Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Ɔfã 8—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ
    Ahenni Som—2005 | April
    • Ɔfã 8—Bible Adesua a Etu Mpɔn a Yɛbɛyɛ

      Kyerɛ Asuafo Kwan Bra Ahyehyɛde no Mu

      1. Dɛn nti na mfaso wɔ so sɛ dapɛn biara yɛka Yehowa ahyehyɛde no ho biribi kyerɛ osuani no wɔ Bible adesua a yɛyɛ mu?

      1 Ɛnyɛ yɛn botae a yɛde yɛ Bible adesua ara ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ ɔsom ho nsɛm nko, na mmom sɛ yɛbɛboa osuani no ma wabɛka Kristofo asafo no ho nso. (Sak. 8:23) Jehovah’s Witnesses—Who Are They? What Do They Believe? nhomawa no betumi aboa yɛn ma yɛayɛ eyi. Fa bi ma wɔn a wo ne wɔn afi ase resua Bible no na hyɛ wɔn nkuran ma wɔnkenkan. Afei nso wɔ dapɛn biara adesua mu no, fa simma kakraa bi kyerɛ osuani no biribi a ɛfa Yehowa ahyehyɛde no ho.

      2. Wobɛyɛ dɛn ahyɛ Bible asuafo nkuran ma wɔaba asafo nhyiam?

      2 Asafo Nhyiam: Ɔkwan titiriw a Bible asuafo fa so kyerɛ Onyankopɔn ahyehyɛde no ho anisɔ ne sɛ wɔne yɛn bɛbɔ wɔ asafo nhyiam ase. (1 Kor. 14:24, 25) Enti wubetumi afi ase akyerɛkyerɛ nhyiam ahorow anum a yɛyɛ no dapɛn biara no mu akyerɛ wɔn mmiako mmiako. Ka baguam kasa a edi hɔ no asɛmti kyerɛ wɔn. Fa nea yebesua wɔ Ɔwɛn-Aban Adesua ne Asafo Nhoma Adesua a edi hɔ no nso kyerɛ wɔn. Kyerɛ Teokrase Ɔsom Sukuu ne Ɔsom Nhyiam no nso mu kyerɛ wɔn. Sɛ wɔma wo dwumadi wɔ sukuu no mu a, wubetumi abobɔ so akyerɛ wɔn. Wubetumi aka nsɛntitiriw a musuae wɔ nhyiam horow ase no akyerɛ wɔn. Fa mfonini a ɛwɔ yɛn nhoma ahorow mu no boa wɔn ma wonnya nea ɛkɔ so wɔ nhyiam ase no ho adwene. Mufi Bible adesua ase ara pɛ a, to nsa frɛ wɔn sɛ wɔmmra nhyiam no bi.

      3. Ahyehyɛde no ho nsɛm bɛn na yebetumi ne asuafo no asusuw ho?

      3 Sɛ Nkaedi, ɔmansin ne ɔmantam nhyiam ne afei ɔmansin sohwɛfo nsrahwɛ rebɛn a, fa simma kakra kyerɛkyerɛ emu biara mu kyerɛ wɔn fa kanyan ɛho anigye. Yiyi nsɛmmisa te sɛ eyinom ano nkakrankakra: Dɛn nti na wɔfrɛ yɛn Yehowa Adansefo? Dɛn nti na yɛfrɛ mmeae a yehyia no sɛ Ahenni Asa? Adwuma bɛn na mpanyimfo ne asafo mu asomfo yɛ? Ɔkwan bɛn so na wɔfa hyehyɛ asɛnka adwuma no wɔ asasesin no mu? Yɛyɛ dɛn tintim yɛn nhoma ahorow no? Yɛyɛ dɛn nya sika tua ahyehyɛde no ho ka? Dɛn na Betel adwumayɛbea ne Sodikuw no yɛ de hwɛ adwuma no so?

      4, 5. Ɔkwan bɛn so na yɛn video ahorow no betumi aboa asuafo ma wɔakyerɛ ahyehyɛde no ho anisɔ?

      4 Video a Wɔde Kyerɛkyerɛ: Ɔkwan foforo a Bible asuafo betumi afa so ahu Yehowa ahyehyɛde nwonwaso no ne sɛ wɔbɛhwɛ yɛn video ahorow no. To the Ends of the Earth video no kyerɛ ɔsom adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa; nea wɔato din Our Whole Association of Brothers no betumi ama wɔahu yɛn wiase nyinaa anuanom fekuw no; ɛnna United by Divine Teaching video no nso kyerɛ wɔn biakoyɛ a ɛwɔ yɛn ntam no. Jehovah’s Witnesses—The Organization Behind the Name video no kaa ɔbea bi a na wagye yɛn nhoma atoatoa so mfe anum no ma osui. Na wabenya Adansefo a wɔkɔ ne nkyɛn no mu ahotoso, nanso ɔhwɛɛ video no wiei no, ɔbɛtee nka sɛ obetumi de ne ho ato ahyehyɛde no nso so. Wɔne no fii adesua ase na dapɛn a edi hɔ no ara mu no, ɔkɔɔ nhyiam wɔ Ahenni Asa so.

      5 Sɛ dapɛn biara yɛde simma kakraa bi ne yɛn asuafo no susuw nhoma ahorow a yɛde sua Bible no ho a, yɛde nkakrankakra bɛkyerɛ wɔn kwan aba ahyehyɛde a Yehowa de reyɛ adwuma nnɛ no so.

  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Ahenni Som—2005 | April
    • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

      Ɔwɛn-Aban Apr. 1

      “Woate sɛ wɔka sɛ nyansahu ne Bible no bɔ wɔn ho abira? [Twɛn ma ommua.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ nsonsonoe a ɛda nyansahu ne nyamesom ntam ho abakɔsɛm no mu. Ɛsan nso de adanse ma a ɛkyerɛ sɛ nyansahu ankasa ne Bible no hyia.” Fa kratafa 6-7 no kyerɛ no. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 1:7.

      Nyan! Apr. 8

      “Wususuw sɛ ɔkwan bɛn so na awofo betumi afa aboa wɔn mma ma wɔakwati mmabunbere mu nsɛnnennen? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yesaia 48:17, 18.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛ sɛnea sɛ awofo de Bible mu afotu di dwuma a ebetumi aboa wɔn ma wɔne wɔn mma anya nkitahodi pa na wɔde anohyeto a ɛfata ama wɔn.”

      Ɔwɛn-Aban Apr. 15

      “So nimdeɛ mmuu so wɔ wiase nnɛ? [Twɛn ma ommua.] Nanso nimdeɛ yi mu biara nni hɔ a ɛsom bo sen nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi. [Kenkan Yohane 17:3.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ nea asɛm ‘daa nkwa’ kyerɛ ne sɛnea yebetumi anya nimdeɛ a ɛde kɔ mu no mu.”

      Nyan! Apr. 22

      “Ɛwom sɛ ebia nnipa pii nim Yesu Kristo ho asɛm sen onipa foforo biara a watra ase pɛn de, nanso wonnim onii ko a ɔyɛ ankasa. Wunim sɛ na Yesu asomafo no ankasa mpo dwennwene onipa ko a ɔyɛ ho? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Marko 4:41.] Nsɛmma nhoma yi pɛɛpɛɛ nea Bible ka fa onii ko a Yesu yɛ ho mu.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena