Boa Bible Asuafo ma Wontumi Mfi Asɛnka Ase
1 Ahyɛde a ɛwɔ Mateo 28:19, 20 a Yesu de maa n’asuafo no kɔ akyiri yiye. Kristo ka kyerɛɛ n’asuafo no sɛ wɔnyɛ asuafo pii, na akyiri yi saafo no nso atoa so ayɛ asuafoyɛ adwuma no. Ná wɔnam so bɛto fapem ama Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa a wɔbɛka wɔ awiei bere a yɛwom yi mu.—Mat. 24:14.
2 Wɔn a wobetumi ayɛ yɛn Bible asuafo yɛ yɛn mma anaa afoforo a wɔpɛ sɛ yɛne wɔn sua Bible no. Yefi yɛn koma nyinaa mu pɛ sɛ yɛboa saafo yi ma wɔn mu biara hu sɛ ɛyɛ n’asɛyɛde sɛ ɔboa afoforo ma wɔbɛyɛ Yesu Kristo asuafo.—Luka 6:40.
3 Boa Wɔn Ma Wonni Adanse: Hyɛ wɔn a wo ne wɔn sua ade no nkuran ma wɔnka nea wɔresua no ho asɛm nkyerɛ afoforo. Ka osuahu a ɛhyɛ nkuran a wunya wɔ asɛnka mu kyerɛ wɔn. Tete wo mma fi wɔn mmofraase pɛɛ ma wɔnyɛ asɛnka adwuma no yiye sɛnea wobetumi. (Dw. 148:12, 13) Fa wo kasa ne wo nneyɛe kyerɛ sɛ asɛnka adwuma no ho hia wo paa.—1 Tim. 1:12.
4 Wɔn a wogye Yehowa mmara tom na wodi so no nkutoo na ɔde wɔn yɛ adwuma. Nokwarem no, adawurubɔfo a wɔyɛ foforo no nni osuahu pii te sɛ Ahenni adawurubɔfo a wɔabɔ asu no de, nanso ɛsɛ sɛ wɔn a wɔyɛ foforo no gye Bible nkyerɛkyerɛ atitiriw no di na wotumi kyerɛkyerɛ mu. (Hwɛ Nhyehyɛe nhoma no kr. 79 kosi 82.) Ebedu saa bere yi na ɛsɛ sɛ wɔatwe wɔn ho afi “Babilon Kɛse” no ne amanyɔsɛm ho koraa, na ɛsɛ sɛ wɔkɔ asafo nhyiam daa.—Adi. 18:2, 4; Yoh. 17:16; Heb. 10:24, 25.
5 Sɛ wuhu sɛ wo Bible suani bi fata sɛ ɔyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a, ɛsɛ sɛ woka ho asɛm kyerɛ ɔhwɛfo guamtrani no. Ɔbɛyɛ nhyehyɛe ma asafo mu mpanyimfo baanu ahyia wo ne wo Bible suani no, na wɔahwɛ sɛ ɔfata sɛ ɔyɛ Ahenni no ho dawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu a ɔne asafo no bɛbom akɔ asɛnka. Afei wubenya hokwan atete wo Bible suani no ma wanya nimdeɛ pii bere a wo ne no bɔ anan kɔ asɛnka no.