Ɔsom Nhyiam Nhyehyɛe
Monhyɛ no nsow: Wɔbɛyɛ Ɔsom Nhyiam ho nhyehyɛe ama dapɛn biara wɔ nhyiam bere no mu wɔ Yɛn Ahenni Som no mu. Asafo ahorow no betumi ayɛ nsakrae a ehia na ama wɔatumi akɔ “Munni Kristo Akyi!” Ɔmantam Nhyiam no bi. (Hwɛ eyi ho Nkaebɔ wɔ November 2006 Yɛn Ahenni Som no mu.) Sɛ ɛfata a, momfa Ɔsom Nhyiam a mobɛyɛ ansa na moakɔ nhyiam no mu simma 15 ntĩ afotu ne nkaebɔ a ɛwɔ krataa a ɛhyɛ ɔsram yi Yɛn Ahenni Som mu a ɛfa mo asafo no ho mu. Wɔ mo nhyiam no akyi ɔsram biako anaa asram abien no, momfa Ɔsom Nhyiam no mu simma 15 kosi 20 (ebia asafo mu ahiade bere no) ntĩ nhyiam dwumadi no nsɛntitiriw a adawurubɔfo ahu sɛ aboa wɔn wɔ asɛnka mu no mu. Ɛsɛ sɛ ɔsom adwuma sohwɛfo no di ho dwuma. Bisa atiefo ma wɔnkyerɛ sɛnea wɔde nsɛm yi redi dwuma anaa wɔde bɛyɛ adwuma wɔ asɛnka mu.
Dapɛn a Efi Ase November 12
Dwom 59
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde November 1 Ɔwɛn-Aban ne November Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ. Wɔ emu biara mu no, fa nsɛmma nhoma abien no nyinaa ma, nanso ka biako pɛ ho asɛm. Ka “Ɔmansin Nhyiam Dwumadi Foforo” no ho asɛm. Sɛ mo nsa aka da a mobɛyɛ mo ɔmansin nhyiam no a, ka kyerɛ wɔn.
30 min: “Da Nidi Adi Fa Di Kristo Akyi.”a Ɛsɛ sɛ asafo mu ɔkyerɛwfo no di ho dwuma. Ka nhyiam a mo asafo no bɛkɔ bi no ho asɛm. Tĩ “Ɔmantam Nhyiam Nkaebɔ” a ɛwɔ adaka mu no mu. Kyekyɛ bere no mu yiye na ama woatumi aka nkaebɔ no ho asɛm yiye.
Dwom 44
Dapɛn a Efi Ase November 19
Dwom 109
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kyerɛ nhoma a yɛde bɛma wɔ December mu. Ka “Da Koro Nhyiam Titiriw Dwumadi Foforo” no ho asɛm, na sɛ mo nsa aka da a mobɛyɛ da koro nhyiam titiriw no a, ka kyerɛ wɔn.
15 min: “M o n n a n t e w sɛ Anyansafo.”b Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
20 min: “Ntwentwɛn Wo Nan Ase!”c Sɛ moresusuw nkyekyɛm 5 ho a, ma wɔn a wɔne ebinom asua ade ma wɔabegye nokware no nka wɔn suahu. Ɔkwan bɛn so na Bible adesua a etu mpɔn a wɔyɛ no so wɔ mfaso na anigye wom? Wubetumi ne onipa baako anaa nnipa baanu adi kan asusuw nea wɔbɛka no ho.
Dwom 96
Dapɛn a Efi Ase November 26
Dwom 172
10 min: Asafo mu nkaebɔ. Kenkan sika ho akontaabu ne krataa a ɛkyerɛ sɛ Betel nsa aka sika a mode menae no. Kae adawurubɔfo ma wɔmfa November asɛnka akontaabu mma. Fa nyansahyɛ a ɛwɔ kratafa 8 anaa nsɛm foforo a mubetumi de adi dwuma wɔ mo asasesin mu no yɛ sɛnea wɔde November 15 Ɔwɛn-Aban ne November Awake! bɛma ho ɔyɛkyerɛ.
15 min: “Dwetɛ Wɔ Me, na Sika Wɔ Me.” Ɔkasa a asafo mu ɔpanyin ma a egyina November 1, 2007, Ɔwɛn-Aban, kratafa 17-21 so.
20 min: Mmofra—Ɔkwan Bɛn so na Mubetumi Ayi Yehowa Ayɛ? June 15, 2005, Ɔwɛn-Aban, kratafa 26-28, nkyekyɛm 15-19 a wɔde nsɛmmisa a wɔde ama no susuw ho. Sɛ moresusuw nkyekyɛm 18 ho a, ma mmofra a wɔwɔ atiefo no mu no nka sɛnea wɔadi sukuufo anaa akyerɛkyerɛfo adanse wɔ sukuu mu nkyerɛ.
Dwom 5
Dapɛn a Efi Ase December 3
Dwom 77
15 min: Asafo mu nkaebɔ. Yɛn Ahenni Som mu Nkaebɔ Ahorow a wɔapaw. Ka July Ɔsom Akontaabu ho asɛm tiawa na kamfo wɔn nyinaa sɛ wonyaa asɛnka mu kyɛfa. Hyɛ wɔn nyinaa nkuran sɛ wɔmfa wɔn asɛnka akontaabu mma ntɛm. Ka Asɛmmisa Afã no ho asɛm.
15 min: Sukuu a Wɔn a Wɔakɔ Bi no Boa Nnipa a Wɔwɔ Wiase Nyinaa. Ɔkasa a egyina November 15, 2006, Ɔwɛn-Aban, kratafa 10-13 so. Bisabisa asafo mu mpanyimfo anaa asomfo a wɔwɔ asafo no mu a wɔakɔ Asomfo Ntetee Sukuu no bi nsɛm tiawa. Ɔkwan bɛn so na sukuu no boaa wɔn ma wotuu mpɔn sɛ asɛmpakafo, ahwɛfo ne akyerɛkyerɛfo? Hyɛ anuanom mmarima a wɔfata no nkuran sɛ wɔmfa Asomfo Ntetee Sukuu no nsi wɔn ani so.
15 min: “Yɛka Ahenni Anidaso a Yɛwɔ no ho Asɛm Kyerɛ Afoforo.”d Ma atiefo nka kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no ho asɛm sɛnea bere bɛma kwan.
Dwom 173
a Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
b Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
c Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
d Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.
Mma nnianim nsɛm nnni simma biako, na fa asɛmmisa ne mmuae nkɔmmɔbɔ toa so.