Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ma Wonhu Yesu Ho Nokware No
    Ahenni Som—2002 | November
    • Ma Wonhu Yesu Ho Nokware No

      1 Kristofo a wɔasra wɔn, a wɔn mfɛfo nguan foforo no boa wɔn no, ‘kura Yesu ho adansedi adwuma no mu.’ (Adi. 12:17) Eyi yɛ adwuma titiriw, efisɛ ɔno mu nkutoo na nkwagye wɔ.—Yoh. 17:3; Aso. 4:12.

      2 ‘Ɔkwan, Nokware, ne Nkwa No’: Yesu kae sɛ: “Mene kwan ne nokware ne nkwa; obi mma agya no nkyɛn, gye sɛ ɔnam me so.” (Yoh. 14:6) Yesu, ‘ɔkwan no,’ nkutoo so na yebetumi afa akɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ mpaebɔ mu na yɛne No anya abusuabɔ pa. (Yoh. 15:16) Yesu ne ‘nokware no,’ efisɛ ne mu na nkɔmhyɛ ahorow ne nneɛma ho sunsuma a ɛwɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu nyaa mmamu. (Yoh. 1:17; Kol. 2:16, 17) Nokwarem no, na nokware nkɔmhyɛ no atirimpɔw titiriw ne sɛ ɛbɛma yɛahu dwuma titiriw a odi na ɛnam so ma Onyankopɔn atirimpɔw nya mmamu. (Adi. 19:10) Bio nso, Yesu ne “nkwa.” Sɛ yebenya daa nkwa akyɛde no a, ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa nya n’agyede afɔrebɔ no mu gyidi.—Yoh. 3:16, 36; Heb. 2:9.

      3 Eti ne Ɔhene a Ɔredi Tumi: Ɛsɛ sɛ nkurɔfo gye tumi a ɛkorɔn paa a Yehowa de ahyɛ ne Ba no nsa no tom. Wɔde Yesu asi agua so sɛ Onyankopɔn Ahenni no so Hene—‘ɔno na aman betie no.’ (Gen. 49:10) Bio nso, Yehowa apaw no sɛ asafo no Ti. (Efe. 1:22, 23) Ɛsɛ sɛ yɛboa yɛn Bible asuafo ma wohu sɛnea Yesu kyerɛ asafo no kwan na ɔde “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no di dwuma de honhom fam “aduan” ma wɔ “ɛbere a ɛsɛ mu” no.—Mat. 24:45-47.

      4 Ɔsɔfopanyin Mmɔborohunufo: Esiane sɛ Yesu huu sɔhwɛ mu amane sɛ onipa nti, “otumi boa wɔn a wɔsɔ wɔn hwɛ no.” (Heb. 2:17, 18) Hwɛ akomatɔyam ara a ɛyɛ sɛ nnipa a wɔtɔ sin behu sɛ Yesu hu wɔn mmerɛwyɛ, na ofi mmɔborohunu mu srɛ ma wɔn! (Rom. 8:34) Ɛdenam Yesu afɔrebɔ ne n’adwuma sɛ Ɔsɔfopanyin so no, yebetumi ‘de kasa mu ahofadi’ akɔ Yehowa nkyɛn na ama yɛanya ‘mmoa ɛbere a ɛsɛ mu.’—Heb. 4:15, 16.

      5 Ɛmmra sɛ mmɔden a yɛbɔ sɛ yɛbɛma afoforo ahu Yesu ho nokware no bɛka wɔn ma wɔayɛ osetie ama no na wɔne yɛn abom asom no.—Yoh. 14:15, 21.

  • Boa W’asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo No
    Ahenni Som—2002 | November
    • Boa W’asafo Nhoma Adesua Sohwɛfo No

      1 Yɛn mu biara nya mfaso pii fi Asafo Nhoma Adesua mu. Ɔsram a etwaam no, yesusuw sɛnea Asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no di n’asɛyɛde ho dwuma ho. Nanso dɛn na yebetumi ayɛ de aboa no, na yɛnam so aboa yɛn ho ne afoforo?

      2 Kɔ Dapɛn Biara: Esiane sɛ nhoma adesua akuw no yɛ nketenkete nti, kɔ a wobɛkɔ no ho hia. Fa yɛ wo botae sɛ wobɛkɔ dapɛn biara. Wubetumi aboa nso denam du a wubedu hɔ ntɛm so, efisɛ eyi ma ɔhwɛfo no fi nhyiam no ase wɔ bere ano.—1 Kor. 14:40.

      3 Mmuae a Ɛhyɛ Den: Ɔkwan foforo a wubetumi afa so aboa ne sɛ wubesiesie wo ho yiye na woama mmuae a ɛhyɛ den. Mpɛn pii no, mmuae a ɛfa asɛm biako ho no ye sen biara, na eyi nso hyɛ afoforo nkuran ma wɔma mmuae. Kwati sɛ wobɛka biribiara a ɛwɔ nkyekyɛm no mu no. Sɛ asɛm bi a ɛwɔ nkyekyɛm no mu ka wo koma a, da wo nsusuwii adi denam mmuaema so ma nkɔmmɔbɔ no nyɛ anigye.—1 Pet. 4:10.

      4 Sɛ wunya hokwan sɛ wobɛkenkan nkyekyɛm no aboa kuw no a, fa nsi di saa asɛyɛde no ho dwuma. Akenkan a etu mpɔn ma adesua no yɛ anigye.—1 Tim. 4:13.

      5 Kuw Adansedi: Wɔyɛ asɛnka nhyiam wɔ mmeae pii a wɔyɛ nhoma adesua no, na wo ho a wode bɛhyɛ saa nhyehyɛe yi mu no boa ɔhwɛfo no bere a odi anim wɔ asɛmpaka adwuma no mu no. Bu nhyehyɛe ahorow yi sɛ hokwan a ɛbɛma woabɛn wo nuanom ahyɛ wɔn nkuran.

      6 Asɛnka Akontaabu: W’asɛnka akontaabu a wode bɛma ntɛm ɔsram biara no yɛ ɔkwan foforo a wonam so boa ɔhwɛfo no. Wubetumi de w’akontaabu no ama no tẽẽ anaasɛ wode bɛto adaka a wɔayi asi hɔ ama asɛnka akontaabu no mu wɔ Ahenni Asa so. Ɔkyerɛwfo no betumi de adaka no adi dwuma de aboaboa asɛnka akontaabu a nhoma adesua so ahwɛfo no gyigye no ano.

      7 Mmoa a wobɛyɛ W’asafo Nhoma Adesua sohwɛfo no bɛyɛ biribi a ani mpa so. Nea ɛsen ne nyinaa no, wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yehowa ‘bɛka honhom a woda no adi no ho.’—Fil. 4:23.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena