Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔfã 7—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Ahenni Som—2005 | March
    • Ɔfã 7—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

      Mpaebɔ Wɔ Adesua no Ase

      1. (a) Adɛn nti na ɛfata sɛ yɛde mpaebɔ fi Bible adesua ase na yɛde wie? (b) Yɛbɛyɛ dɛn afi mpaebɔ ase bere a yɛahyehyɛ Bible adesua no?

      1 Sɛ Bible asuafo betu mpɔn wɔ honhom mu a, Yehowa nhyira ho hia kɛse. (1 Kor. 3:6) Enti ɛfata sɛ yɛde mpaebɔ fi Bible adesua ase na yɛde awie. Ɛtɔ da bi a yɛne nnipa a wɔn ani gye Onyankopɔn som ho betumi abɔ mpae bere a yɛahyehyɛ adesua a edi kan no ara. Asuafo no bi nso wɔ hɔ a, ebehia sɛ yɛhwehwɛ mu yiye hu bere pa a yɛne wɔn befi ase abɔ mpae. Wubetumi de Dwom 25:4, 5 ne 1 Yohane 5:14 aboa osuani no ma wate nea enti a yɛbɔ mpae no ase na wode Yohane 15:16 nso akyerɛkyerɛ hia a ehia sɛ yɛfa Yesu Kristo so bɔ Yehowa mpae no mu.

      2. Sɛ onua barima a wabɔ asu anaa nso nea ɔmmɔɔ asu kogya onuawa bi ma ɔkɔyɛ ne Bible adesua a, hena na ɔbɛbɔ mpae?

      2 Hena na ɛsɛ sɛ ɔbɔ mpae wɔ Bible adesua ase? Sɛ onua barima a wabɔ asu kogya onuawa bi ma ɔkɔyɛ n’adesua a, ɛwom sɛ onuawa no betumi akata ne ti so ayɛ adesua no de, nanso onua barima no na ɔbɛbɔ mpae. (1 Kor. 11:5, 10) Nea ɛne eyi bɔ abira no, sɛ ɔbarima a ɔyɛ Ahenni dawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu ne onuawa kɔyɛ n’adesua a, ɛnde onuawa no na ɔbɛbɔ mpae. Wɔ saa tebea yi mu no, ɔbɛkata ne ti so de abɔ mpae asan de ayɛ adesua no.

      3. Nneɛma a ɛfata bɛn na yebetumi abɔ ho mpae wɔ Bible adesua ase?

      3 Nea Wobetumi Abɔ Ho Mpae: Enhia sɛ Bible adesua ase mpae yɛ tenten. Mmom ɛsɛ sɛ ɛka biribi pɔtee ho asɛm. Sɛ yɛsrɛ Onyankopɔn mmoa wɔ adesua no so na yɛda n’ase wɔ nokwasɛm a yɛresua no ho a, ɛfata nso sɛ yɛkamfo Yehowa sɛ nkyerɛkyerɛ no Fibea. (Yes. 54:13) Afei nso yebetumi aka nsɛm a ɛkyerɛ sɛ yɛdwene osuani no ho na yɛn ani sɔ ahyehyɛde a Yehowa de redi dwuma no wɔ mpaebɔ no mu. (1 Tes. 1: 2, 3; 2: 7, 8) Sɛ yɛsrɛ sɛ Yehowa nhyira mmɔden a osuani no rebɔ sɛ obedi nea ɔresua no so a, ɛbɛboa no ma wahu hia a ehia sɛ ‘ɔyɛ asɛm no yɛfo.’—Yak. 1:22.

      4. Sɛ yɛde mpaebɔ fi Bible adesua ase na yɛde wie a, mfaso bɛn na ɛde ba?

      4 Bible adesua ase mpaebɔ so mfaso dɔɔso. Ɛma yenya Yehowa nhyira. (Luka 11:13) Esi aniberesɛm a ɛyɛ sɛ yebesua Onyankopɔn Asɛm no so dua. Bere a osuani no tie yɛn mpaebɔ no, na ɔno nso resua mpaebɔ. (Luka 6:40) Bio nso, sɛ yefi koma a Onyankopɔn ho dɔ ne ne suban soronko no ho anisɔ ayɛ no ma mu bɔ mpae a, ebetumi aboa osuani no ma wakɔ so ne Yehowa anantew.

  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Ahenni Som—2005 | March
    • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

      Ɔwɛn-Aban Mar. 1

      “Wususuw sɛ, sɛ obiara de afotu yi di dwuma a, wiase tra bɛyɛ dɛ? [Kenkan Romafo 12:17, 18. Afei twɛn ma ommua.] Awerɛhosɛm ne sɛ ɛtɔ mmere bi a, akasakasa tumi sɔre wɔ nnipa binom ntam. Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea sɛ yɛde Bible mu afotu yi di dwuma a, ebetumi aboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ntam nsɛmnsɛm na ama asomdwoe aba mu.”

      Nyan! Mar. 8

      “Nnipa a wohia anyinam ahoɔden no dodow kɔ soro afe biara. Wususuw sɛ dakoro sɛ anyinam ahoɔden a yehia no nyinaa sa a, dɛn na ebesi? [Twɛn ma ommua.] Saa nsɛmma nhoma yi ka nkɔso a aba wɔ anyinam ahoɔden a wobenya afi mmeae a ɛhɔ tew paa ho asɛm. Ɛsan nso ma yehu ahoɔden nyinaa Fibea no.” Kenkan Yesaia 40:26.

      Ɔwɛn-Aban Mar. 15

      “Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ani gye Yesu nkyerɛkyerɛ ho. [Kenkan nsɛm a obi aka a ɛwɔ kratafa 3, nkyekyɛm 1 no.] Nanso wususuw sɛ saa nkyerɛkyerɛ no a yehu ho nhwɛso wɔ kyerɛwsɛm yi mu no so wɔ mfaso nnɛ? [Kenkan Mateo 5:21, 22a. Afei twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka nsɛm a Yesu kyerɛkyerɛe ne sɛnea yebetumi anya so mfaso no ho asɛm.”

      Nyan! Mar. 22

      “Esiane mmepɔw fɛ nti, nnipa pii ani gye ho, nanso wunim sɛ mmepɔw ho hia na ama nkwa atra asase so? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi ka nea enti a yehia mmepɔw ne nea ɛreto mmepɔw nnɛ ho asɛm. Ɛsan nso ka sɛnea Ɔbɔadeɛ no begye agyapade a ɛho hia yi afi ɔsɛe mu ho asɛm.” Kenkan Dwom 95:4.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena