-
Asomfo Ntetee Sukuu—Ɔpon Kɛse A Emu Adwumayɛ DɔɔsoAhenni Som—2004 | August
-
-
wohia adwene a na Yesaia wɔ a enti ɔde ne ho mae ntɛm so sɛ ɔbɛyɛ adwuma titiriw bi no. Ɔkae sɛ: “Mini, soma me!” (Yes. 6:8) Yesaia asetra mu nyinaa, ɔbrɛɛ ne ho ase. Ɛsɛ sɛ wɔn a wobisa Asomfo Ntetee Sukuu yi hokwan no ma ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn nuanom ne ɔpɛ a wɔwɔ sɛ wɔbɛsom wɔn no kanyan wɔn sen sɛ wɔbɛhwehwɛ dibea anaa mpanyinni. Wɔhwɛ kwan sɛ adesuafo no de ntetee pa a wobenya sɛɛ no bɛyɛ adwuma de aboa afoforo.—Luka 12:48.
7 Ɛso Mfaso: Wɔ dapɛn awotwe a wɔde sua ade paa yi mu no, ‘wɔde gyidi ne kyerɛ pa no mu nsɛm yɛn adesuafo no.’ (1 Timoteo 4:6) Eyi siesie wɔn ma wɔboa afoforo a wɔwɔ wɔn asafo ahorow ne amansin mu no hyɛ wɔn nkuran. Wɔ mmeae pii a wɔde adesuafo a wɔawie Asomfo Ntetee Sukuu yi akɔ no, asɛnka adwuma anya nkɔso; wɔahyɛ mmabun titiriw nkuran ma wɔayɛ akwampae adwuma; na wɔde mmoa a ɛfata rema afoforo pii a wɔreba Onyankopɔn asafo mu no.
8 Woyɛ ɔpanyin anaa asafo mu somfo a wonwaree a woadi fi mfe 23 kosi 50? Adɛn na wummisa Asomfo Ntetee Sukuu no ho kwan? Woyɛ onua aberante a woredwen wo daakye wɔ Yehowa som mu ho? Dɛn nti na wonyɛ wo ho awiɛmfoɔ nkwati akɛsesɛm ne nneɛma a ɛtwetwe adwene sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi ahyɛn ‘ɔpon kɛse a emu adwumayɛ dɔɔso’ yi mu? Ebetumi ama woanya anigye ne akomatɔyam kɛse. Ampa ara, Asomfo Ntetee Sukuu no so aba mfaso ama adesuafo a wɔawie sukuu no ne Onyankopɔn nkurɔfo a wɔwɔ asafo ahorow a ɛwɔ wiase nyinaa mu no.
-
-
Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu NtimuAhenni Som—2004 | August
-
-
Nhyehyɛe Foforo a Yɛde Bɛyɛ Ɔmansin Nhyiam Dwumadi mu Ntimu
Bere a Satan wiase yi mu nsɛm kɔ so sɛe no, Yehowa hyɛ yɛn den ma ‘yɛpa mmusubɔ ne wiase akɔnnɔ, na yɛde adwenemtew ne trenee ne onyamesom pa tra wiase yi mu.’ (Tito 2:12) Nhyehyɛe a ɔnam “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no so ayɛ no bi ne ɔmansin nhyiam ne da koro nhyiam titiriw a yɛyɛ no afe biara no. (Mat. 24:45) Hwɛ sɛnea honhom fam nhyiam yi hyɛ yɛn den fa!
Nea ɛbɛyɛ na yɛakae nkyerɛkyerɛ a wɔde ma yɛn na yɛde abɔ yɛn bra no, wɔayɛ nhyehyɛe foforo a yɛde bɛyɛ ɔmansin nhyiam dwumadi no mu ntimu wɔ 2005 ɔsom afe no mu. Nea ɛbɛkɔ so wɔ ɔmansin nhyiam no ase a wɔbɛma yɛadi kan ahu ne afei nsɛmmisa a ɛfa nhyiam da biara dwumadi ho asɛm bɛba wɔ January 2005 Yɛn Ahenni Som no mu. Aka bere tiaa bi ma wɔakɔ nhyiam no ne nhyiam no akyi bere tiaa bi no, asafo horow no besusuw nsɛm yi ho wɔ Ɔsom Nhyiam ase. Ɔkwan bɛn na wɔbɛfa so ayɛ nhyehyɛe yi?
Aka dapɛn biako anaa abien ama asafo no akɔ ɔmansin nhyiam no, wɔde simma du bɛma ɔkasa a egyina asɛm “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” so wɔ Ɔsom Nhyiam ase de akanyan dwumadi no ho akɔnnɔ. Ɔkasafo no bɛtwe adwene asi nsɛmmisa a wɔde bɛyɛ ntimu no so, na wahyɛ obiara nkuran sɛ wɔnyɛ kyerɛwtohɔ wɔ nhyiam no ase mfa nsiesie wɔn ho mma ntimu a mobɛyɛ wɔ nhyiam no akyi no.
Wɔ nhyiam no akyi adapɛn kakraa bi mu no, wɔde simma 15 bɛyɛ nhyiam da a edi kan no dwumadi mu ntimu wɔ Ɔsom Nhyiam no ase. Dapɛn a edi hɔ no, wɔde simma 15 bɛyɛ nhyiam da ɛto so abien no dwumadi mu ntimu. Nsɛmmisa a wɔde bɛyɛ ntimu a ɛbɛba akyiri no na wɔde bedi dwuma. Ɛsɛ sɛ ntimu no twe adwene si mfaso a ɛwɔ nsɛm no mu so. Ebia mpanyimfo no bɛyɛ nhyehyɛe atew bere a wɔde yɛ Ɔsom Nhyiam dwumadi no bi so, wobeyi bi afi mu anaa wɔde bɛhyɛ bere foforo na ama wɔanya bere de ayɛ ntimu yi.
Wɔde nhyehyɛe koro yi ara na ɛbɛyɛ da koro nhyiam titiriw dwumadi no ntimu, na nsonsonoe a ɛwɔ mu ara ne sɛ, simma 15 na wɔde bɛyɛ dwumadi no nyinaa. Yɛn nyinaa bɛpɛ sɛ yɛde krataa a ɛhyɛ mu no sie na yɛde adi dwuma anya mfaso kɛse afi nkyerɛkyerɛ pa a Yehowa de ma yɛn no mu.—Yes. 48:17, 18.
-