-
“Mommɔ Ɔbra Pa Amanaman Mu”Ahenni Som—1997 | August
-
-
15 Wɔ nsase a wɔmma Ahenni Asa horow tumi krataa sɛ wotumi ware wɔ aban mu wɔ hɔ no, April 15, 1997, Ɔwɛn-Aban no ka wɔ kratafa 24 sɛ: “Sɛ wɔyɛ ayeforohyia kasa ho nhyehyɛe bere a wɔayɛ aban mu de awie a, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔremma nna pii mmɛda dwumadi no abien ntam.” Saa ara na wɔ yɛn man yi mu no, ɛbɛyɛ nea nyansa wom sɛ wɔremma nna pii mmɛda amanne kwan so dwumadi no ne Ahenni Asa so ɔkasa no ntam. Eyi ma wɔkwati sɛ wɔbɛto obiara hintidua esiane sɛ nnipa baanu no tra sɛ okunu ne ɔyere ansa na wɔahyɛ da de aware no ho amanneɛbɔ ato gua nti. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ ansa na mpanyimfo no bɛma kwan sɛ wɔmma aware ho ɔkasa no wɔ Ahenni Asa so wɔ amanne kwan so dwumadi no akyi no, ɛsɛ sɛ wɔhwɛ hu sɛ wɔayɛ amanne kwan so aware no ho kyerɛwtohɔ dedaw wɔ mpɔtam hɔ mansin agyinatufo dwumadibea hɔ. Sɛ wɔama Ahenni Asa no tumi krataa sɛ wotumi ware aban mu wɔ hɔ, na sɛ aware ho ɔkasa no ne aban mu aware ho kyerɛwtohɔ no bom a, eyi ho nhia.
-
-
Nhoma a Ebi Aba BioAhenni Som—1997 | August
-
-
Nhoma a Ebi Aba Bio
◼Nea Ɛde Abusua Mu Anigye Ba—Engiresi, Ewe, Ga, Twi
◼Dɛn na Onyankopɔn Hwehwɛ Fi Yɛn Hɔ?—Ewe, Ga
◼Asetra wɔ Wiase Foforo a Asomdwoe Wom Mu (Tract No. 15)—Twi
◼Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di? (Tract No. 14)—Twi
-
-
Asafo Nhoma AdesuaAhenni Som—1997 | August
-
-
Asafo Nhoma Adesua
Nhyehyɛe ma asafo adesua wɔ Onipa a Ɔsen Biara a Watra Ase Pɛn nhoma no mu.
August 4: Atiri 117-118
August 11: Atiri 119-120
August 18: Atiri 121-122
August 25: Atiri 123-124
-
-
April Ɔsom AkontaabuAhenni Som—1997 | August
-
-
April Ɔsom Akontaabu
Nnɔn. Nsɛm. San. BA
Dodow: Nky. Nky. Nky. Nky.
Akw. Tit. 116 140.0 9.4 75.4 13.3
Akw. 3,669 73.6 6.5 38.6 7.3
Akw.Abf. 4,552 55.3 4.2 23.2 4.7
Adwf. 43,340 12.6 1.0 5.7 1.6
NKABOM 51,677 Asubɔfo: 216
Wɔ March mu no, yenyaa adawurubɔfo dodow a ɛsen biara—51,423! Ofie Bible adesua ahorow 118,618, ne sankɔhwɛ ahorow 526,108 a yɛbɔɔ ho amanneɛ no nso yɛ dodow a ɛsen biara foforo. Yenyaa nnɔnhwerew dodow a ɛsen biara 1,133,998 bere a edi kan! Yetumi nyaa dodow nkɔanim a ɛda nsow yi, efisɛ nnipa 5,759 na wogyee ɔfrɛ a wɔde too gua sɛ wohia akwampaefo aboafo 5,000 no so. Yɛma mo ayikoo! Yɛkamfo mo nyinaa wɔ adwumaden a moyɛe no ho, na yɛhwɛ kwan sɛ yebenya nkɔanim foforo wɔ April ne May mu.
-