Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Sɛnea Yebesiesie Asɛm a Yɛbɛka de Nsɛmma Nhoma Ama
    Ahenni Som—2006 | November
    • Sɛnea Yebesiesie Asɛm a Yɛbɛka de Nsɛmma Nhoma Ama

      1. Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ yesiesie yɛn ankasa asɛm a yɛbɛka de nsɛmma nhoma ama sen sɛ yɛbɛkyere nea ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no bi agu yɛn tirim?

      1 Ebia wubebisa sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yesiesie asɛm a yɛbɛka de nsɛmma nhoma ama bere a ebi wɔ Yɛn Ahenni Som a ɛba biara mu no?’ Ɛwom sɛ saa kwan yi a wɔfa so de ma no aboa nnipa pii de, nanso ɛho da so ara hia sɛ yesiesie yɛn ho. Ebia yɛrentumi mfa ɔkwan biako so mfa nsɛmma nhoma mma wɔ asasesin biara mu. Enti ɛnsɛ sɛ yɛte nka sɛ kyenkyene ara a, ɛsɛ sɛ yedi nsɛm a wɔde ama no akyi pɛpɛɛpɛ. Sɛ yɛpaw sɛ yɛde nsɛm a ɛwɔ Yɛn Ahenni Som mu no bi bedi dwuma a, ɛbɛyɛ papa sɛ yɛde yɛn ankasa nsɛm ka.

      2. Dɛn na wobɛyɛ na woahu nsɛmma nhoma no mu asɛm a wobɛka ho asɛm de ama?

      2 Paw Emu Asɛm Bi: Sɛ wudi kan kenkan nsɛmma nhoma no a, paw emu asɛm bi a ɛfata w’asasesin no a w’ani gyee ho paa. Ahotoso ne anigye a wode bɛkasa bere a woreka ho asɛm no betumi ama ofiewura no nso anya ɔpɛ sɛ ɔbɛkenkan bi. Ebia wobɛfa nsɛmma nhoma no mu asɛm bi a nnipa pii ani begye ho wɔ asasesin no mu de adi dwuma, nanso bɔ mmɔden sɛ wubehu nsɛm afoforo a ɛwɔ mu no nso yiye. Eyi bɛboa wo ma sɛ wuhyia obi a n’ani begye asɛm foforo ho a, woasakra wo nsɛm mu.

      3. Nnianim nsɛm bɛn na wode yɛ adwuma a, ɛboa paa?

      3 Bisa Asɛm Bi: Nea edi hɔ no, siesie asɛm a wobɛka de afi ase no yiye. Wo nnianim nsɛm ho hia. Ɛbɛyɛ papa sɛ wubebisa ofiewura no asɛm bi a ɛbɛkanyan n’adwene ma n’ani agye asɛm a woapaw afi nsɛmma nhoma no mu no ho. Nsɛm a wubebisa ma wakyerɛ n’adwene no nso taa boa paa. Mmisa asɛm a ebetumi ama ofiewura no ayɛ basaa anaa ɔne wo begye akyinnye.

      4. Mfaso bɛn na ɛwɔ kyerɛwsɛm a wobɛkenkan akyerɛ ofiewura a ne tebea ma no kwan no so?

      4 Kenkan Kyerɛwsɛm Bi: Nea etwa to no, sɛ ofiewura no tebea ma kwan a, paw kyerɛwsɛm bi fi asɛm a woapaw afi nsɛmma nhoma no mu no kenkan kyerɛ no. Kyerɛwsɛm a wobɛkenkan akyerɛ ofiewura no bɛboa no ma wahu sɛ yɛn asɛm no fi Bible mu. (1 Tes. 2:13) Sɛ wannye nsɛmma nhoma no mpo a, kyerɛwsɛm no bedi no adanse. Nea ɛbɛyɛ na ebinom akanyan ofiewura no anigye no, wodi kan kenkan kyerɛwsɛm bi ansa na wɔabisa asɛm pɔtee bi. Wubetumi aka eyi de ada kyerɛwsɛm bi adi, “Mepɛ sɛ wokyerɛ w’adwene wɔ Bible mu asɛm yi ho.” Afei twe onii no adwene kɔ asɛm bi a ɛwɔ nsɛmma nhoma no mu a ɛne kyerɛwsɛm no hyia so, na ka asɛm tiawa bi san fa kanyan n’anigye ansa na wode ama.

      5. Sɛ woresiesie asɛm a wobɛka de nsɛmma nhoma ama a, akwankyerɛ bɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtra w’adwenem?

      5 Wɔnhyehyɛɛ mmara denneennen biara wɔ asɛm a ɛsɛ sɛ yɛka bere a yɛde nsɛmma nhoma ma no ho. Ɛyɛ papa sɛ wobɛma wo nsɛm ayɛ tiawa. Paw nsɛm a woka a, wo ho renkyere wo, na afoforo nso ani begye ho. Fa w’adwene si sɛnea nsɛmma nhoma no som bo no so, na da anigye adi. Sɛ wusiesie wo ho yiye a, wubetumi de Ɔwɛn-Aban ne Awake! no ama “wɔn a wɔpɛ daa nkwa” no wɔ ɔkwan a etu mpɔn so.—Aso. 13:48.

  • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho
    Ahenni Som—2006 | November
    • Nea Yɛbɛka Afa Yɛn Nsɛmma Nhoma Ho

      Ɔwɛn-Aban Nov. 1

      “Nnipa pii adwene nhyia wɔ sɛnea wɔtete mmofra ho nnɛ. Wususuw sɛ awofo betumi anya afotu pa a wɔde bɛtete wɔn mma? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Dwom 32:8.] Nsɛmma nhoma yi ka Bible mu akwankyerɛ a wobetumi de atete mmofra ho asɛm.”

      Awake! Nov.

      “So woabisa nea enti a Onyankopɔn a ɔwɔ ɔdɔ ne tumi, na obu atɛntrenee wɔ hɔ, nanso nnipa pii rehu amane no ho asɛm pɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nea kyerɛwsɛm yi ka fa nea ɛde amanehunu bae ho no nsow. [Kenkan 1 Yohane 5:19.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka sɛ Onyankopɔn bɛyɛ de ayi amanehunu afi hɔ no ho asɛm.”

      Ɔwɛn-Aban Nov. 15

      “Esiane sɛ nnipa pii nni nokware wɔ wiase nti, ebinom bisa sɛ, ‘Dɛn nti na ɛsɛ sɛ meyere me ho yɛ nea ɛteɛ?’ Woanya adwene a ɛte saa pɛn? [Twɛn ma ommua.] Hyɛ nkuranhyɛsɛm yi nsow. [Kenkan Mmebusɛm 2:21, 22.] Nsɛmma nhoma yi kyerɛkyerɛ ade titiriw paa a enti ɛsɛ sɛ yɛyɛ nea ɛteɛ mu.”

      Awake! Nov.

      “Ebinom susuw sɛ biribiara a esi no fi Onyankopɔn. Sɛ asɛmmɔne bi si a, wɔka sɛ ɛbɛyɛ sɛ Onyankopɔn wɔ nea enti a ɔma esii. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua. Afei kenkan Yakobo 1:13.] Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka fa nea ɛde amanehunu ba ho ne nea Onyankopɔn reyɛ de atu ase.”

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena