Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔfã 3—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Ahenni Som—2004 | November
    • Ɔfã 3—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

      Kyerɛwnsɛm a Yɛde Bedi Dwuma Yiye

      1. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yesi Kyerɛwnsɛm no so dua bere a yɛreyɛ Bible adesua?

      1 Adwene a yɛde yɛ Bible adesua ne sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔate nkyerɛkyerɛ a efi Onyankopɔn Asɛm mu ase, agye atom de abɔ wɔn bra, na yɛnam so ‘ayɛ wɔn asuafo.’ (Mat. 28:19, 20; 1 Tes. 2:13) Enti ɛsɛ sɛ yɛde adesua no gyina Kyerɛwnsɛm so. Mfiase no, ebia nea ɛbɛboa asuafo no ne sɛ yɛbɛkyerɛ wɔn ɔkwan a wobetumi afa so abue kyerɛw nsɛm wɔ wɔn ankasa Bible mu. Nanso yɛbɛyɛ dɛn de Kyerɛwnsɛm no aboa nnipa a wɔte saa ma wɔakɔ wɔn anim honhom mu?

      2. Yɛbɛyɛ dɛn apaw Bible mu nsɛm a yɛbɛkenkan asusuw ho no?

      2 Paw Kyerɛw Nsɛm a Mobɛkenkan: Woresiesie wo ho a, hwehwɛ sɛnea kyerɛwsɛm biara a wɔabɔ din wɔ adesua no mu no fa asɛmpɔw a wɔresusuw ho no ho na paw emu nea mobɛkenkan asusuw ho wɔ adesua no mu. Mpɛn pii no, eye sɛ mobɛkenkan Kyerɛwnsɛm a ɛma yɛn gyidi mu nnyinaso da adi no. Ebia ɛho renhia sɛ mokenkan kyerɛw nsɛm a ɛfa adesua no ho a munim dedaw no. Dwene osuani biara ahiade ne ne tebea ho.

      3. Mfaso bɛn na ɛwɔ nsɛm a yebebisa so, na yɛbɛyɛ no ɔkwan bɛn so?

      3 Bisa Nsɛm: Sɛ́ anka wubedi kan akyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm mu ama osuani no, ma n’ankasa nkyerɛkyerɛ mu nkyerɛ wo. Wubetumi abisa nsɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so de akanyan n’adwene. Sɛ kyerɛwsɛm bi mu da hɔ a, wubetumi abisa no tiawa sɛnea ɛfoa asɛm a ɛwɔ nkyekyɛm no mu no so. Baabi foforo nso, ebia ebehia sɛ wubisa nsɛm pɔtee bi de boa osuani no ma onya ntease pa. Ma osuani no mma mmuae nwie ansa na wode nkyerɛkyerɛmu foforo a ehia biara aka ho.

      4. Sɛ yɛkenkan kyerɛw nsɛm a, ehia sɛ yɛkyerɛkyerɛ mu kodu he?

      4 Ma no Nyɛ Tiawa: Obi a onim agyan tow yiye no, agyan biako pɛ na ɔtaa tow de du ne botae ho. Saa ara na ɔkyerɛkyerɛfo a ne ho akokwaw tumi de nsɛm kakraa bi si ɔsɛmpɔw bi so dua. Otumi kyerɛkyerɛ nsɛm mu tiawa wɔ ɔkwan a emu da hɔ na ɛyɛ nokware so. Edu mmere bi a, ebehia sɛ wohwehwɛ Kristofo nhoma ahorow mu na woatumi ate kyerɛwsɛm bi ase akyerɛkyerɛ mu yiye. (2 Tim. 2:15) Nanso mmɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ adesua no mu kyerɛwsɛm biara mu akosi ase. Nea ɛbɛboa ama asɛm a moresusuw ho no mu ada hɔ nko ara na ehia sɛ wokyerɛkyerɛ mu.

      5, 6. Yɛbɛyɛ dɛn aboa asuafo ma wɔde Onyankopɔn Asɛm abɔ wɔn bra, nanso dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkwati?

      5 Kyerɛ No Sɛnea Ɔde Bɛyɛ Adwuma: Bere biara a ɛfata no, boa osuani no ma onhu sɛnea Bible mu nsɛm no fa ne ho. Sɛ́ nhwɛso no, sɛ wo ne osuani a omfii Kristofo nhyiamkɔ ase resusuw Hebrifo 10:24, 25 ho a, wubetumi akyerɛkyerɛ nhyiam biako mu na woato nsa afrɛ no sɛ ɔmmra bi. Nanso nhyɛ no. Ma kwan ma Onyankopɔn Asɛm mmom nkanyan no ma ontu anammɔn a ɛbɛsɔ Yehowa ani.—Heb. 4:12.

      6 Bere a yɛreyɛ asuafoyɛ adwuma no, momma ‘yɛnhyɛ osetie a ɛde kɔ gyidi mu’ ho nkuran denam Kyerɛwnsɛm no a yɛde bedi dwuma yiye no so.—Rom. 16:26.

  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Ahenni Som—2004 | November
    • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

      Ɔwɛn-Aban Nov. 1

      “Adesamma dodow no ara nni nnipa akannifo mu ahotoso sɛ wobetumi adi ɔhaw ahorow a yehyia nnɛ no ho dwuma. Wususuw sɛ obi wɔ hɔ a obetumi ayɛ nneɛma a wɔhyɛɛ ho nkɔm wɔ kyerɛw nsɛm yi mu no? [Kenkan Dwom 72:7, 12, 16. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu onii ko a ɔkannifo a wɔhyɛɛ ne ho nkɔm yi yɛ ne nea ɔbɛyɛ.”

      Nyan! Nov. 8

      “Wunnye ntom sɛ mmofra hia akwankyerɛ na ama wɔatumi agyina nhyɛso a wohyia nnɛ no ano? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Efesofo 6:4.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea nteɛso kyerɛ ankasa. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ sɛnea awofo betumi de akwankyerɛ ne nteɛso ama wɔn mma a ɛremma wɔn akoma ntu mu.”

      Ɔwɛn-Aban Nov. 15

      “Nnipa pii pɛ sɛ wonya akwahosan ne onyinkyɛ. Nanso sɛ anka ɛbɛyɛ yiye a, wobɛpɛ sɛ wotra ase daa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yohane 17:3.] Nsɛmma nhoma yi ka daa nkwa ho bɔhyɛ a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm. Afei nso, ɛkyerɛkyerɛ sɛnea asetra bɛyɛ bere a saa bɔhyɛ no abam no mu.”

      Nyan! Nov. 22

      “Mfe 20 a atwam yi mu no, wɔanya AIDS yare no ho ntease ne sɛnea wɔhwɛ wɔn a wɔanya bi no mu nkɔso kɛse. Nanso nnipa pii da so ara wɔ hɔ a wonnim ho nokwasɛm. [Fa “AIDS Ho Atosɛm,” a ɛwɔ adaka mu no kyerɛ no; afei ma ɔnka ho asɛm.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ nea awofo betumi ayɛ de abɔ wɔn mma ho ban.” Kenkan Deuteronomium 6:6, 7.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena