Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Monka Yehowa Anuonyam Nkyerɛ
    Ahenni Som—2005 | November
    • Monka Yehowa Anuonyam Nkyerɛ

      1 Odwontofo no kae sɛ: “Monto dwom foforo mma [Yehowa, NW], asase nyinaa, . . . Monka n’anuonyam, amanaman mu.” Sɛ yesusuw nea Yehowa ayɛ, nea ɔreyɛ, ne nea ɔbɛyɛ ama yɛn no ho a, yɛn koma ka yɛn ma yɛka n’anuonyam kyerɛ!—Dw. 96:1, 3.

      2 Wɔ Yɛn Asɛnka Adwuma Mu: Yehowa Adansefo anya hokwan sɛ wɔde Onyankopɔn din ato wɔn so na wɔkamfo kyerɛ wɔ asase so mmaa nyinaa. (Mal. 1:11) Hwɛ sɛnea wɔne Kristoman asɔfo a aniammɔnho nti woyi Onyankopɔn din fi wɔn Bible nkyerɛase ahorow mu no bɔ abira fa! Adwuma a yɛreyɛ de ama wɔahu Onyankopɔn din no gye ntɛmpɛ paa efisɛ ɛsɛ sɛ nkurɔfo bɔ saa din no na ama wɔanya wɔn ti adidi mu wɔ ahohiahia kɛse a ɛreba no mu. (Rom. 10:13-15) Bio nso, sɛ asomdwoe bɛba amansan yi mu ne nnipa a wɔwɔ asase yi so a, egyina Onyankopɔn din a wɔbɛtew ho no so. Nokwarem no, Onyankopɔn nnwuma nyinaa ne ne din wɔ abusuabɔ.

      3 “[Yehowa, NW] yɛ kɛse, na ɔsɛ ayeyi sɛ.” Nanso sɛ nkurɔfo betumi ‘de Yehowa din anuonyam ama no’ a, gye sɛ wohu ne ho nokwasɛm. (Dw. 96:4, 8) Nanso ebinom nnye nni sɛ Onyankopɔn wɔ hɔ. (Dw. 14:1) Ebinom sopa no ka sɛ onni tumi biara, anaa wɔkyerɛ sɛ adesamma nsɛm mfa ne ho. Sɛ yɛboa nnipa komapafo ma wonya yɛn Bɔfo no, n’atirimpɔw, ne ne nipasu a ɛma yɛbɛn no no ho nokware nimdeɛ a, yɛhyɛ Yehowa anuonyam.

      4 Denam Yɛn Nneyɛe So: Yehowa trenee gyinapɛn a yɛde bɛbɔ yɛn bra no hyɛ no anuonyam. Nnipa hu suban pa a yɛda no adi no. (1 Pet. 2:12) Sɛ nhwɛso no, yɛn ahosiesie a ɛfata na ɛho tew no betumi ama afoforo akamfo yɛn, na ama yɛanya hokwan aka mfaso a ɛwɔ so sɛ yɛde Onyankopɔn Asɛm mu nnyinasosɛm bɔ yɛn bra no ho asɛm akyerɛ wɔn. (1 Tim. 2:9, 10) Hwɛ sɛnea yɛn ani gye bere a afoforo ‘hu yɛn nneyɛe pa na wɔhyɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro anuonyam no’!—Mat. 5:16.

      5 Momma yɛmfa nsɛm a yɛka ne yɛn nneyɛe nkamfo yɛn Nyankopɔn kɛseyɛ da biara da, na ama yɛatie ɔfrɛ a ɛne sɛ: “Monto dwom mma [Yehowa, NW], munhyira ne din, monka ne nkwagye da biara da.”—Dw. 96:2.

  • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ade a Wobɛhyɛ no Nsow So
    Ahenni Som—2005 | November
    • Kyerɛ Afoforo Ho Anigye—Denam Ade a Wobɛhyɛ no Nsow So

      1 Yehowa Nyankopɔn ne Kristo Yesu tumi hu nkurɔfo ahiade pɔtee yiye na wɔde mmoa ma wɔn. (2 Be. 16:9; Mar. 6:34) Sɛ yehu nea nnipa a yehyia wɔn wɔ asɛnka mu no ani gye ho ne nsɛm a ɛhaw wɔn a, yebetumi adan asɛmpa a yɛka no ma afa ho ntɛm ara.

      2 Hwɛ Ade Yiye: Ná Yesu bue n’ani hwɛ ade yiye. (Mar. 12:41-43; Luka 19:1-6) Saa ara na sɛ yedu ofie bi mu na yehu nyamesom ho nneɛma a wɔde asiesie hɔ, nsɛm a wɔakyerɛw agu kar ho, anaa agode wɔ adiwo hɔ a, yebetumi agyina so de hokwan no adi asɛmpa no ho adanse ma atu mpɔn.

      3 Obi anim yɛbea ne ne nneyɛe betumi akyerɛ sɛnea ɔte nka. (Mmeb. 15:13) Ebia ne dɔfo bi a wawu anaa tebea bi a ɛhaw adwene ama ohia awerɛkyekye. Sɛ woka kyerɛw nsɛm bi a ɛfa tebea no ho asɛm kyerɛ no a, n’ani betumi agye ho. (Mmeb. 16:24) So ofiewura no pɛ ntɛm apue anaa ne ba resu? Sɛ saa a, ɛnde ɛbɛyɛ papa sɛ woyɛ nhyehyɛe san kɔ hɔ bere foforo. Sɛ yesusuw afoforo ho, na ‘yɛda tema adi’ a, ebia eyi bɛka onii no ma sɛ yɛsan kɔ hɔ a, watie yɛn.—1 Pet. 3:8.

      4 Sakra Wo Nsɛm Mu: Ɔsomafo Paulo hui sɛ na nnipa a wɔwɔ Atene no wɔ afɔremuka bi a wɔakyerɛw ho “De Ma Onyame Bi a Wonnim No.” Eyi ma ɔsakraa ɔkwan a ɔfaa so kaa asɛmpa no mu, ma enti ɔkae sɛ: “Enti nea mosom no a munnim no no, ɔno ara na mereka ne ho asɛm akyerɛ mo.” Anifere kwan a Paulo faa so no kaa nnipa a na wɔwɔ hɔ no bi koma ma wotiee Ahenni nkrasɛm no bɛyɛɛ agyidifo.—Aso. 17:23, 34.

      5 Saa ara na sɛ yɛhwɛ ade yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛahu nea onipa no ani gye ho na ama yɛaka yɛn asɛm no ma afa ho. Bisa nsɛm a ebetumi atwetwe ofiewura no ma wakasa. Pɛ kyerɛw nsɛm bi a ebetumi ama asɛm no ho anigye a ɔwɔ no ayɛ kɛse. (Mmeb. 20:5) Sɛ yɛhwɛ ade yiye na yefi komam kyerɛ afoforo ho anigye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛaka asɛmpa no ahokokwaw so.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena