Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛnea Yebefi Adesua Ase Wɔ Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Mu
    Ahenni Som—2006 | March
    • Sɛnea Yebefi Adesua Ase Wɔ Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Mu

      Yɛn mu pii na sɛ yetumi fi Bible adesua ase a, yɛde anigye bɛkɔ so ayɛ. Nhoma foforo, Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? betumi aboa yɛn ma yɛayɛ saa. Wɔasiesie nnianim asɛm a ɛwɔ kratafa 3-7 no wɔ ɔkwan bi so a ɛbɛma wo ne ofiewura no afi Bible mu nkɔmmɔbɔ ase wɔ nhoma no mu. Ɛrenyɛ den mma wɔn a wonni suahu pii wɔ asɛnka mu no mpo sɛ wobefi adesua ase.

      ◼ Wubetumi de asɛm a ɛwɔ kratafa 3 no asɔ ahwɛ:

      Bere a woaka asɛm bi a asi anaa ɔhaw bi a ɛwɔ nnipa a wɔwɔ w’asasesin no adwenem ho asɛm awie no, twe ofiewura no adwene kɔ nsɛmmisa a wɔde nkyerɛwee tuntum akyerɛw no akɛse wɔ kratafa 3 no so na ma ɔnka ho asɛm. Afei dan kɔ kratafa 4-5.

      ◼ Anaa ebia wobɛpɛ sɛ woka kratafa 4-5 no ho asɛm de fi ase:

      Wubetumi aka sɛ, “Sɛ nsakrae a wɔayɛ ho mfonini wɔ ha yi aba a, anka w’ani rennye ho?” Anaa wubetumi abisa sɛ, “Bɔhyɛ yi mu nea ɛwɔ he na w’ani begye ho sɛ ɛba mu?” Tie ne mmuae no yiye.

      Sɛ ofiewura no kyerɛ kyerɛw nsɛm no bi ho anigye a, kyerɛ no nkyekyɛm a wɔakyerɛkyerɛ saa Bible mu asɛm no mu wom na wo ne no nsusuw ho. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no.) Munsusuw asɛm no ho sɛnea moyɛ Bible adesua no ara. Mubetumi de simma anum kosi du ayɛ saa wɔ ɔpon ano wɔ nsrahwɛ a edi kan no ara mu.

      ◼ Ɔkwan foforo ne sɛ wode asɛm a ɛwɔ kratafa 6 no bɛboa onipa no ma wakyerɛ n’adwene:

      Twe ofiewura no adwene si nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 6 ase no so na bisa no sɛ, “So woasusuw nsɛmmisa yi ho pɛn?” Sɛ ɔkyerɛ nsɛmmisa no bi ho anigye a, bue kɔ nhoma no mu nkyekyɛm a ebua saa asɛmmisa no. (Hwɛ adaka a ɛwɔ kratafa yi mu no.) Sɛ mobom susuw asɛm no ho a, na woreyɛ Bible adesua ara ne no.

      ◼ Wubetumi de asɛm a ɛwɔ kratafa 7 no akyerɛ sɛnea yɛyɛ Bible adesua:

      Kenkan kasamu abiɛsa a edi kan wɔ kratafa 7 no, na afei bue kɔ ti 3 na fa nkyekyɛm 1-3 no kyerɛ no sɛnea yɛyɛ adesua no. Yɛ nhyehyɛe san kɔ ne no nkosusuw nkyekyɛm 3 nsɛmmisa no ho.

      ◼ Sɛnea wobɛyɛ sankɔhwɛ ho nhyehyɛe:

      Sɛ wode adesua a edi kan no reba awiei a, yɛ nhyehyɛe san kɔtoa nkɔmmɔbɔ no so. Wubetumi aka tiawa sɛ: “Yɛde simma kakraa bi ahu sɛnea Bible no kyerɛkyerɛ asɛm a ɛho hia yi mu. Bere foforo no, yebesusuw [gyaw asɛmmisa bi a mubesusuw ho ma no]. Metumi aba ha saa bere yi ara mu wɔ dapɛn a edi hɔ no?”

      Bere a Yehowa atemmu bere rebɛn no, ɔkɔ so ma yɛn nea yɛde bɛyɛ adwuma a ɔde ahyɛ yɛn nsa no. (Mat. 28:19, 20; 2 Tim. 3:17) Momma yɛmfa adwinnade foforo a ɛda nsow yi mfi Bible adesua ase.

  • Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Bɛma
    Ahenni Som—2006 | March
    • Sɛnea Yɛde Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Bɛma

      Krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som yi mu no de nyansahyɛ a ɛkyerɛ sɛnea yɛde Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no bɛma ma. Nea ɛbɛma woatu mpɔn kɛse no, fa w’ankasa nsɛm kyerɛkyerɛ mu, sakra wo nsɛm mu ma ɛmfa nnipa a wɔwɔ w’asasesin mu no ho, na hu nhoma no mu nsɛm pɔtee a wubetumi agyina so ne nkurɔfo asusuw Bible ho no yiye. Wubetumi de akwan foforo a ɛfata w’asasesin no adi dwuma.—Hwɛ January 2005 Yɛn Ahenni Som, kr. 8.

      Abusua

      ◼ “Yɛn nyinaa ani gye ho sɛ yebenya abusua asetra a anigye wom. Wunnye ntom saa? [Twɛn ma ommua.] Bible no ka biribi a abusua no muni biara betumi ayɛ ama abusua no anya anigye ho asɛm, a ɛne sɛ yebesuasua ɔdɔ a Onyankopɔn da no adi no.” Kenkan Efesofo 5:1, 2 ne nkyekyɛm 4 a ɛwɔ kratafa 135 no.

      Adan

      ◼ “Wɔ mmeae pii no, ɛyɛ den ma nnipa sɛ wobenya adan a ɛfata atra mu. Wususuw sɛ da bi bɛba a obiara benya adan a ɛfata atra mu? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yesaia 65:21, 22 ne nkyekyɛm 20 a ɛwɔ kratafa 34 no.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn bɔhyɛ yi bɛba mu no mu.”

      Asiane ne Amanehunu

      ◼ “Sɛ asiane bi si a, nnipa pii bisa sɛ ebia Onyankopɔn dwene nnipa ho na ohu amane a wɔrehu no anaa. Woadwen biribi a ɛte saa ho pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 1 Petro 5:7 ne nkyekyɛm 11 a ɛwɔ kratafa 11 no.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea Onyankopɔn betu amane a adesamma rehu ase koraa afi hɔ no mu.” Fa nnianim nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 106 no kyerɛ no.

      Bible

      ◼ “Nnipa pii taa ka sɛ Bible yɛ Onyankopɔn Asɛm. Woabisa pɛn sɛ, ɛbɛyɛ dɛn na yɛatumi afrɛ nhoma a nnipa kyerɛwee sɛ Onyankopɔn Asɛm ma ayɛ yiye? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 2 Petro 1:21 ne nkyekyɛm 5 a ɛwɔ kratafa 19-20 no.] Nhoma yi ma yehu mmuae a Bible de ma wɔ nsɛmmisa yi ho.” Fa nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 6 no kyerɛ no.

      ◼ “Nnansa yi, nnipa tumi te nsɛm pii sen bere biara a atwam. Nanso wususuw sɛ ɛhe na yebetumi anya afotu pa a ɛbɛboa yɛn ma yɛabɔ bra a ɛbɛma yɛanya anigye ne ahotɔ? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 2 Timoteo 3:16, 17 ne nkyekyɛm 12 a ɛwɔ kratafa 23 no.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ sɛnea yebetumi abɔ bra a ɛsɔ Onyankopɔn ani na yɛanya so mfaso mu.” Fa nsɛm a wɔahyehyɛ ne mfonini a ɛwɔ kratafa 122-123 no kyerɛ no.

      Daa Nkwa

      ◼ “Nnipa pii pɛ sɛ wonya akwahosan ne onyinkyɛ. Nanso sɛ ɛbɛyɛ yiye a, wobɛpɛ sɛ wotra ase daa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Adiyisɛm 21:3, 4 ne nkyekyɛm 17 a ɛwɔ kratafa 54 no.] Nhoma yi ka sɛnea yebetumi anya daa nkwa ne sɛnea asetra bɛyɛ bere a saa bɔhyɛ no abam no ho asɛm.”

      Harmagedon

      ◼ “Sɛ nnipa te asɛmfua ‘Harmagedon’ a, wɔn mu pii de wɔn adwene bu ɔsɛe bi a ɛbɛtɔre nnipa ase. So ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu sɛ Harmagedon ka nneɛma a yɛde anigye rehwɛ kwan no ho bi? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Adiyisɛm 16:14.] Hyɛ asɛm a wɔaka afa sɛnea asetra bɛyɛ wɔ Harmagedon akyi no nsow.” Kenkan kratafa 82-84, na kenkan nkyekyɛm 21.

      Mpaebɔ

      ◼ “So woadwen sɛnea Onyankopɔn bua mpaebɔ no ho pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan 1 Yohane 5:14, 15 ne nkyekyɛm 16-18 a ɛwɔ kratafa 170-172 no.] Ti yi nso kyerɛkyerɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛbɔ Onyankopɔn mpae ne nea ɛsɛ sɛ yɛyɛ na watie yɛn no mu.”

      Owu ne Owusɔre

      ◼ “Nnipa pii ntumi nhu baabi a sɛ obi wu a ɔkɔ ankasa. Wususuw sɛ yebetumi ahu? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 9:5 ne nkyekyɛm 5-6 a ɛwɔ kratafa 58-59 no.] Nhoma yi san kyerɛkyerɛ Bible bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho ne nea ɛbɛkyerɛ ama wɔn a wɔawuwu no mu.” Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 75 no kyerɛ no.

      ◼ “Sɛ yɛn dɔfo bi wu a, ɛyɛ a na yɛpɛ sɛ yehu no bio. Wunnye ntom saa? [Twɛn ma ommua.] Bible bɔhyɛ a ɛfa owusɔre ho no akyekye nnipa pii werɛ. [Kenkan Yohane 5:28, 29 ne nkyekyɛm 16-17 a ɛwɔ kratafa 71-72 no.] Ti yi nso bua nsɛmmisa yi.” Fa nnianim nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 66 no kyerɛ no.

      Ɔko ne Asomdwoe

      ◼ “Nnipa a wɔwɔ baabiara hwehwɛ asomdwoe. Wususuw sɛ asomdwoe a ɛbɛba asase so ho anidaso a yɛwɔ no yɛ adaeso ara kwa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 46:8, 9.] Nhoma yi susuw sɛnea Onyankopɔn bɛma n’atirimpɔw aba mu na ɔde asomdwoe aba wiase nyinaa ho.” Fa mfonini a ɛwɔ kratafa 35 no kyerɛ no na munsusuw nkyekyɛm 17-21 a ɛwɔ kratafa 34 no ho.

      Ɔsom

      ◼ “Nnipa pii bu ɔsom ahorow a ɛwɔ wiase no sɛ ɛno na ɛde adesamma haw ahorow aba mmom sen sɛ ebedi ho dwuma. Wususuw sɛ ɔsom de akwankyerɛ pa bi rema nnipa? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Mateo 7:13, 14 ne nkyekyɛm 5 a ɛwɔ kratafa 145-146 no.] Saa ti yi pɛɛpɛɛ nneɛma asia a ɛma yehu ɔsom a ɛsɔ Onyankopɔn ani no mu.” Fa nneɛma a wɔabobɔ so wɔ kratafa 147 no kyerɛ no.

      Yehowa Nyankopɔn

      ◼ “Nnipa pii a wogye Onyankopɔn di no bɛpɛ sɛ wɔbɛn no kɛse. Wunim sɛ Bible no to nsa frɛ yɛn sɛ yɛmmɛn Onyankopɔn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yakobo 4:8a ne nkyekyɛm 20 a ɛwɔ kratafa 16 no.] Wɔayɛ nhoma yi na aboa nnipa ma wɔasua Onyankopɔn ho ade pii bere a wɔde wɔn ankasa Bible di dwuma no.” Fa nnianim nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa 8 no kyerɛ no.

      ◼ “Nnipa pii bɔ mpae sɛ Onyankopɔn din ho ntew. So woadwen nea saa din no yɛ ho pɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 83:18 ne nkyekyɛm 2-3 a ɛwɔ kratafa 195 no.] Nhoma yi kyerɛkyerɛ nea Bible no ankasa ka fa Yehowa Nyankopɔn ne n’atirimpɔw ma adesamma ho no mu.”

      Yesu Kristo

      ◼ “Nnipa a wɔwɔ wiase nyinaa ate Yesu Kristo ho asɛm. Ebinom ka sɛ na ɔyɛ onipa a ɔda nsow ara kwa. Afoforo som no sɛ Ade Nyinaa so Tumfo Nyankopɔn. Wususuw sɛ nea yegye di wɔ Yesu Kristo ho no ho hia?” [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yohane 17:3 ne nkyekyɛm 3 a ɛwɔ kratafa 37-38 no.] Twe adwene si nnianim nsɛmmisa a ɛwɔ asɛmti no ase no so.

      [Kratafa 5 adaka]

      Akwan a Wobɛfa so Aka Ntoboayi Nhyehyɛe no Ho Asɛm

      “Sɛ nnɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa kakra de boa wiase nyinaa adwuma no a, mede anigye begye.”

      “Ɛwom sɛ yɛde yɛn nhoma no ma a ɛbo biara nna so de, nanso yegye ntoboa kakra de yɛ wiase nyinaa adwuma no.”

      “Ebia ɔkwan yɛfa so nya sika de yɛ adwuma yi no yɛ wo nwonwa. Ɛne sɛ, nkurɔfo fi wɔn pɛ mu yi ntoboa de boa wiase nyinaa adwuma no. Sɛ nnɛ wopɛ sɛ wuyi ntoboa kakra a, mede anigye begye.”

  • (1) Asɛmmisa, (2) Kyerɛwsɛm, ne (3) Ti
    Ahenni Som—2006 | March
    • (1) Asɛmmisa, (2) Kyerɛwsɛm, ne (3) Ti

      Ɔkwan tiawa a wubetumi afa so de Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa? nhoma no ama ne sɛ (1) bisa asɛm a ɛbɛboa ma woahu ofiewura no adwene, (2) kenkan kyerɛwsɛm a ɛfata, ne (3) ka ti bi a ɛwɔ nhoma no mu a ɛka asɛm a wubisae no ho asɛm denam nnianim nsɛmmisa a wɔde fi ti no ase wɔ nhoma no mu a wobɛkenkan no so. Sɛ ofiewura no kyerɛ asɛm no ho anigye a, wubetumi de nkyekyɛm a edi kan no adi dwuma de akyerɛ no sɛnea wɔyɛ Bible adesua. Wubetumi afa saa kwan yi so afi Bible adesua ase wɔ nsrahwɛ a edi kan no mu anaa bere a woreyɛ sankɔhwɛ no.

      ◼ “Wususuw sɛ, sɛ́ nnipa no, yebetumi ahu yɛn Bɔfo a ɔwɔ tumi no sɛnea wɔaka ne ho asɛm wɔ Bible mu wɔ ha no?” Kenkan Asomafo Nnwuma 17:26, 27, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 1 no ho asɛm.

      ◼ “Sɛ wohwɛ nsɛnnennen a yehyia nnɛ no a, wususuw sɛ yebetumi anya awerɛkyekye ne anidaso a wɔaka ho asɛm wɔ ha no?” Kenkan Romafo 15:4, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 2 no ho asɛm.

      ◼ “Sɛ wowɔ tumi a, anka wobɛma nsakrae horow yi aba?” Kenkan Adiyisɛm 21:4, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 3 ho asɛm.

      ◼ “Wususuw sɛ yɛn mma betumi anya tebea a wɔaka ho asɛm wɔ tete dwom yi mu no?” Kenkan Dwom 37:10, 11, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 3 no ho asɛm.

      ◼ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a saa asɛm yi bɛba mu?” Kenkan Yesaia 33:24, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 3 no ho asɛm.

      ◼ “So woasusuw ho pɛn sɛ ebia a awufo nim nea ateasefo reyɛ?” Twɛn ma ommua. Afei kenkan Ɔsɛnkafo 9:5, na ka ti 6 no ho asɛm.

      ◼ “Wususuw sɛ bere bi bɛba a yebehu yɛn adɔfo a wɔawuwu no bio sɛnea Yesu kae wɔ Bible mu yi?” Kenkan Yohane 5:28, 29, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 7 no ho asɛm.

      ◼ “Wɔ w’adwene mu no, wususuw sɛ dɛn na ehia na ama Onyankopɔn apɛde ayɛ hɔ wɔ asase so sɛnea ɛte wɔ soro, sɛnea wɔaka ho asɛm wɔ mpaebɔ a agye din yi mu no?” Kenkan Mateo 6:9, 10, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 8 ho asɛm.

      ◼ “Wususuw sɛ yɛte bere a wɔaka ho asɛm wɔ nkɔmhyɛ yi mu no?” Kenkan 2 Timoteo 3:1-4, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 9 no ho asɛm.

      ◼ “Nnipa pii ntumi nhu nea enti a ɛte sɛ nea adesamma haw ahorow regye nsam no. Woasusuw ho ahwɛ sɛ ebia efi nea wɔaka ho asɛm wɔ ha yi?” Kenkan Adiyisɛm 12:9, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 10 no ho asɛm.

      ◼ “So woasusuw asɛmmisa a ɛte sɛɛ ho mmuae ho pɛn?” Kenkan Hiob 21:7, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 11 no ho asɛm.

      ◼ “Wususuw sɛ Bible mu afotu yi a mmusua de bedi dwuma no bɛboa wɔn ma wɔn asetra ayɛ anigye?” Kenkan Efesofo 5:33, na twɛn ma ommua. Afei ka ti 14 no ho asɛm.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena