Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Nti̇̃mu
    Ahenni Som—2005 | December
    • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Nti̇̃mu

      Nsɛm yi a yebesusuw ho wɔ Ɔsom Nhyiam dwumadi mu no bɛboa yɛn ma yɛahu nea ɛbɛkɔ so wɔ da koro nhyiam titiriw a wɔbɛyɛ no 2006 ɔsom afe mu no ase. Ɛno ara nso na yɛde bɛyɛ ntimu no. Ɔhwɛfo guamtrani no bɛyɛ nhyehyɛe ma moadi kan asusuw ho ansa na moakɔ nhyiam no na sɛ mufi nhyiam no ba nso a moasusuw ho sɛnea yɛaka ho asɛm wɔ August 2004 Yɛn Ahenni Som, kratafa 4 no. Sɛ moreyɛ ntĩmu no a, ɛsɛ sɛ wobisa nsɛm no nyinaa. Twe adwene si sɛnea yebetumi de nsɛm a yɛtee no adi dwuma so.

      ANƆPA DWUMADI

      1. Sɛ́ obi bɛma n’ani ahwɛ tee no kyerɛ dɛn, na dɛn nti na ɛyɛ asɛnnennen nnɛ? (“Dɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Woma W’aniwa Hwɛ Tee?”)

      2. Sɛ yɛma yɛn aniwa hwɛ tee a, mfaso bɛn na yenya? (“Nya W’aniwa a Wobɛma Ahwɛ Tee no So Mfaso”)

      3. Asiane bɛn na ɛwɔ nneɛma a wɔyɛ no daa a wosusuw sɛ mfomso biara nni ho no mu? (“Aniwa a Yɛbɛma Ahwɛ Tee Wɔ Wiase Bɔne Mu”)

      AWIA DWUMADI

      4. Ɔkwan bɛn so na awofo ne afoforo betumi ahyɛ mmabun nkuran ma wɔde wɔn ani asi honhom fam botae horow so? (“Awofo a Woso Wɔn Bɛmma Mu Yiye” ne “Mmabun a Wɔde Honhom Fam Botae Sisi Wɔn Ani So”)

      5. Ɔkwan bɛn so na yebetumi ne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan (a) sɛ ankorankoro? (b) sɛ mmusua? (d) sɛ asafo? (“Fa W’ani Si Yehowa Ahyehyɛde No a Wone No Bɛbɔ So”)

  • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo
    Ahenni Som—2005 | December
    • Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo

      Aniwa yɛ Onyankopɔn nsa ano adwuma a ɛyɛ nwonwa. (Dw. 139:14) Nanso ade biako pɛ na etumi hwɛ wɔ bere koro mu. Ɛno yɛ nokware wɔ honam fam ne honhom fam nyinaa. Sɛ yɛn honhom fam aniwa betumi ahu ade yiye a, ɛsɛ sɛ yɛde yɛn adwene si Onyankopɔn apɛdeyɛ so. Esiane sɛ Satan wiase no kɔ so twetwe yɛn adwene nti, hwɛ fata ara a ɛfata sɛ yɛn da koro nhyiam titiriw dwumadi a yɛbɛyɛ no 2006 ɔsom afe mu no bɛkyerɛkyerɛ asɛmti yi, “Ma W’aniwa Nhwɛ Tee” mu!—Mat. 6:22.

      Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ na yɛanya Yehowa nkyɛn nhyira? (Mmeb. 10:22) Yebesusuw asɛmmisa yi ho wɔ ɔkasa a wɔato din “Nya W’aniwa a Wobɛma Ahwɛ Tee no So Mfaso.” Nsɛm a wobebisabisa no besi mfaso a yebetumi anya afi Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm a yɛde bedi dwuma no so dua. Ɔkasafo a Betel apaw no no kasa a edi kan, “Yɛn Aniwa a Yɛbɛma Ahwɛ Tee Wɔ Wiase Bɔne Mu,” no bɛbɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneɛma a yebetumi de akyekyere yɛn ho na ɛde nkakrankakra bɛbrɛ yɛn nkɔso ase wɔ honhom fam no ho. Afei nso yebehu nea “paw a yɛbɛpaw nea eye” no kyerɛ.—Luka 10:42.

      Ɔkwan bɛn so na awofo ne afoforo betumi ahyɛ Kristofo mmofra nkuran ma wɔde wɔn ani asi honhom fam nneɛma so? Wobebisabisa awofo ne mmabun nso nsɛm wɔ asɛmmisa a ehia yi ho wɔ ɔkasa “Awofo a Woso Wɔn Bɛmma Mu Yiye” ne “Mmabun a Wɔde Honhom Fam Botae Sisi Wɔn Ani So” no mu. (Dw. 127:4) Ɔkasa a etwa to a ɔkasafo a Betel bɛpaw no ne yɛn besusuw ho no fa sɛnea yebetumi ne Yehowa ahyehyɛde no abɔ anan sɛ ankorankoro, mmusua, ne asafo no ho.

      Sɛ́ ebia afei na yɛaba nokware no mu anaa yɛde mfe pii asom Yehowa no, ɛho hia sɛ ‘yɛma yɛn ani hwɛ tee.’ Da koro nhyiam titiriw dwumadi no bɛboa yɛn ma yɛayɛ saa.

  • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu
    Ahenni Som—2005 | December
    • Teokrase Ɔsom Sukuu Nti̇̃mu

      Wobesusuw nsɛmmisa a edidi so yi ho wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu wɔ dapɛn a efi ase wɔ December 26, 2005 no mu. Sukuu sohwɛfo no bɛyɛ simma 30 ntĩmu a egyina November 7 kosi December 26, 2005 adapɛn no mu no so. [Hyɛ no nsow: Sɛ wɔamfa beae a asɛm no fi anhyɛ asɛmmisa no akyi a, ebehia sɛ woyɛ w’ankasa nhwehwɛmu de pɛ mmuae no.—Hwɛ Ɔsom Sukuu, kr. 36-7.]

      ƆKASA SU

      1. Dɛn na yebetumi ayɛ de ahwɛ ahu sɛ yɛde afotu rema wɔ “ɔdɔ” so? (Filem. 9) [be-TW kr. 266]

      2. Akwan bɛn so na yebetumi de “nkyerɛkyerɛ pa no atu fo”? (Tito 1:9) [be-TW kr. 266 nky. 5-267 nky. 1]

      3. Dɛn nti na ɛho hia sɛ yɛma yɛn kasa hyɛ nkuran, na ɔkwan bɛn so na yebetumi ayɛ saa? [be-TW kr. 268 nky. 1-3, adaka]

      4. Sɛ yɛboa afoforo ma wɔkae nea Yehowa ayɛ ama ne nkurɔfo sɛnea Mose yɛe no a, mfaso bɛn na wobenya? (Deut. 3:28; 31:1-8) [be-TW kr. 268 nky. 5–kr. 269 nky. 2

      5. Dɛn nti na anisɔ a yɛde bɛka nea Yehowa reyɛ seesei ne nea ɔbɛyɛ daakye ho asɛm no bɛhyɛ yɛn atiefo nkuran? [be-TW kr. 270-1]

      DWUMADI 1

      6. Dɛn ne Septuagint no, na dɛn nti na ɛho hia Kristofo? [si-E kr. 307 nky. 12–kr. 310 nky. 14]

      7. Ná Masoretfo no yɛ nnipa bɛn, na dwuma titiriw bɛn na wodii wɔ Bible nkyerɛase mu? [si-E kr. 310 nky. 18; kr. 311 nky. 20-1]

      8. Nkyerɛwee bɛn na wogyinaa so titiriw de kyerɛɛ New World Translation no fã a efi Hebri kasa mu no ase kɔɔ Engiresi kasa mu, na dɛn nti na yebetumi aka sɛ saa nkyerɛase yi di mũ na ɛyɛ nokware? [si-E kr. 312 nky. 28, 30]

      9. Dɛn na tete Kristofo no yɛe de daa no adi sɛ wɔwɔ ɔpɛ a emu yɛ den sɛ wɔbɛka Onyankopɔn Asɛm no? [si-E kr. 315 nky. 1-5]

      10. Dɛn na nsaano nkyerɛwee a ɛwɔ hɔ nnɛ ne Kyerɛw Kronkron no mu nsɛm no mu nhwehwɛmu ma yehu wɔ Bible no ho? [si-E kr. 320 nky. 32]

      DAPƐN BIARA BIBLE AKENKAN

      11. So asɔrefie no a wɔamma Dawid ansi no kyerɛ sɛ na Yehowa mpene ako a Dawid dii no so? (1 Be. 22:6-10)

      12. Wɔ mpae a Salomo bɔe de hyiraa asɔrefie no so mu no, dɛn na ɔka de kyerɛe sɛ Yehowa nim tebea pɔtee a obiara a osuro no no wom, na ɛnyɛ sɛ n’asomfo bom sɛ kuw nko a ɛnna otie wɔn ahiasɛm? (2 Be. 6:29, 30)

      13. So “Israel mpanyin ne mmusuakuw no atitiriw ne Israelfo mpanyimfi mmapɔmma” a wɔka wɔn ho asɛm wɔ 2 Beresosɛm 5:2 no kyerɛ sɛ na ɛsono “atitiriw” ne “mmapɔmma” no, ɛnna ɛsono “mpanyin” no nso?

      14. Esiane sɛ Basa nniso no fii ase wɔ “Asa afe a ɛto so abiɛsa” mu na odii ade mfe 24 pɛ nti, yɛbɛyɛ dɛn atumi aka sɛ foro a Basa “foro baa Yuda so” wɔ “Asa ahenni afe a ɛto so aduasa asia mu” no yɛ nokware? (1 Ahe. 15:33; 2 Be. 16:1)

      15. Ɔkwan bɛn so na 2 Beresosɛm 20:22, 23 ma nea ɛrebɛto Satan wiase no mu da hɔ fann?

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena