Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—1997 | August
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye Wɔ Asase so Daa!, So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw?—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. September: Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba. October: Yɛbɛma wɔakra Ɔwɛn-Aban ne Nyan! Ɛde rekɔ ɔsram no awiei no, yebefi ase akyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35. November: Yɛbɛtoa Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no kyekyɛ so. Asafo ahorow a wobewie wɔn asasesin mu adwuma no betumi de Nimdeɛ nhoma no ama.

      ◼ Wɔwɔ wiasefo nnapɔnna wɔ mmere ahorow mu wɔ afe no mu a mmofra nkɔ sukuu, na adwumayɛfo nso nkɔ adwuma. Eyi ma yenya hokwan kɛse a yebetumi de ayɛ asɛnka adwuma no pii. Ɛsɛ sɛ mpanyimfo di kan hu mmere a saa nna no bedu, na wofi bere tenten ka nhyehyɛe a wɔreyɛ ama kuw adansedi wɔ nnapɔnna no mu ho asɛm kyerɛ asafo no.

      ◼ Yɛde nkrataa a ɛdɔɔso a mode bedi dwuma wɔ 1998 ɔsom afe no mu remena asafo biara. Yɛsrɛ sɛ momfa nkrataa yi nyɛ adwuma pɔtee a wɔakyerɛ sɛ momfa nyɛ no nkutoo.

      ◼ Asafo biara nsa bɛka “Literature Inventory” nkrataa (S-18) no abiɛsa. Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no ne nhoma sohwɛfo no hyia ntɛm wɔ August mu, na wɔhyɛ da a wɔbɛkan nhoma a asafo no wɔ wɔ ɔsram no awiei. Ɛsɛ sɛ wɔkan nhoma a ɛwɔ hɔ nyinaa ankasa, na wɔkyerɛw dodow no wɔ “Literature Inventory” krataa no so. Wobetumi agye nsɛmma nhoma a ɛwɔ hɔ no dodow afi nsɛmma nhoma sohwɛfo no hɔ. Yɛsrɛ sɛ monkae nhyehyɛ krataa no anim ne akyiri na momfa biako mmena Asafo ti no, akyɛ koraa, September 6. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no. Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no hwɛ nhoma kan no so, na ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no hwɛ krataa a wɔahyehyɛ awie no mu. Ɔkyerɛwfo no ne ɔhwɛfo guamtrani no nyinaa de wɔn din bɛhyɛ ase.

      ◼ Yɛrekae mpanyimfo sɛ wɔmfa bere tiaa mu akwampaefo titiriw abisade nkrataa a wɔn nsa ka no mmrɛ Asafo ti no anyɛ yiye koraa no, aka asram abiɛsa ma ɛda a akwampaefo no ayɛ nhyehyɛe sɛ wobefi adwuma no ase adu no. Eyi bɛma yɛanya bere adi nneɛma ne dabere nhyehyɛe ho dwuma.

      ◼ Nnɔnhwerew a Betel de yɛ adwuma:

      Dapɛn no mu

      —anɔpa 8 kosi awia 12

      awia

      1:15 kosi anwummere 5:10

      Memeneda

      —anɔpa 8 kosi awia 12

  • Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa
    Ahenni Som—1997 | August
    • Mommoa Obiara Mma Ɔnkɔ Asɛnka Daa

      1 Bere a wiase dedaw yi mu nhyɛso ahorow mu yɛ den no, asiane a ɛwɔ hɔ sɛ yɛbɛgow yɛn ho wɔ honhom fam no yɛ kɛse. Amanneɛbɔ kyerɛ sɛ adawurubɔfo pii nkɔ asɛnka daa, na kakra nso ayɛ mmerɛw. Sɛ nhwɛso no, amanneɛbɔ bi a yɛn nsa aka nnansa yi kyerɛ sɛ na asafo bi mu adawurubɔfo 71 no mu 22 toto asɛnka mu! Dɛn na ebetumi ama ɔsram mũ atwam a obi nnya adwuma a ɛho hia yi mu kyɛfa?

      2 Nneɛma no bi ne yare a emu yɛ den, asɛnka a wotutu hyɛ da kosi ɔsram no awiei ma biribi a wɔnhwɛ kwan bɛbom ma enti wontumi nkɔ, ɔsom adwuma no ho anisɔ a wonni, ani a ɛpa sɛnea nneɛma gye ntɛmpɛ so wɔ bɛn a Satan wiase no awiei abɛn ho. (2 Kor. 4:7; 2 Pet. 3:11, 12) Ɛmfa ho nea ɛde ba biara no, yɛpɛ sɛ yɛboa obiara ma ɔde ne ho hyɛ asɛnka mu daa.

      3 Nea Yebetumi Ayɛ: Kae a yɛbɛkae sɛ nkurɔfo nkwa wɔ asɛm no mu no bɛboa yɛn ma yɛde hokwan biara aka Bible mu nokware ahorow akyerɛ afoforo. (Rom. 10:8-10) Ɛnsɛ sɛ yɛka yɛn ano tom a yɛnka nkwa ho asɛm no nkyerɛ nkurɔfo a yehyia wɔn bere a yetu kwan no. Sɛ yɛde yɛ yɛn botae sɛ yɛbɛkɔ asɛnka wɔ ɔsram no ahyɛase a, ɛremma yɛntoto asɛnka mu.—Ɔsɛnk. 11:6.

      4 Nea Afoforo Betumi Ayɛ: Ɛtɔ mmere bi a nea ɛhwehwɛ ara ne asɛm a ɛhyɛ nkuran a yɛbɛka. Ɛyɛ obiara asɛyɛde sɛ ɔhyɛ afoforo nkuran. (Heb. 10:25) Obiara betumi de wɔn a wɔtoto asɛnka mu aka n’asɛnka nhyehyɛe ho. Sɛ saafo no yare anaasɛ wɔawo foforo a, yebetumi ato nsa afrɛ yɛn Bible adesuafo no bi ma wɔaba wɔn fie, na ama wɔn nso anya adesua no mu kyɛfa, na amma wɔammɛyɛ adawurubɔfo a wɔtoto asɛnka mu.

      5 Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no bɔ mmɔden sɛ wobehu asafo no mufo nyinaa nsɛm tebea ne wɔn ahiade, na ama wɔatumi de mmoa a ɔdɔ wom ama wɔn. (Mmeb. 27:23) Ɛsɛ sɛ mpanyimfo no susuw wɔn a wɔabɛyɛ adawurubɔfo a wɔtoto asɛnka mu no ho wɔ wɔn nhyiam horow ase, na ama wɔatumi ahu mmoa a wɔde bɛma wɔn.

      6 Ɔsram biara no, ɛsɛ sɛ ɔkyerɛwfo no de wɔn a wɔamfa wɔn asɛnka akontaabu amma no din ma Asafo Nhoma Adesua so ahwɛfo no, na ama wɔatumi de mmoa ama wɔn ntɛm. Ɛsɛ sɛ adesua sohwɛfo no fi ayamye mu kɔ wɔn a wɔtoto asɛnka mu no hɔ kɔhwɛ dekode a ebia ɛresi wɔn kwan, na ɔyɛ nhyehyɛe pɔtee ne wɔn yɛ adwuma anaasɛ ɔma ɔdawurubɔfo foforo a ne ho akokwaw anaa ɔkwampaefo yɛ saa. Bere nhyehyɛe a ɛfata ma wɔn mu biara nsɛm tebea ho nyansahyɛ a etu mpɔn nso betumi aboa kɛse. Nyansahyɛ afoforo wɔ November 1992, Yɛn Ahenni Som no kratafa 7.

      7 Ɛsɛ sɛ yɛn mu biara ma n’ani da hɔ, na ɔde hokwan biara di dwuma de ka asɛmpa no. Eyi a yɛbɛyɛ, ne yɛn asɛnka akontaabu a yɛde bɛma ntɛm wɔ ɔsram biara awiei no, bɛma yɛayɛ nkurɔfo a yɛkɔ asɛnka daa.—1 Kor. 15:58.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena