-
Yɛde Nkurɔfo KaAhenni Som—2005 | July
-
-
Yɛde Nkurɔfo Ka
1 Ɔsomafo Paulo tee nka sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔka asɛm no kyerɛ nkurɔfo. Na onim sɛ Yehowa nam Ne Ba no mogya a ɛsom bo no so abue hokwan sɛ nnipa nyinaa mmenya nkwa. (1 Tim. 2:3-6) Enti Paulo kae sɛ: “Mede Helafo ne Pɔtɔfo, anyansafo ne wɔn a wonni adwene nyinaa ka.” Ɔbɔɔ mmɔden de nsi kaa asɛmpa no kyerɛɛ ne mfɛfo nnipa de tuaa ɛka a ɔde wɔn no.—Rom. 1:14, 15.
2 Ɛnnɛ nso, sɛnea Paulo yɛe no, Kristofo de hokwan biara a wonya ka asɛmpa no kyerɛ wɔn mfɛfo. Bere a “ahohiahia kɛse” no rebɛn ntɛmntɛm no, ehia sɛ yɛyɛ ntɛm hwehwɛ nnipa komapafo. Momma ɔdɔ kann a yɛwɔ ma nkurɔfo no nkanyan yɛn ma yɛmfa nsi nyɛ nkwagye adwuma yi.—Mat. 24:21; Hes. 33:8.
3 Yɛn Aka a Yebetua: Afie afie asɛnka adwuma no ne ɔkwan titiriw a yɛnam so nya nkurɔfo. Wɔ nsasesin a yɛntaa nto nkurɔfo wɔ fie no, kyerɛwtohɔ pa a yɛbɛyɛ na yɛasakrasakra bere a yɛsan de kɔ hɔ mu no betumi aboa ma yɛato nnipa pii. (1 Kor. 10:33) Adanse a yebedi wɔ asasesin a nnwuma wom, mmɔnten so, aturom, baabi a wɔde kar sisi ne telefon so betumi ama yɛanya nkurɔfo. Yebetumi abisa yɛn ho sɛ: ‘Menam akwannuasa nyinaa so reyɛ nea metumi biara sɛnea ɛbɛyɛ a mɛka nkwagye ho asɛm no akyerɛ nkurɔfo?’—Mat. 10:11.
4 Onuawa kwampaefo bi tee nka sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔkasa kyerɛ n’asasesin mu nnipa nyinaa. Ofie biako bi de, bere biara na wɔatoto mpomma mu, na ɔnkɔtoo obi wɔ hɔ da. Nanso da bi a ɔkwampaefo no ankɔ asɛnka no, ohui sɛ kar bi si ofie a ɔnkɔtoo obi wɔ hɔ da no anim. Esiane sɛ ɔmpɛ sɛ hokwan yi bɛsɛe kwa nti, ɔbɔɔ ɔpon ano dɔn no. Ɔbarima bi pue bae, ma ɔne no fii nkɔmmɔbɔ ase. Onuawa no ne ne kunu kɔɔ ne hɔ sankɔhwɛ pii. Awiei koraa no, ɔbarima no ma wɔne no yɛɛ Bible adesua, na seesei ɔyɛ onua a wabɔ asu. Ɔbarima no ani asɔ sɛnea onuawa no tee nka sɛ ɛyɛ n’asɛde sɛ ɔka asɛm no kyerɛ afoforo no.
5 Bere a awiei no rebɛn ntɛmntɛm no, ɛnnɛ ne bere a ɛsɛ sɛ yɛde nsi yɛ asɛnka adwuma no denneennen de tua yɛn mfɛfo ka.—2 Kor. 6:1, 2.
-
-
Ɔfã 11—Bible Adesua a Etu Mpɔn a YɛbɛyɛAhenni Som—2005 | July
-
-
Ɔfã 11—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Boa Asuafo Ma Wɔnyɛ Sankɔhwɛ
1 Sɛ Bible suani bi fi asɛnka ase a, obehyia nnipa a wɔn ani gye asɛmpa no ho. Yɛbɛyɛ dɛn aboa ɔdawurubɔfo foforo yi ma wayɛ sankɔhwɛ a etu mpɔn na wagugu anigye no so nsu?
2 Ahoboa a wɔyɛ ma sankɔhwɛ no fi ase bere a edi kan a yɛkɔ obi nkyɛn no. Hyɛ osuani no nkuran ma n’ani nkũ nnipa a odi wɔn adanse no ho. (Filip. 2:4) Tete no nkakrankakra ma onhu sɛnea ɔde nsɛmmisa bɛtwetwe ofiewura no ma wakyerɛ n’adwene, watie ofiewura no na wahyɛ nsɛm a ehia no no nsow. Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, ma ɔdawurubɔfo foforo no nkyerɛw nsrahwɛ no ho nsɛntitiriw nto hɔ. Boa no ma ɔmfa saa nsɛm no nhyehyɛ nkɔmmɔ a ɔbɛbɔ akyiri no.
3 Ahoboa ma Sankɔhwɛ: Munsusuw nsrahwɛ a edi kan no ho, na kyerɛ osuani no sɛnea ɔbɛpaw Ahenni nkrasɛm no fã bi a ofiewura no ani begye ho. (1 Kor. 9:19-23) Mommom mfa kyerɛwsɛm biako nsiesie asɛntiaa bi a egyina nhoma a wobesua no mu nkyekyɛm biako so. Afei nso, mompɛ asɛm biako a sɛ mobɔ nkɔmmɔ no wie a obebisa ofiewura no de ato fapem ama nsrahwɛ a edi hɔ no. Kyerɛ onua foforo no sɛnea ɔbɛma onipa no asua ade foforo afi Onyankopɔn Asɛm mu wɔ nsrahwɛ biara mu.
4 Nea mfaso wɔ so bio ne sɛ wobɛkyerɛ osuani no nnianim asɛm tiawa bi. Okyia ofiewura no wie a, obetumi aka sɛ: “M’ani gyee nkɔmmɔ a ɛda no yɛbɔe no ho na masan aba ne wo rebesusuw Bible mu asɛm a ɛfa [ka asɛmti no].” Ɛtɔ da a yɛkɔto nnipa foforo mmom wɔ fie hɔ. Ɛho behia sɛ wokyerɛ ɔdawurubɔfo foforo yi nea ɔbɛyɛ wɔ ɛno ho.
5 San Kɔ Hɔ Ntɛm: Hyɛ osuani no nkuran ma ɔnyɛ ntɛm nsan nkɔsra wɔn a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye nyinaa mfa nyɛ nhwɛso pa. Ebia ebehia sɛ ɔbɔ mmɔden kɔ obi fie ntoatoaso ansa na ne nsa aka no. Kyerɛkyerɛ osuani no sɛnea ɔbɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe na boa no ma onhu hia a ehia sɛ odi ne bɔhyɛ so. (Mat. 5:37) Tete ɔdawurubɔfo foforo yi ma ɔmfa ayamye, tema ne obu nhwehwɛ wɔn a wɔte sɛ nguan no na ɔnkɔ so ngugu wɔn anigye no so nsu.—Tito 3:2.
-