-
Bɔneka A Ɛma AhotɔƆwɛn-Aban—2001 | June 1
-
-
nea efi bɔne mu ba no ano. Onyankopɔn dɔ a ɛma ɔde bɔne firi, ɛne yɔnko asomfo fekubɔ a ɛma denhyɛ no bɛma ɔbɔnefo no anya honhom fam ahoɔden bio. Yiw, ɛdenam Kristo agyede no so no, nea wanu ne ho no betumi ahu sɛnea ‘Onyankopɔn dom bebree’ no te.—Efesofo 1:7.
‘Koma a Edi Mũ’ ne ‘Honhom Foforo’
Bere a Dawid kaa ne bɔne wiei no, wamma abasamtu anni no so. Nsɛm a ɛfa bɔne ka ho a ɔkyerɛwee no ma yehu sɛnea ne ho tɔɔ no ne si a osii ne bo sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn nokware mu no. Sɛ nhwɛso no, hwɛ Dwom 32. Yɛkenkan wɔ nkyekyem 1 sɛ: “Nhyira ne nea wɔde ne mmarato afiri no, na wɔakata ne bɔne so.” Ɛmfa ho sɛnea bɔne no yɛ anibere fa no, sɛ onipa no fi koma pa mu nu ne ho a, n’ani betumi agye. Ɔkwan biako a wɔfa so da koma pa adi ne sɛ onii no begye ne nneyɛe no ho asodi nyinaa atom sɛnea Dawid yɛe no. (2 Samuel 12:13) Wammɔ mmɔden sɛ obebu ne ho bem Yehowa anim anaasɛ ɔbɛdan ho asodi no ato afoforo so. Nkyekyem 5 ka sɛ: “Mekaa me bɔne mekyerɛɛ wo, na mankora m’amumɔyɛ so. Mekae sɛ: Mɛka me mmarato makyerɛ [Yehowa, NW]. Na wo na wuyii me bɔne so mmusu.” Komam a obi befi aka ne bɔne no de ahotɔ ba, ma enti enhia sɛ onii no ma n’ahonim haw no bio wɔ bɔne a wayɛ atwam ho.
Bere a Dawid srɛɛ Yehowa nkyɛn fafiri akyi no, ɔsrɛe sɛ: “Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me, na yɛ honhom foforo a ase tim wɔ me mu.” (Dwom 51:10) “Koma a emu tew” ne “honhom foforo” a na Dawid hwehwɛ no kyerɛ sɛ na onim sɛnea ɔtɔ kɔ bɔne so no, ne sɛ, na ohia Onyankopɔn mmoa na ɔde apopa ne komam na ama wayɛ nsakrae foforo koraa. Sɛ́ anka obesũ ne ho mmɔbɔ no, na wasi ne bo sɛ ɔbɛkɔ so asom Onyankopɔn. Ɔbɔɔ mpae sɛ: “[Yehowa, NW], bue m’ano, na mede m’ano maka w’ayeyi.”—Dwom 51:15.
Dɛn na Yehowa yɛe wɔ nokwaredi mu a Dawid fi nuu ne ho ne ne bo a na wasi sɛ ɔbɛsom no no ho? Ɔmaa Dawid awerɛhyem a ɛka koma yi: “Mebue w’adwenem, na makyerɛ wo ɔkwan a wobɛfa so, m’ani wɔ wo so, na metu wo fo.” (Dwom 32:8) Awerehyem a Yehowa ankasa de ma a ɛkyerɛ sɛ wahu ɔbɔnefo a wanu ne ho no nkate ne n’ahiade no ni. Yehowa gye
-
-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo HɔƆwɛn-Aban—2001 | June 1
-
-
Nsɛmmisa a Efi Akenkanfo Hɔ
Sɛ Yehowa wɔ ɔpɛ sɛ ɔnam ogye afɔre no so de bɔne befiri a, dɛn nti na ehia sɛ Kristofo ka wɔn bɔne kyerɛ asafo mu mpanyimfo no?
Sɛnea yetumi hu wɔ Dawid ne Bat-Seba asɛm no mu no, esiane nokware ahonu a Dawid nyae nti, Yehowa de Dawid bɔne firii no, ɛmfa ho sɛ na ɛyɛ bɔne a anibere wom. Bere a odiyifo Natan kɔɔ Dawid kyɛn no, ogye toom pefee sɛ: “Mayɛ [Yehowa, NW] bɔne.”—2 Samuel 12:13.
Nanso, ɛnyɛ ɔbɔnefo ahonu a efi komam nko na Yehowa gye tom na ɔde ne bɔne firi no, na mmom ɔsan yɛ ɔdɔ nsiesiei de boa ɔbɔnefo no ma ɔsan nya honhom fam ahoɔden. Wɔ Dawid asɛm no mu no, mmoa no nam odiyifo Natan so na ɛbae. Ɛnnɛ, yɛwɔ mpanyimfo a wɔn ho akokwaw honhom fam wɔ Kristofo asafo no mu. Osuani Yakobo kyerɛkyerɛ mu sɛ: “Mo mu bi yare [honhom fam] anaa? Ɔmfrɛ asafo no mu mpanyimfo, na wɔmmɛbɔ no so mpae, na wɔnsra no ngo [Yehowa, NW] din mu. Na gyidi mpaebɔ begye ɔyarefo no nkwa, na [Yehowa, NW] bɛma no so, na sɛ wayɛ bɔne bi a, wɔde befiri no.”—Yakobo 5:14, 15.
Asafo mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw betumi ayɛ pii de aboa adwudwo komam yaw a ɔbɔnefo a wanu ne ho no di no ano. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua Yehowa bere a wɔne ɔbɔnefo
-