-
Dɛn ne Sheol ne Hades?Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Dɛn ne Sheol ne Hades?
BIBLE de Hebri asɛmfua sheʼohlʹ ne ne Hela sɛso haiʹdes di dwuma bɛboro mpɛn 70 wɔ kasa abien a wodii kan de kyerɛw Bible no mu. Nsɛmfua abien no nyinaa fa owu ho. Bible nkyerɛase bi kyerɛ ase “ɔdamoa,” “hell,” anaa “amoa.” Nanso, wonni nsɛmfua pɔtee a wɔde kyerɛ Hebri ne Hela nsɛmfua yi ase pɛpɛɛpɛ wɔ kasa dodow no ara mu. Enti New World Translation de nsɛmfua “Sheol” ne “Hades” na edi dwuma. Dɛn na saa nsɛmfua yi kyerɛ ankasa? Ma yɛnhwɛ sɛnea wɔde nsɛmfua yi di dwuma wɔ Bible afã horow bi.
Ɔsɛnkafo 9:10 ka sɛ: “Adwuma ne adwene ne nimdeɛ ne nyansa nni asaman [Sheol, NW] a worekɔ hɔ no.” So eyi kyerɛ sɛ Sheol kyerɛ amusiei anaa amoa pɔtee bi a ebia yɛasie yɛn dɔfo bi wom? Dabi. Sɛ Bible ka amusiei anaa ɔdamoa pɔtee bi ho asɛm a, ɛde Hebri ne Hela nsɛmfua foforo na edi dwuma, na ɛnyɛ sheʼohlʹ ne haiʹdes. (Genesis 23:7-9; Mateo 28:1) Afei nso, Bible mfa asɛmfua “Sheol” nnyina hɔ mma ɔdamoa bi a wosie nnipa dodow bi wom te sɛ abusua bi amusiei, anaa ɔdamoa bi a wosie nnipa pii wom.—Genesis 49:30, 31.
Ɛnde, ɛhe ankasa na wɔfrɛ no “Sheol” no? Onyankopɔn Asɛm kyerɛ sɛ “Sheol” anaa “Hades” kyerɛ biribi a ɛsen ɔdamoa kɛse bi a wosie nnipa pii wom koraa. Sɛ nhwɛso no, Fante Bible no ka wɔ Yesaia 5:14 sɛ Sheol “atrɛ n’akɔndɔ mu, na ɔahan n’anomu petoo.” Sɛnea yɛbɛka no no, ɛwom sɛ Sheol amene awufo pii a yennim wɔn dodow de, nanso ɛte sɛ nea ɛrepɛ nnipa foforo amene wɔn bere nyinaa. (Mmebusɛm 30:15, 16, NW) ‘Sheol mmee ara da.’ (Mmebusɛm 27:20, Fante Bible) Ɛkyerɛ sɛ Sheol nyɛ ma da. Enni nnipa dodow a ebetumi afa. Enti Sheol anaa Hades nyɛ beae pɔtee bi ankasa. Mmom no, ɛyɛ adesamma sɛnkyerɛnne kwan so damoa, baabi a adesamma dodow no ara kɔda twɛn owusɔre.
Bible nkyerɛkyerɛ a ɛne owusɔre no boa yɛn ma yenya “Sheol” ne “Hades” ho ntease foforo. Onyankopɔn Asɛm de Sheol ne Hades ka owu a owusɔre wom ho asɛm.a (Hiob 14:13, Fante Bible; Asomafo Nnwuma 2:31; Adiyisɛm 20:13) Onyankopɔn Asɛm ka nso sɛ ɛnyɛ nnipa a wɔasom Yehowa nkutoo na wɔwɔ Sheol anaa Hades, na mmom nnipa pii a wɔansom Onyankopɔn nso wɔ hɔ bi. (Genesis 37:35, NW; Dwom 55:15, Fante Bible) Enti, Bible kyerɛkyerɛ sɛ “bere bi bɛba a wɔn a wɔteɛ ne wɔn a wɔnteɛ bɛsɔre afi owu mu.”—Asomafo Nnwuma 24:15.
a Nea ɛne wɔn a wɔwɔ Sheol anaa Hades bɔ abira no, wɔka awufo a wɔrennya owusɔre no ho asɛm sɛ wɔwɔ “Gehenna.” (Mateo 5:30; 10:28; 23:33) Te sɛ Sheol ne Hades no, Gehenna nyɛ beae pɔtee bi.
-
-
Atemmu Da—Ɛyɛ Dɛn?Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
-
-
NKEKAHO
Atemmu Da—Ɛyɛ Dɛn?
SƐ WƆKA atemmu da ho asɛm a, mfonini bɛn na ɛba w’adwenem? Nnipa pii susuw sɛ wɔde akra ɔpepepem pii bɛba Onyankopɔn ahengua anim mmiako mmiako na wɔabu obiara atɛn wɔ hɔ. Wosusuw sɛ wɔbɛma ebinom akogye wɔn ani wɔ soro, na wobebu afoforo fɔ na wɔakɔyɛ wɔn ayayade daa. Nanso, Bible ka saa bere yi ho asɛm wɔ ɔkwan foforo so koraa. Onyankopɔn Asɛm ka ho asɛm sɛ ɛnyɛ bere a ɛyɛ hu koraa, na mmom ɛyɛ bere a anidaso wom, na wɔbɛyɛ nneɛma nyinaa foforo.
Yɛkenkan sɛnea ɔsomafo Yohane ka Atemmu Da ho asɛm wɔ Adiyisɛm 20:11, 12 sɛ: “Mihuu ahengua kɛse fitaa bi ne nea ɔte so no. Asase ne ɔsoro guan fii n’anim, na wɔannya baabiara amma wɔn. Na mihuu awufo, akɛse ne nketewa, sɛ wogyinagyina ahengua no anim, na wobuebuee nhoma mmobɔwee mu. Na wobuee nhoma foforo mu; ɛno ne nkwa nhoma no. Na wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” Hena ne Ɔtemmufo a wɔka ne ho asɛm wɔ ha yi?
Yehowa Nyankopɔn ne adesamma Temmufo a ɔsen biara. Nanso, ɔde atemmu adwuma no ankasa ahyɛ obi foforo nsa. Sɛnea Asomafo Nnwuma 17:31 kyerɛ no, ɔsomafo Paulo kae sɛ Onyankopɔn ‘ayi da bi asi hɔ a wabɔ ne tirim sɛ ɔnam ɔbarima bi a wapaw no so bebu asase atɛn wɔ trenee mu.’ Ɔtemmufo a wapaw no yi ne Yesu Kristo a wɔanyan no no. (Yohane 5:22) Nanso, bere bɛn na Atemmu Da no befi ase? Na ebedi bere tenten ahe?
Adiyisɛm nhoma no kyerɛ sɛ Atemmu Da no befi ase wɔ Harmagedon akyi, bere a wɔasɛe Satan nneɛma a ɛwɔ asase so no.a (Adiyisɛm 16:14, 16; 19:19–20:3) Wɔ Harmagedon akyi no, wɔde Satan ne n’adaemone begu afiase wɔ amoa donkudonku bi mu mfirihyia apem. Saa bere no, nnipa 144,000 no bɛyɛ atemmufo na wɔne ‘Kristo bedi ade mfirihyia apem’ wɔ soro. (Adiyisɛm 14:1-3; 20:1-4; Romafo 8:17) Atemmu Da nyɛ nnɔnhwerew 24 ade bi a wɔbɛyɛ no ahoɔhare so. Ebedi mfirihyia apem.
Wɔ saa mfirihyia apem no mu no, Yesu Kristo ‘bebu ateasefo ne awufo atɛn.’ (2 Timoteo 4:1) “Ateasefo” no bɛyɛ “nnipakuw kɛse” a wobetwa Harmagedon no. (Adiyisɛm 7:9-17) Ɔsomafo Yohane hui nso sɛ ‘awufo gyinagyina atemmu agua no anim.’ Sɛnea Yesu hyɛɛ bɔ no, “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa” nam owusɔre so “bɛte [Kristo] nne na wɔafi adi.” (Yohane 5:28, 29; Asomafo Nnwuma 24:15) Nanso, dɛn so na wobegyina abu nnipa nyinaa atɛn?
Sɛnea ɔsomafo Yohane hui wɔ anisoadehu mu no, “wobuebuee nhoma mmobɔwee mu,” na “wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ nhoma ahorow no mu no buu awufo no atɛn sɛnea wɔn nnwuma te.” So nnipa no kan asetram nneyɛe ho nsɛm na ɛwɔ saa nhoma mmobɔwee yi mu? Dabi, wɔrennyina nea nnipa no yɛe ansa na wɔrewu so mmu wɔn atɛn. Yɛyɛ dɛn hu sɛ saa na ɛte? Bible ka sɛ: “Nea wawu no, wɔabu no bem afi ne bɔne ho.” (Romafo 6:7) Enti wɔde wɔn a wobenyan wɔn aba nkwa mu no bɔne dedaw a wɔyɛe no nyinaa bɛkyɛ wɔn. Ne saa nti, ɛbɛyɛ sɛ nhoma mmobɔwee no yɛ ahwehwɛde foforo a Onyankopɔn de bɛma. Sɛ wɔn a wobetwa Harmagedon no ne wɔn a wobenyan wɔn no nyinaa bɛtra ase daa a, ebehia sɛ wodi Onyankopɔn ahyɛde ahorow, a ahwehwɛde foforo biara a ebia Yehowa de bɛma wɔ mfirihyia apem no mu ka ho so. Enti, wobegyina nea obiara bɛyɛ wɔ Atemmu Da no mu so na ebebu no atɛn.
Atemmu Da no bɛma nnipa ɔpepepem pii anya hokwan a edi kan koraa asua Onyankopɔn apɛde na wɔayɛ. Eyi kyerɛ sɛ nkyerɛkyerɛ adwuma kɛse bi bɛkɔ so. Nokwarem no, ‘wiasefo besua trenee.’ (Yesaia 26:9) Nanso, ɛnyɛ nnipa nyinaa na wɔbɛpɛ sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde. Yesaia 26:10 ka sɛ: “Wɔdom ɔbɔnefo a, onsua trenee; nsɛntrenee asase so na odi amumɔyɛsɛm, na onhu [Yehowa, NW] kɛseyɛ.” Wɔbɛsɛe abɔnefo a wɔte saa no koraa Atemmu Da no.—Yesaia 65:20.
Ebedu Atemmu Da no awiei no na nnipa a wɔanya wɔn ti adidi mu no ‘anya nkwa’ ma wɔabɛyɛ pɛ. (Adiyisɛm 20:5) Enti wɔbɛsan de adesamma aba pɛyɛ mu bio wɔ Atemmu Da no mu. (1 Korintofo 15:24-28) Afei sɔhwɛ a etwa to koraa no bɛba. Wobeyi Satan afi afiase na wɔama no kwan ma wabɛdaadaa adesamma nea etwa to koraa. (Adiyisɛm 20:3, 7-10) Wɔn a wɔremma Ɔbonsam nnaadaa wɔn no behu Bible bɔhyɛ yi mmamu ankasa: “Treneefo benya asase no adi, na wɔatra so daapem.” (Dwom 37:29) Yiw, Atemmu Da no bɛyɛ nhyira ama adesamma anokwafo nyinaa!
a Sɛ wopɛ Harmagedon ho nsɛm a, hwɛ Insight on the Scriptures Po 1, kratafa 594-5, 1037-8, ne Som Nokware Nyankopɔn Koro No ti 20; Yehowa Adansefo na atintim nhoma abien no nyinaa.
-