-
Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa So Di Abusuafo Adanse?Ahenni Som—2004 | December
-
-
Ɔkwan Bɛn na Ɛsɛ sɛ Yɛfa So Di Abusuafo Adanse?
1. Dɛn nti na nhumu ho hia bere a yɛredi yɛn abusuafo adanse no?
1 Dɛn na ɛbɛyɛ anigye sen sɛ yɛne yɛn adɔfo bɛkɔ wiase foforo no mu na yɛne wɔn abom asom Yehowa! Sɛ yedi yɛn abusuafo adanse a, saa anidaso yi betumi aba mu. Nanso sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ ɔkwan a ɛrenhaw wɔn so a, ehia sɛ yɛda nhumu adi. Ɔmansin sohwɛfo bi kae sɛ: “Wɔn a wotumi yɛ eyi paa ne wɔn a ɛwom wom a, na wɔaka nsɛm bi a ɛbɛkanyan wɔn abusuafo adwene ma wɔabisa ho asɛm no.” Ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ eyi?
2. Ɔkwan bɛn so na yɛn abusuafo ho a yedwen yiye no bɛboa yɛn ma yɛakanyan wɔn adwene?
2 Kanyan Wɔn Adwene: Di kan susuw ɔkwan a wubetumi afa so akanyan w’abusuafo anigye no ho yiye. (Mmeb. 15:28) Nneɛma bɛn na ɛhaw wɔn? Nsɛnnennen bɛn na wɔrehyia? Wubetumi ne wɔn asusuw asɛm bi ho anaa woaka kyerɛwsɛm bi a ɛfa wɔn asɛnhia paa bi ho akyerɛ wɔn. Sɛ w’abusuafo nte mmɛn wo a, wubetumi afa krataakyerɛw anaa telefon so ayɛ eyi. Bere a woremfa nsɛm pii mpuapua wɔn no, gu nokware aba no, na fa wo ho to Yehowa so mma enyin.—1 Kor. 3:6.
3. Ɔkwan bɛn so na sɛnea yɛn abusuafo dwen yɛn ho no betumi abue hokwan ama yɛadi wɔn adanse?
3 Yesu kasa kyerɛɛ ɔbarima bi a na watu adaemone pii afi ne mu no sɛ: “Kɔ wo fi, w’abusuafo nkyɛn, na kɔka nneɛma a [Yehowa, NW] ayɛ ama wo ne mmɔbɔ a wahu wo no kyerɛ wɔn!” (Mar. 5:19) Susuw sɛnea eyi bɛma n’abusuafo no ate nka no ho hwɛ! Ɛwom sɛ ebia worenhyia biribi a ɛyɛ nwonwa saa de, nanso ɛnyɛ dɛn ara a, nea wo anaa wo mma yɛ no ho hia w’abusuafo. Dwumadi bi a woyɛe Teokrase Ɔsom Sukuu mu, nhyiam bi a wokɔe, Betel nsrahwɛ, anaa biribi titiriw bi a woyɛe a wobɛka ho asɛm no betumi abue hokwan no ama woaka Yehowa ne n’ahyehyɛde no ho asɛm kakra akyerɛ wɔn.
4. Sɛ yɛredi abusuafo adanse a, nneɛma bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ?
4 Da Nhumu Adi: Sɛ woredi abusuafo adanse a, nnyina w’ananmu mfa nsɛm pii mpuapua wɔn. Onua bi reka bere a ofii ase suaa Bible no ho asɛm no, ɔkae sɛ: “Mede biribiara a misua fii Bible mu no ho nkyerɛkyerɛmu tuatuaa me maame aso kyɛe, na eyi taa de akyinnyegye ba, titiriw me ne me papa ntam. Sɛ mpo obusuani bi kyerɛ Bible mu asɛm no ho anigye a, ma no mmuae wɔ ɔkwan a ɛbɛkanyan n’anigye so. (Mmeb. 25:7) Bere nyinaa da obu, ayamye, ne boasetɔ adi sɛnea sɛ wo ne ahɔho rekasa wɔ asɛnka mu a wobɛyɛ no ara pɛ.—Kol. 4:6.
5. Sɛ yedi abusuafo adanse na wɔantie yɛn a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?
5 Bere bi, Yesu abusuafo susuwii sɛ ne tirim ka no. (Mar. 3:21) Nanso akyiri yi wɔn mu binom bɛyɛɛ agyidifo. (Aso. 1:14) Sɛ wobɔ mmɔden sɛ wobɛka nokware no ho asɛm akyerɛ w’abusuafo, na sɛ mfiase no anyɛ yiye a, mma w’abam mmu. Wɔn nsɛm tebea ne wɔn suban betumi asesa. Kɔ so ara hwehwɛ hokwan foforo a wubenya ne wɔn asusuw asɛm bi a ebia ɛbɛkanyan wɔn anigye ho. W’ani begye sɛ woreboa wɔn ma wɔde wɔn nan asi daa nkwa kwan no so.—Mat. 7:13, 14.
-
-
Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma HoAhenni Som—2004 | December
-
-
Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
Ɔwɛn-Aban Dec. 1
“Su biako a ɛma nnipa da nsow wɔ mmoa ho ne sɛ yenim papa ne bɔne. Nanso awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa pii yɛ nneɛma bɔne. Wususuw sɛ dɛn nti na wɔyɛ saa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yeremia 17:9 anaa Adiyisɛm 12:9.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea ɛbɛboa yɛn ama yɛahu adetrenee na yɛayɛ mu.”
Nyan! Dec. 8
“Nkɔso a nnipa anya wɔ mfiridwuma mu no ntumi nsakraa hia a nnipa hia ayɔnkofa no. Nanso woahyɛ no nsow sɛ nsakrae a aba wɔ nnipa asetra mu no betumi ama ayɛ den nnɛ sɛ yebenya ayɔnkofa a edi mu? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mmebusɛm 18:24.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi anya adamfo kann mu.”
Ɔwɛn-Aban Dec. 15
“Edu saa bere yi wɔ afe no mu a, nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa fa akwan horow so kae Yesu awo. Wunim sɛ Bible nkɔmhyɛ de Yesu awo bata asomdwoe a ɛbɛtra hɔ daa ho? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yesaia 9:6, 7.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ ɔkwan a saa asomdwoe no bɛfa so aba mu.”
Nyan! Dec. 22
“Woahyɛ no nsow sɛ ɛte sɛ nea ɔmanfo twe adwene si ahoɔfɛ so kɛse? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka asiane ahorow bi a ɛwɔ ahoɔfɛ a obi de n’adwene besi so dodo no ho asɛm. Afei esi ahoɔfɛ a mfaso wɔ so kɛse so dua.” Kenkan 1 Petro 3:3, 4.
-