-
Yehia Wo MmoaAhenni Som—2004 | December
-
-
Yehia Wo Mmoa
1 “Yɛda mo ase wɔ nea moyɛ ma yɛn nyinaa ho. Mo adwuma no boa yɛn paa.” Saa asɛm a obi kae yi kyerɛ anisɔ a yɛwɔ ma yɛn asafo mu mpanyimfo ne asomfo no mu yiye. Onyankopɔn ahyehyɛde a emu retrɛw no ma ɛho hia bere nyinaa sɛ yenya mmarima a wɔn ho akokwaw ma wɔsom wɔ asafo horow bɛyɛ 100,000 a ɛwɔ wiase nyinaa no mu. Sɛ woyɛ onua barima a woabɔ asu a, yehia wo mmoa.
2 ‘Hwehwɛ’: Wobɛyɛ dɛn ahwehwɛ ɔsom hokwan pii yi? (1 Tim. 3:1) Ne tiaa mu ne sɛ w’abrabɔ mu nyinaa wobɛyɛ nhwɛso pa. (1 Tim. 4:12; Tito 2:6-8; 1 Pet. 5:3) Yɛ asɛnka adwuma no dennennen na boa afoforo ma wɔn nso wɔnyɛ saa ara. (2 Tim. 4:5) Ma wo nuanom agyidifo yiyedi ho nhia wo paa. (Rom. 12:13) Fa nsiyɛ sua Onyankopɔn Asɛm no na ma wo ‘nkyerɛkyerɛ’ ntu mpɔn. (Tito 1:9; 1 Tim. 4:13) Dwumadi biara a mpanyimfo de bɛhyɛ wo nsa no, yɛ no yiye. (1 Tim. 3:10) Sɛ woyɛ abusua ti a, ‘di w’ankasa wo fi so yiye.’—1 Tim. 3:4, 5, 12.
3 Egye adwumaden ansa na obi atumi asom sɛ ɔsomfo anaa ɔpanyin na ehia sɛ onya ahofama su nso. (1 Tim. 5:17) Enti fa w’ani si afoforo a wubefi ahobrɛase mu asom wɔn so bere a worebɔ mmɔden ahwehwɛ ɔsom hokwan no. (Mat. 20:25-28; Yoh. 13:3-5, 12-17) Susuw suban a na Timoteo wɔ no ho yiye na bɔ mmɔden suasua no. (Filip. 2:20-22) Ma wo suban pa nkamfo wo nkyerɛ, sɛnea Timoteo yɛe no. (Aso. 16:1, 2) Bere a worenya su pa a ɛbɛboa wo ma woatumi asɔ ɔsom mu hokwan foforo mu, na wutie afotu a ɛbɛma woatu mpɔn no, ‘wo nkɔso bɛda adi nnipa nyinaa anim.’—1 Tim. 4:15.
4 Awofo, Montete Mmofra ma Wɔmmoa: Mmofra tumi fi wɔn mmofraase pɛɛ sua sɛnea wɔboa afoforo. Montete wɔn ma wɔnyɛ dinn ntie asɛm wɔ nhyiam ase, wɔnka asɛmpa no bi, na wommu bra pa wɔ Ahenni Asa so ne sukuu mu. Monkyerɛkyerɛ wɔn ma wɔmfa anigye nsom afoforo, na wɔnyɛ nnwuma bi te sɛ Ahenni Asa so a wɔbɛboa ma wɔasiesie, wɔaboa wɔn a wɔn mfe akɔ anim, ne ade. Ma wonnya anigye a efi ɔma mu no. (Aso. 20:35) Ntetee a ɛte saa bɛboa wɔn ma daakye wɔabɛsom sɛ akwampaefo, asafo mu asomfo ne mpanyimfo.
-
-
Ɔfã 4—Bible Adesua a Etu Mpɔn a YɛbɛyɛAhenni Som—2004 | December
-
-
Ɔfã 4—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
Tete Asuafo Ma Wonsiesie Wɔn Ho
1 Osuani a odi kan kenkan adesua no mu, sensan mmuae no ase na osusuw sɛnea obesi akyerɛkyerɛ mu ho no taa nya honhom mu nkɔso ntɛmntɛm. Enti, sɛ munya yɛ adesua ho nhyehyɛe a, wo ne osuani no mmom nsiesie mo ho mma adesua biako ma onhu sɛnea wɔyɛ no. Wɔ adesuafo no pii fam no, sɛ mo bom siesie mo ho wɔ ti biako anaa adesua mũ no nyinaa mu a, ɛboa wɔn yiye.
2 Sensan Ase na Yɛ Kyerɛwtohɔ: Kyerɛkyerɛ sɛnea obenya nhoma no mu nsɛmmisa no ho mmuae tee. Fa w’adesua nhoma a woasensan emu nsɛntitiriw nkutoo ase no kyerɛ osuani no. Bere a moresua ade no, ebia obesua wo nhwɛso no asensan nsɛm kakra a ehia a ɛbɛma watumi akae mmuae no ase. (Luka 6:40) Afei ma n’ankasa mfa ne nsɛm mma mmuae no. Eyi bɛma woahu sɛnea osi te asɛm no ase.
3 Ahosiesie a osuani no bɛyɛ ama adesua no fã biako a ehia ne sɛ ɔbɛto ne bo ahwehwɛ kyerɛw nsɛm a wɔamfa emu nsɛm anka tee no mu. (Aso. 17:11) Boa no ma onhu sɛ saa kyerɛw nsɛm yi mu biara foa asɛm bi so wɔ nkyekyɛm no mu. Kyerɛ no sɛnea obesi akyerɛw nsɛm ntiantia a ɔpɛ sɛ ɔhyɛ no nsow no wɔ kratafa no anoano. Si so dua kyerɛ no sɛ nea ɔresua no nyinaa gyina Bible no so. Hyɛ no nkuran ma ɔmfa kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asisi so no mu nsɛm pii nka ne mmuae ho wɔ adesua no mu.
4 Bɔ Nsɛm no Mua na Tĩ Mu: Ansa na osuani no befi n’ahosiesie ase no, ɛbɛyɛ papa sɛ odi kan hu asɛm no ani so. Ma onhu sɛ obetumi de bere tiawa ahwehwɛ asɛmti, nsɛmti nketewa ne mfonini ahorow no mu de ahu adesua no ani so. Kyerɛkyerɛ no mu sɛ, ansa na obewie n’ahosiesie no, eye sɛ obegye bere de atĩ adesua no mu. Sɛ adaka a wɔde yɛ ntĩmu no bi wɔ nhoma no mu a, ebia obetumi de ayɛ saa. Ntĩmu a ɛte saa bɛboa no ma ɔde nea wasua no asie.
5 Sɛ wotete osuani no ma osiesie ne ho yiye ma n’adesua no a, ɛbɛboa no ma watumi ama mmuae pa wɔ asafo nhyiam ase. Afei nso ɛbɛma wahu ɔkwan pa a wɔfa so sua ade a sɛ wo ne no sua nhoma no wie mpo a, obenya so mfaso.
-