Abusua Nhyehyɛe—Asafo Nhyiam
1 Sɛ woyɛ Kristoni a wowɔ mma a, nea wopɛ ne sɛ wo mma benyin adɔ Yehowa asom no, na awiei koraa no, wɔanya daa nkwa wɔ Onyankopɔn wiase foforo a ɔde ahyɛ bɔ no mu. Wobɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔde Yehowa som adi kan wɔ wɔn asetra mu? Ɔkwan titiriw biako ne nhwɛso a wobɛyɛ. (Mmeb. 20:7) Bere a onuawa bi reka ne maame a ɔyɛ Kristoni nhwɛso ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Yɛn adwenem anyɛ yɛn naa wɔ nhyiam a yɛbɛkɔ ho da.” Eyi nyaa ne so nkɛntɛnso pa.
2 So w’abusua te nea enti a wɔkɔ nhyiam ahorow no ase? Akwankyerɛ a wɔde ma yɛn wɔ nhyiam ahorow yi ase no kanyan yɛn ma yɛkɔ so yɛ Onyankopɔn apɛde, na yɛne yɛn nuanom fekubɔ no hyɛ yɛn nkuran kɛse. (Yes. 54:13; Rom. 1:11, 12) Nanso ade titiriw a enti yɛkɔ nhyiam ahorow yi ne sɛ yebeyi Yehowa ayɛ wɔ “asafo ahyiae mu.” (Dw. 26:12) Kristofo nhyiam ahorow ma yenya hokwan da ɔdɔ a yɛwɔ ma Yehowa no adi na yɛsom no.
3 “Monhwɛ Yiye Paa”: Anisɔ a yebenya ama nea enti a yehyiam som Nyankopɔn no bɛkanyan yɛn ma ‘yɛahwɛ yiye paa’ na yɛannyina nsɛm nketenkete so antoto nhyiam ahorow mu. (Efe. 5:15, 16; Heb. 10:24, 25) Sɛ woreyɛ abusua nhyehyɛe a, wubetumi adi kan ahyɛ bere a mode bɛkɔ asafo nhyiam ahorow no nsow. Afei hwɛ sɛ woremma biribi foforo biara ntwitware nhyiam a abusua no bɛkɔ daa no mu.
4 Sɛ yɛkenkan sɛnea yɛn nuanom di akwanside ahorow so kɔ nhyiam akɛse ne nketewa no ho nsɛm a, so ɛnhyɛ yɛn nkuran? Ebia na wo tebea no nnu wɔn de no de, nanso ɛda adi sɛ wo nso wowɔ nsɛnnennen a ɛsɛ sɛ wudi ho dwuma. Satan rebɔ mmɔden sɛ ɔbɛma Yehowa som akɔ so ayɛ den ama Onyankopɔn nkurɔfo. Nanso nya awerɛhyem sɛ wo mma behu mmɔden a mo abusua no bɔ de kɔ asafo nhyiam ahorow no. Nokwarem no, wonam saayɛ so bɛma wɔn honhom fam akyɛde a wɔn werɛ remfi da.