-
Nnipa a Wofi Kasa Nyinaa Mu a Wɔreboaboa Wɔn AnoAhenni Som—2002 | July
-
-
4 So yebetumi ayere yɛn ho kɛse aka asɛmpa no akyerɛ yɛn asasesin mu nnipa a wofi aman foforo so no? (Kol. 1:25) Asafo ahorow pii reyɛ asɛnka adwuma no ho nhyehyɛe wɔ nnipa a wɔka aman foforo so kasa a wɔwɔ wɔn hɔ no mu. Adawurubɔfo di kan sua kasa no sɛnea ɛsɛ na ama wɔatumi aka asɛntiaa te sɛ: “Mema wo akye. Mewɔ asɛmpa bi ma wo. [Afei wɔde saa kasa no mu kratawa anaa nhomawa bi ma.] Merekɔ.” Yehowa rehyira mfiase ketewa a ɛte saa no so ampa!
-
-
Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi FoforoAhenni Som—2002 | July
-
-
Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
Ɔsom afe foforo no da koro nhyiam titiriw dwumadi no asɛmti wɔ Kyerɛwnsɛm mu nnyinaso pa: “Momfa Mo Ho Nhyɛ Onyankopɔn Ase—Munsiw Ɔbonsam Kwan.” (Yak. 4:7) Eyi yɛ akwankyerɛ pa wɔ mmere a emu yɛ den yi mu! Onyankopɔn ahyɛde so a yedi no ma yɛne Satan nya ntawntawdi. Dwumadi no bɛkyerɛ yɛn sɛnea yebegyina Ɔbonsam nnɛɛdɛe bɔne a ɛsɛe gyidi no ano pintinn. Honhom fam ademude a yebenya wɔ nhyiam yi ase no bi ne dɛn?
Ɔmansin sohwɛfo no bɛkyerɛ sɛnea “Ahobrɛase a Ɛfata a Yɛda no Adi sɛ Abusua Mufo” no hyɛ mmusua den ma wogyina wiase nhyɛso ahorow ano. Ɔkasa a edi kan a ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no no bɛma a ɛne “Nea Ɔbonsam a Yebesiw no Kwan Kyerɛ” no bɛkyerɛkyerɛ nea enti a ehia sɛ yɛde nnamyɛ ko tia Satan botae a ɛne sɛ ɔbɛsɛe yɛn honhom fam yiyedi no mu. Wɔahyɛ da asiesie ɔkasa no mu abien ama mmofra a ɛsɛ sɛ wɔn nso wɔma wɔn ani da hɔ sɛ wobehu Ɔbonsam nnɛɛdɛe no. Kristofo a wɔn mfe akɔ anim nnɛ no mu pii anni wiase akɔnnɔ akyi bere a na wɔyɛ mmofra no. Yɛn ani begye ho sɛ yɛbɛte wɔn suahu ahorow.
Wɔhwehwɛ sɛ adesamma abusua no mufo nyinaa brɛ wɔn ho ase ma tumidi. Enti, kasa a etwa to a ɔkasafo a wɔahyɛ da apaw no bɛma no bɛkyerɛ mmeae anan a ɛsɛ sɛ yɛda ahobrɛase a ɛfata adi: (1) nniso horow, (2) asafo no mu, (3) wiase nnwuma, ne (4) abusua mu. Dwumadi a mfaso wɔ so bɛn ara ni!
Ɛho hia sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ wɔn asu wɔ da koro nhyiam titiriw yi ase no ma ɔhwɛfo guamtrani no aso te ntɛm ara. Ɛsɛ sɛ obiara hyɛ da no nsow wɔ ne kalenda so na ɔyɛ nhyehyɛe kotie dwumadi no nyinaa. Nhyira a yebenya no bɛtra hɔ daa bere a yɛbrɛ yɛn ho ase ma Yehowa daa no.
-