Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Nkaebɔ Ahorow
    Ahenni Som—2003 | August
    • Nkaebɔ Ahorow

      ◼ Nhoma a yɛde bɛma August: Mubetumi de nhomawa a ekura nkratafa 32 a edidi so yi mu biara ama: So Onyankopɔn Dwen Yɛn Ho Ampa?, Nya Asetra mu Anigye wɔ Asase so Daa!, “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo,” So Ɛsɛ sɛ Wugye Baasakoro no Di?, The Divine Name That Will Endure Forever, Nniso a Ɛde Paradise Bɛba, Sɛ Yewu a Dɛn na Ɛba Yɛn So?, Dɛn Ne Asetra Atirimpɔw—Wobɛyɛ Dɛn Ahu?, ne Bere a Obi a Wodɔ No Awu. Baabi a ɛfata no, yebetumi de Amansan Nhoma, Asetra a Abotɔyam Wom—Ɔkwan a Yɛbɛfa So Anya, Our Problems—Who Will Help Us Solve Them?, Awufo Ahonhom—So Wobetumi Aboa Wo Anaasɛ Wɔapira Wo? So Wɔwɔ Hɔ Ampa?, ne Will There Ever Be a World Without War? nhomawa no ama. September: Life—How Did It Get Here? By Evolution or by Creation? October: Momfa Ɔwɛn-Aban ne Nyan! nyinaa mma. Baabi a wɔbɛkyerɛ anigye no, momfa Ahwehwɛde nhomawa mma, na mommɔ mmɔden titiriw mfi Bible adesua ahorow ase. November: Momfa Nimdeɛ nhoma no anaa Ahwehwɛde nhomawa no mma. Baabi a afiewuranom wɔ saa nhoma yi bi dedaw no, momfa Som Nyankopɔn nhoma no anaa nhoma dedaw bi mma.

      ◼ Efi October 20, 2003 no, yebesua Som Nokware Nyankopɔn Koro No wɔ Asafo Nhoma Adesua ase.

      ◼ Ɛsɛ sɛ ɔhwɛfo guamtrani no anaa obi a wapaw no hwehwɛ asafo no sikasɛm mu September 1 anaa ɛno akyi bere tiaa bi. Sɛ wɔyɛ eyi wie a, mommɔ asafo no amanneɛ, bere a moakenkan mo sikasɛm ho amanneɛbɔ a edi hɔ awie no.

      ◼ Ɛsɛ sɛ mokan nhoma ne nsɛmma nhoma a mowɔ nyinaa no dodow wɔ August 31, 2003 mu, anaa bere a aka kakraa bi na saa da no adu no. Nhomakan yi te sɛ nea nhoma sohwɛfo no yɛ ɔsram biara no, na ɛsɛ sɛ ɔkyerɛw dodow nkabom no hyɛ “Literature Inventory” kratasin (S-18) no so. Mubetumi agye nsɛmma nhoma a mowɔ no dodow afi asafo biara nsɛmma nhoma so ahwɛfo hɔ. Ɛsɛ sɛ asafo a ɛhwɛ nhomakra so no kyerɛwfo hwɛ nhomakan no so. Ɔno ne asafo a ɛhwɛ nhomakra so ɔhwɛfo guamtrani no de wɔn nsa bɛhyɛ kratasin no ase. Asafo a ɛhwɛ nhomakra so no nsa bɛka “Literature Inventory” nkratasin (S-18) no abiɛsa. Yɛsrɛ sɛ momfa biako mmena Asafo ti no ansa na September 6 atwam. Momfa biako nto mo nneɛma mu. Mubetumi de nea ɛto so abiɛsa no adi dwuma bere a morekan no.

      ◼ Ɛsɛ sɛ asafo ahorow no fi ase kra 2004 Calendar of Jehovah’s Witnesses, Kyerɛwnsɛm no Mu a Wobɛhwehwɛ Daa—2004, ne 2004 Yearbook of Jehovah’s Witnesses ka nhoma a edi hɔ a wɔbɛkra no ho.

  • Nhyehyɛe Foforo a Wɔayɛ Ama Ahenni Asa So Nhomakorabea Ahorow
    Ahenni Som—2003 | August
    • Nhyehyɛe Foforo a Wɔayɛ Ama Ahenni Asa So Nhomakorabea Ahorow

      Mfe pii ni na asafo horow a ɛwɔ wiase nyinaa anya wɔn Ahenni Asa so nhomakorabea a na kan no wɔfrɛ no Teokrase Ɔsom Sukuu nhomakorabea no so mfaso. Kan no na wosusuw sɛ ɛho hia sɛ asafo biara nya n’ankasa nhomakorabea. Nanso esiane sɛ mprempren asafo bɛboro biako na wohyia wɔ Ahenni Asa pii so, a wɔn mu binom yɛ asafo a wɔka ɔman foforo so kasa nti, ɛte sɛ nea eye paa sɛ yebenya Ahenni Asa so nhomakorabea biako a nhoma pii a wobetumi de adi dwuma nnɛ wom ma kasa horow a wohyiam wɔ Ahenni Asa biara so no. Wɔ Ahenni Asa horow a ɛwɔ asa a ɛboro biako fam no, ɛsɛ sɛ asa biara nya nhomakorabea biako ma kasa a wohyia hɔ no mu biara.

      Yɛhwɛ kwan sɛ nhyehyɛe yi bɛma moanya kwan pii wɔ asa no so na atew ka so. Bio nso, asafo horow abien anaa abiɛsa nhomakorabea a wɔbɛka abom no bɛma wɔanya nhomakorabea a edi mu. Sɛ wɔka eyinom bom a, wobetumi de nhoma horow a ɛboro biako no asie, na akyiri yi sɛ wosi Ahenni Asa foforo a, wɔde adi dwuma. Sɛ Ahenni Asa no wɔ kɔmputa a Watchtower Library a ɛwɔ CD-ROM so hyɛ mu a, ɛso bɛba ebinom mfaso yiye.

      Ɛsɛ sɛ onua biako, sɛ ɛbɛyɛ yiye a, Teokrase Ɔsom Sukuu so ahwɛfo no mu biako na ɔhwɛ nhomakorabea no so. Ɛsɛ sɛ bere ne bere mu no ɔde nhoma a ɛfata ka nhoma a ɛwɔ hɔ no ho, na ɔkyerɛw emu biara mu fɛfɛɛfɛ de kyerɛ sɛ ɛyɛ Ahenni Asa so nhomakorabea no dea. Ɛsɛ sɛ anyɛ yiye koraa no pɛnkoro wɔ afe biara mu no, ɔhwehwɛ nhoma a ɛwɔ nhomakorabea no mu hwɛ sɛ ebi nyerae anaa, na ɔhwɛ hu sɛ nhoma horow no tebea ye. Ɛnsɛ sɛ wɔfa nhoma horow fi Ahenni Asa so nhomakorabea horow yi mu.

      Asafo no mufo nyinaa kɔ so kyerɛ Ahenni Asa so nhomakorabea no ho anisɔ kɛse. Ɛmmra sɛ yɛbɛkyerɛ sɛ nsiesiei yi som bo ma yɛn ankasa, denam hwɛ a yɛbɛhwɛ so yiye na yɛde adi dwuma de ahwehwɛ “Onyankopɔn ho nimdeɛ” so.—Mmeb. 2:5.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena