhom fam nneɛma di kan. (Mat. 6:33; 1 Tim. 5:8) Kari a yɛbɛkari pɛ yɛ asɛnnennen wɔ “mmere a emu yɛ den” yi mu. (2 Tim. 3:1) Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛayɛ saa?
2 Gye Nea Bible Ka no Tom: Onyankopɔn Asɛm bɔ yɛn kɔkɔ sɛ ahonyade akyi a yebedi no betumi apira yɛn wɔ honhom fam. (Ɔsɛnk. 5:10; Mat. 13:22; 1 Tim. 6:9, 10) Wɔ bere a emu yɛ den yi mu no, ɛbɛyɛ asiane ama yɛn mu biara sɛ yɛde yɛn adwene besi honam fam adwuma anaa sikasɛm so araa ma yɛde adi honhom fam dwumadi—asafo nhyiam, adesua, ne asɛnka—anim wɔ yɛn asetra mu. (Luka 21:34-36) Nea ɛne eyi bɔ abira no, Bible no tu fo sɛ: “Sɛ yɛwɔ nnuan ne nea yɛde kata yɛn ho a, momma ɛno ara nnɔɔ yɛn so.”—1 Tim. 6:7, 8.
3 Eyi nkyerɛ sɛ wɔhwehwɛ sɛ Kristofo bɛhyɛ da adi hia. Na mmom ɛboa yɛn ma yehu nea yehia wɔ honam fam ankasa—aduan, ntade, ne dabere a ɛsɛ wɔ baabi a yɛte. Sɛ yɛwɔ asetrade a ehia a, ɛnsɛ sɛ yɛhwehwɛ sɛ yɛbɛkɔ so ama yɛn asetra akorɔn bere nyinaa. Sɛ yesusuw ho sɛ yɛbɛtɔ nneɛma anaa yɛbɛyɛ adwuma foforo a, ɛyɛ papa sɛ yebisa yɛn ho sɛ, ‘So eyi hia ankasa?’ Saa a yɛbɛyɛ no bɛboa yɛn ma yɛatie afotu a efi honhom mu yi: “Mommma sikanibere mmma mo abrabɔ mu, na mompene nea mowɔ.”—Heb. 13:5.
4 Sɛ yɛde yɛn ho to Yehowa so a, obehyira yɛn. (Mmeb. 3:5, 6) Ɛwom sɛ ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwuma na ama yɛanya nea yehia da biara de, nanso yɛmfa yɛn asetra nnyina saa nneɛma no so. Sɛ ebia yɛwɔ nneɛma kakraa bi anaa pii no, yɛde yɛn ho to Yehowa so na ama yɛanya yɛn ahiade. (Fil. 4:11-13) Esiane eyi nti, yenya akomatɔyam ne nhyira afoforo pii.
5 Suasua Afoforo Gyidi: Ɔwofo bi a onni ɔhokafo a na ɔretete ne babea wɔ nokware no mu no kwatii akɛsesɛm wɔ n’asetra mu nkakrankakra. Ɛwom sɛ na ne ho tɔ no wɔ ne fie de, nanso otu kɔtraa ofie ketewa bi mu na akyiri yi ɔkɔtraa ɔdan bi mu. Eyi ma otumi tew bere a ɔde yɛ n’adwuma so sɛnea ɛbɛyɛ na ɔde bere pii ayɛ asɛnka adwuma no. Bere a ne babea no nyinii na ɔwaree no, maame no gyaee adwuma ntɛm, ɛwom mpo sɛ eyi san maa n’akatua so tewee de. Mfe ason ni a yɛn nuabea no de ayɛ daa ɔkwampaefo, na onnuu ne ho wɔ honam fam nneɛma a ɔde abɔ afɔre na ama ɔde Ahenni nneɛma adi kan wɔ n’asetra mu no ho.
6 Ɔpanyin bi ne ne yere de mfe pii yɛɛ akwampae adwuma bere a na wɔretete wɔn mma baasa no. Sɛ abusua no, wosuae sɛ wɔbɛma wɔn ani asɔ wɔn ahiade a wobenya sen sɛ wɔbɛhwehwɛ nea wɔpɛ. Onuabarima no ka sɛ: “Na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asetra ba fam koraa. Ɛwom sɛ yɛn ho kyeree yɛn wɔ mmere bi mu de, nanso Yehowa ama yɛanya nea yehia bere nyinaa. . . . Sɛ mihu sɛ m’abusua de honhom fam nneɛma di kan saa a, mete nka sɛ biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ, na mete nka sɛ matumi ayɛ biribi.” Ne yere de ka ho sɛ: “Sɛ mihu sɛ [me kunu] redi honhom fam nneɛma ho dwuma a adagyew nnim a, ɛma minya akomatɔyam kɛse.” Mmofra no nso wɔ anigye sɛ wɔn awofo sii gyinae sɛ wɔde wɔn bere nyinaa bɛsom Yehowa.
7 Wɔn a wɔpaw sɛ wobedi onyamesom pa akyi mmom asen honam fam nneɛma no, Bible hyɛ bɔ sɛ wobenya nhyira pii nnɛ ne asetra a ɛbɛba no mu.—1 Tim. 4:8.