Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ahenni Asɛnka—Hokwan a Ɛsom Bo
    Ahenni Som—2005 | August
    • Ahenni Asɛnka—Hokwan a Ɛsom Bo

      1 Asase so nnipa ɔpepepem pii nya Yehowa ayamye so mfaso da biara. (Mat. 5:45) Nanso wɔn mu kakraa bi na woanya hokwan soronko reka Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa de rekyerɛ nea wɔn Bɔfo no ayɛ ama wɔn no ho anisɔ. (Mat. 24:14) Wokyerɛ hokwan a ɛsom bo yi ho anisɔ kɛse?

      2 Ahenni asɛnka no hyɛ Onyankopɔn anuonyam na ɛma nnipa a basabasayɛ a ɛrekɔ so nnɛ haw wɔn no nya anidaso ne asomdwoe. (Heb. 13:15) Ɛkyerɛ daa nkwa ma wɔn a wotie asɛm a yɛka no. (Yoh. 17:3) Honam fam adwuma bɛn na ɛma obi nya mfaso a ɛte saa? Ɔkwan a ɔsomafo Paulo faa so yɛɛ ne som adwuma no daa ɛho anisɔ a ɔwɔ no adi. Obuu no sɛ agyapade.—Aso. 20:20, 21, 24.

      3 Kyerɛ Hokwan Soronko no Ho Anisɔ: Ɔkwan biako a yɛnam so kyerɛ sɛ yɛn ani sɔ hokwan a yɛde ka asɛm no ne sɛ yɛbɛma yɛn ani akũ sɛnea yɛyɛ no no ho. So yegye bere de siesie nsɛm a yɛbɛka ma aka yɛn atiefo koma? Yebetumi atu mpɔn wɔ sɛnea yɛde Kyerɛwnsɛm no di dwuma ne sɛnea yɛne nkurɔfo susuw nsɛm ho no mu? Yɛyɛ asasesin a wɔde ama yɛn no mu adwuma fefeefe? Yenim sɛnea yebefi Bible adesua ase na yɛatoa so ayɛ? Te sɛ tete ne nnɛ mmere mu Kristofo anokwafo no, adwuma yi ho adwempa a yɛwɔ no kanyan yɛn ma yɛkyerɛ hokwan a yɛanya no ho anisɔ.—Mat. 25:14-23.

      4 Bere a onyin, yare anaa tebea foforo a emu yɛ den rehaw yɛn no, ɛyɛ awerɛkyekye sɛ yebehu sɛ mmɔden a yɛde yɛ ɔsom adwuma no wɔ tebea a ɛte saa mu no som bo kɛse. Onyankopɔn Asɛm ma yɛn awerɛhyem sɛ mmɔden a yɛbɔ de som Yehowa no som bo ma no, ɛmfa ho sɛ ebia afoforo renkyerɛ mmɔdenbɔ a ɛte saa ho anisɔ no.—Luka 21:1-4.

      5 Yenya abotɔyam kɛse fi Ahenni asɛnka no mu. Onuawa bi a wadi mfe 92 kae sɛ: “Sɛ mibu kɔmpɔ hwɛ bɛboro mfe 80 a mede asom Onyankopɔn nokwarem no a, mihu sɛ ɛyɛ hokwan kɛse—minnuu me ho! Sɛ meresan ayɛ ababaa bio a, anka saa kwan yi ara so na mɛfa, efisɛ ‘Onyankopɔn adɔe ye sen nkwa’ ampa.” (Dw. 63:3) Yɛn nso, momma yɛnkyerɛ hokwan a ɛsen biara a Onyankopɔn de ama yɛn—Ahenni asɛnka adwuma—no ho anisɔ.

  • Ɔfã 12—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Ahenni Som—2005 | August
    • Ɔfã 12—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

      Boa Asuafo ma Womfi Bible Adesua Ase na Wɔntoa So

      1 Sɛ yɛn Bible asuafo fi asɛnka ase a, ebia Bible adesua a wɔn ankasa befi ase na wɔakɔ so ayɛ ho adwene bɛbɔ wɔn hu. Yɛbɛyɛ dɛn aboa wɔn ma wɔanya yɛn som adwuma fã a ehia paa yi ho adwempa?—Mat. 24:14; 28:19, 20.

      2 Sɛ Bible suani bi nya fata sɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, ɛda adi sɛ na ɔde ne ho ahyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu dedaw. Ntetee a onya wɔ adesuafo dwumadi a osiesie kɔyɛ no mu bɛboa no ma wanya ɔkyerɛkyerɛ ho nimdeɛ a ohia sɛ “odwumayɛni a ɛnsɛ sɛ ɔfɛre hwee ho, a okura nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ.”—2 Tim. 2:15.

      3 Fa Wo Nhwɛso Kyerɛkyerɛ No: Yesu tetee n’akyidifo no denam akwankyerɛ a emu da hɔ a ɔde maa wɔn ne nhwɛso pa a ɔyɛe so. Ɔkae sɛ: “Obiara a wɔakyerɛkyerɛ no yiye no bɛyɛ sɛ ne kyerɛkyerɛfo.” (Luka 6:40) Ɛho hia paa sɛ wubesuasua Yesu ayɛ nhwɛso pa wɔ w’ankasa som adwuma mu. Bere a wo suani no hwɛ wo nhwɛso pa wɔ asɛnka mu no, ɔbɛte ase sɛ botae a yɛde yɛ sankɔhwɛ ne sɛ yebefi Bible adesua ase.

      4 Kyerɛ osuani no mu sɛ, sɛ yɛka Bible adesua ho asɛm kyerɛ ofiewura bi a, ɛho ntaa nhia sɛ yɛkyerɛkyerɛ adesua no ho nhyehyɛe mu kɔ akyiri. Nea eye paa ne sɛ wo ne ofiewura no besusuw adesua nhoma no mu nkyekyɛm biako anaa abien ho de akyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no. Wubetumi anya ɔkwan a yɛfa so yɛ adesua no ho nyansahyɛ a mfaso wɔ so wɔ Yɛn Ahenni Som yi kratafa 8 ne January 2002 Yɛn Ahenni Som no kratafa 6 mu.

      5 Wɔ bere a ɛfata mu no, ma osuani no mmɛka wo ho anaa ɔdawurubɔfo bi a ne ho akokwaw ho nkɔyɛ Bible adesua. Obetumi aka nkyekyɛm bi anaa kyerɛwsɛm titiriw bi ho asɛm. Enti bere a osuani no hwɛ nea ɛrekɔ so no, obesua sɛnea wɔyɛ Bible adesua a etu mpɔn. (Mmeb. 27:17; 2 Tim. 2:2) Kamfo no, na munsusuw sɛnea obetumi atu mpɔn no ho.

      6 Yɛtete adawurubɔfo a wɔyɛ foforo ma wɔbɛyɛ Onyankopɔn Asɛm akyerɛkyerɛfo a, ebesiesie wɔn ama “adwuma pa” a ɛne sɛ wɔn ankasa befi adesua ase na wɔakɔ so ayɛ. (2 Tim. 3:17) Hwɛ abotɔyam ara a ɛyɛ sɛ yɛne wɔn bɛbom ayɛ adwuma de ato nsa afrɛ nkurɔfo sɛ: “Nea ɔpɛ biara mmegye nkwa nsu kwa.”—Adi. 22:17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena