Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/07 kr. 3-5
  • Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie Hyɛ Yehowa Anuonyam?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie Hyɛ Yehowa Anuonyam?
  • Yɛn Ahenni Som—2007
Yɛn Ahenni Som—2007
km 12/07 kr. 3-5

Wo Ntadehyɛ ne W’ahosiesie Hyɛ Yehowa Anuonyam?

1. (a) Dɛn na Malaki 3:18 ka fa Onyankopɔn nkurɔfo ho? (b) Ɔkwan biako bɛn na yebetumi afa so akyerɛ sɛ yɛda nsow wɔ wɔn a wɔwɔ wiase no ho?

1 Wonim Yehowa Adansefo wɔ wiase nyinaa sɛ nkurɔfo a wɔda nsow koraa wɔ afoforo a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Onyankopɔn no ho. (Mal. 3:18) Dɛn ntia? Ade biako nti a ɛte saa ne sɛ, yɛde Kyerɛwnsɛm mu afotu a ese yɛmfa ‘fɛre ne adwenemtew nhyɛ ntade a ɛfata, sɛ wɔn a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn’ no yɛ adwuma. (1 Tim. 2:9, 10) Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm yi ayɛ adwuma wɔ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie mu?

2. (a) Dɛn na atade ko a yɛhyɛ no ka fa yɛn ho? (b) Ɛdefa yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ho no, nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yebisa yɛn ho?

2 Yehowa hu nea ɛwɔ koma mu. Nanso nnipa taa hwɛ “nea etua aniwa.” (1 Sam. 16:7) Atade ko a yɛhyɛ kyerɛ nnipa ko a yɛyɛ, na ɛma yɛn gyidi, yɛn su ne yɛn nsusuwii da adi. Sɛ́ Yehowa Adansefo no, Yehowa din kronkron no da yɛn so. Enti ɛsɛ sɛ yɛn mu biara bisa ne ho sɛ: So atade a mehyɛ wɔ sukuu mu, mede kɔ adwuma, mede kɔ asɛnka anaa Kristofo nhyiam no fata obi a ɔkyerɛ sɛ ɔyɛ Onyankopɔn somfo?—1 Pet. 2:12.

3. (a) Afotu bɛn na Paulo de maa Kristofo mmea? (b) Adwene a wiase no wɔ bɛn na Kristofo mmea mpɛ sɛ wosuasua?

3 Ɔsomafo Paulo de afotu yi mae sɛ: “Mepɛ sɛ mmea de fɛre ne adwenemtew hyɛ ntade a ɛfata, ɛnyɛ mmɛsawɔw soronko ne sika anaa nhene anaa ntade a ne bo yɛ den kɛse mu, na mmom nea ɛfata mmea a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Nyankopɔn, denam nnwuma pa so.” (1 Tim. 2:9, 10) Kristofo mmea a wɔn ho akokwaw de afotu yi yɛ adwuma. Wɔmpɛ sɛ wosuasua mmea a wɔwɔ wiase no mu a wɔhyɛ da pam ntade de “hoahoa wɔn ho” anaa wɔde kanyan nna ho akɔnnɔ no da. Akyinnye biara nni ho sɛ Kristoni bea biara nni hɔ a ɔbɛhyɛ da ayɛ biribi ma akɔfa asɛm a Yesu kae wɔ Mateo 5:28 no aba.

4. Wiase no ntade bɛn na ɛnsɛ sɛ Kristofo hyɛ?

4 Wɔpam ntade no bi ma sɛ obi hyɛ na ogyina hɔ a, asɛm biara nni ho, nanso sɛ onii no nantew anaa ɔtra ase a, ɛma ne ho gu hɔ. Afei abɛyɛ mmea su sɛ wɔhyɛ jeans anaa trɔsa a ɛkyekyere wɔn ho papee a mpɛn pii no ɛma wɔn sisi akyi gu hɔ. Wɔhyɛ da pam mmea ntade no pii ma eyi wɔn nufu fã bi gu hɔ anaa wotwa ma ɛyɛ tiaa ma wɔn afuru so gu hɔ. Ɛnnɛ mmerante hyɛ ntade akɛse ne trɔsa a ɛdeda wɔn to ase.

5. Nsɛm bɛn na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bisa yɛn ho, na mfaso bɛn na sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ yɛn ho mu yiye a, yebenya?

5 Sɛ Kristoni repaw atade a ɔbɛhyɛ a, ɛsɛ sɛ obisa ne ho sɛ: So m’atade ma wɔka Onyankopɔn a mesom no no ho asɛmpa? So ntade a mehyɛ nhaw me mfɛfo gyidifo? M’ahosiesie bɛtwetwe afoforo adwene anaa ɛbɛhaw wɔn? So sɛnea misiesie me ho ne me ntadehyɛ ma meyɛ te sɛ obi a ɔmfa Kristofo gyinapɛn ahorow nyɛ hwee? Nnyinasosɛm a ɛfa ahosiesie a ɛfata ho yi fa sɛnea Kristofo mmarima ne mmea nyinaa siesie wɔn ho ho. Ɛfa ntade a ɛho ntew na ɛmfata a ɛkanyan nna ho akɔnnɔ a aba so wɔ wiase nnɛ no nso ho. Sɛ yɛde nokwaredi hwehwɛ yɛn ho mu yiye a, ɛbɛboa yɛn ma yɛasiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛbɛma wɔaka Yehowa din ne ne nkurɔfo ho asɛmpa so.—2 Kor. 13:5; Rom. 14:13.

6. Dɛn nti na ntade a ɛfata na ani tew ho hia ma wɔn a wɔka asɛmpa no?

6 Ntade a Ɛfata wɔ Asɛnka Mu: Sɛ yɛkɔ asɛnka a, yɛda yɛn ho adi sɛ Yehowa ne ne Ba Kristo Yesu ananmusifo. Sɛ yɛhyɛ ntade a ɛfata a ɛbɛma wɔaka ahyehyɛde a yegyina n’ananmu no ho asɛmpa, na ɛbɛma yɛn atiefo no anya Onyankopɔn a yɛsom no no ho adwempa. Sɛ yɛn ho tew na yɛn ahosiesie fata a, ɛda adi sɛ afoforo bɛka sɛ yɛda nsow na ɛbɛma wɔanya ɔpɛ kɛse sɛ wobetie yɛn.—1 Kor. 14:25.

7. (a) Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛtwetwe afoforo adwene ba yɛn ho so wɔ asɛnka mu? (b) Dɛn na 1 Timoteo 2:10 kyerɛ, na ɔkwan bɛn so na ɛfa sɛnea yesiesie yɛn ho no ho?

7 Eye sɛ yɛbɛkae sɛ sɛnea yesiesie yɛn ho no ankasa di adanse. Nnipa pii akyerɛ sɛnea Yehowa nkurɔfo siesie wɔn ho na wɔhyɛ ntade a ɛfata no ho anigye. Sɛ yɛkɔ asɛnka na yɛyɛ yɛn ti anaa yɛkeka yɛn anim ma ɛboro so anaa yɛhyɛ ntade a ɛkyekyere yɛn ho anaa ɛma yɛn ho gu hɔ a, ɛtwetwe adwene ba yɛn ho so sen sɛ ɛbɛma wɔatie asɛm a yɛde nam no. Ne saa nti, ɛremfata na ɛrenkyerɛ nidi koraa mma Yehowa sɛ yɛbɛyɛ afie afie asɛnka anaa yebedi adanse wɔ mmorɔn so anaa obi fie bere a yɛn ahosiesie mfata ka a yɛka sɛ yɛyɛ nokware Kristofo no.—1 Tim. 2:10.

8. (a) Ntade bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ kɔ asɛnka, na dɛn ntia? (b) Yɛbɛyɛ dɛn de nnyinasosɛm a ɛwɔ 2 Korintofo 6:3 no adi dwuma ma afa atade a yɛhyɛ kɔ asɛnka ho?

8 Yɛn asɛnka adwuma no yɛ adwuma titiriw. Yɛrentumi nhyɛ atade basaa biara nkogyina ɔpanyin bi a ɔwɔ dibea kɛse anim. Sɛ saa a, ɛnde hwɛ sɛnea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yɛn ahosiesie yiye bere a yegyina Yehowa ananmu wɔ asɛnka mu no. Ɛremfata sɛ yɛbɛhyɛ ntade a aba so, anaa ntade basabasa a ani ntew biara de ayɛ yɛn asɛnka adwuma no fã biara. Saa ara nso na ɛmfata sɛ yɛbɛhyɛ atade biara kɛkɛ de kɔ asɛnka. Ɛsɛ sɛ yɛma yɛn asɛnka bag, Bible, ne nhoma ahorow ho tew na ɛfata. Ɛsɛ sɛ yɛhwɛ sɛ yɛn mpaboa ho tew na yɛasiesie no yiye. Ɛnyɛ papa sɛ mmarima bɛhyɛ mpaboa a wɔnhyɛ sɔks. Ɛwom sɛ yebetumi ahyɛ nneɛma a ɛtete saa apue anaa yɛde akɔ apontow bi ase de, nanso bere a yɛreyɛ adwuma a ɛho hia a ɛne sɛ yegyina Ɔsorosoro Nyankopɔn no ananmu reka asɛmpa no, ɛremfata.—2 Kor. 6:3; Nhyehyɛe, kr. 138, nky. 3.

9. (a) Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani kũ sɛnea yesiesie yɛn ho kɔ asafo nhyiam no ho? (b) Ntade bɛn na ɛnsɛ sɛ yɛhyɛ kɔ asafo nhyiam? (d) Sɛ yɛrekɔ Asafo Nhoma Adesua a, ahosiesie bɛn na ɛsɛ sɛ yɛde kɔ?

9 Ntade a Ɛfata a Yɛbɛhyɛ Akɔ Kristofo Nhyiam: Ntade a ɛfata a Ahenni adawurubɔfo hyɛ kɔ asɛnka no ara bi na ɛsɛ sɛ wɔhyɛ kɔ Kristofo nhyiam. Bere nyinaa ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho ma ɛkyerɛ sɛ yebu Bible nkyerɛkyerɛ a ɛho hia ho nhyehyɛe a wɔyɛ ma yɛn yi. Ɛnsɛ sɛ ntade a yɛhyɛ ne yɛn ti a yɛyɛ kyerɛ sɛ yɛde ‘asetra mu nneɛma hoahoa yɛn ho’ anaasɛ yɛde twetwe adwene ba yɛn ho so. (1 Yoh. 2:15, 16) Saa ara na ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho kɔ nhyiam ahorow anum no nyinaa, a Asafo Nhoma Adesua nso ka ho. Ɛremfata sɛ yebesiesie yɛn ho te sɛ nea yɛrekɔsra yɛn nnamfo, anaa yɛrepue akogye yɛn ani. Sɛ yɛkɔ asafo nhyiam biara a, na ɛyɛ Onyankopɔn anim na yɛrekɔ, enti ɛsɛ sɛ yesiesie yɛn ho de kyerɛ sɛ yɛrekɔ Onyankopɔn anim ampa.

10. Esiane sɛ yɛn Bible asuafo no pii ba Asafo nhyiam nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ Luka 6:40 ho?

10 Yɛn Bible asuafo no pii ba yɛn nhyiam ahorow no bi. Wɔhwɛ sɛnea yesiesie yɛn ho ne sɛnea yɛyɛ yɛn ade no paa. Bere a saafo yi nya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu no, wogyae wiase no ntadehyɛ ne ahosiesie na wofi ase hyɛ ntade a ɛfata Onyankopɔn nkurɔfo. Ɛnsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie to saafo no hintidua da. (Luka 6:40; Filip. 1:9, 10) Ɛsɛ sɛ Onyankopɔn ne yɛn yɔnko nnipa ho dɔ ka yɛn ma yɛyɛ nea eye sen biara de boa afoforo ma wonya nkɔso wɔ Onyankopɔn som mu.—Rom. 15:1, 2.

11. (a) Yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yesu wɔ sɛnea yesiesie yɛn ho no mu? (b) Sɛnea 2 Korintofo 6:3 kyerɛ no, dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ da?

11 Sɛ yɛresusuw nea yɛpɛ sɛ yɛhyɛ ho a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ “Kristo mpo ansɔ n’ankasa ani.” (Rom. 15:3) Ade a na ehia Yesu paa ne sɛ ɔbɛyɛ Onyankopɔn apɛde. Yesu maa afoforo a na ɔbɛboa wɔn no nso ho asɛm hiaa no sen n’ankasa ho. Saa ara na nokware Kristofo nso yɛ. Ɛnsɛ sɛ yɛn ntadehyɛ ne yɛn ahosiesie ma ɛyɛ den ma nnipa a wɔwɔ yɛn asasesin mu no sɛ wɔbɛbɛn yɛn. Saa ara nso na ɛnsɛ sɛ yɛto wɔn a wonim nea Yehowa Adansefo gye di na wɔkyerɛkyerɛ no “hintidua biribiara mu” da.—2 Kor. 6:3.

12. Esiane sɛ afoforo rehwɛ yɛn nti, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ bere nyinaa?

12 Yehowa nkurɔfo yɛ ‘ahwɛde ma wiase’ no. (1 Kor. 4:9) Eyi nti, mommma yensuasua wɔn a wɔnyɛ gyidifo a wɔwɔ wiase no ahosiesie a ɛmfata no bi da. Momma yɛnhyɛ ntade a ani tew na ɛfata, na yɛntwe yɛn ho mfi ntade a ɛmfata a mmarima ne mmea hyɛ de kanyan nna ho akɔnnɔ no ho. Sɛ yesiesie yɛn ho wɔ ɔkwan a ɛfata Kristofo asomfo so a, na ‘yɛrehyehyɛ yɛn Agyenkwa Nyankopɔn nkyerɛkyerɛ no kama wɔ ade nyinaa mu,’ na yɛda no adi sɛ yɛde Bible nnyinasosɛm a ɛfa ahosiesie a ɛfata ho rebɔ yɛn bra na yɛda ntease adi.—Tito 2:10.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena