Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/08 kr. 1
  • Yɛwɔ Biribi a Yebetumi De Ama Yehowa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛwɔ Biribi a Yebetumi De Ama Yehowa
  • Yɛn Ahenni Som—2008
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nea Woyɛ a Wommɔ Ka​—Anyinam Ahoɔden ne Pɛtro
    Nyan!—2017
  • Wode Nneɛma Bɛbɔ Afɔre Ama Ahenni No?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Fango—So Ɛbɛsa Da Bi?
    Nyan!—2003
  • Onii a Ade Nyinaa Yɛ Ne Dea No, Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Yɛma No Biribi?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2008
km 3/08 kr. 1

Yɛwɔ Biribi a Yebetumi De Ama Yehowa

1 Wunim sɛ nnipa betumi ama Onyankopɔn biribi? Habel de ne mmoa a wodi mũ mu bi bɔɔ afɔre maa Yehowa, na saa ara na Noa, ne Hiob nso yɛe. (Gen. 4:4; 8:20; Hiob 1:5) Nokwarem no, nneɛma a wɔde bɔɔ afɔre no mu biara amma Ɔbɔadeɛ no annya ne ho ɔkwan biara so, efisɛ biribiara yɛ ne dea. Nanso, afɔre a saa mmarima anokwafo no bɔe no kyerɛe sɛ wɔdɔ Onyankopɔn paa. Ɛnnɛ, yebetumi de yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne yɛn ahode ama Yehowa sɛ “ayeyi afɔre.”—Heb. 13:15.

2 Bere: Hwɛ sɛnea ɛfata sɛ ‘yɛtɔ bere’ wɔ nneɛma a ɛho nhia pii no mu de yɛ asɛnka adwuma no kɛse! (Efe. 5:15, 16) Ebia yebetumi ayɛ nsakrae wɔ yɛn nhyehyɛe mu sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi de ɔsram biako anaa nea ɛboro saa ayɛ akwampaefo aboafo wɔ afe no mu. Ebi nso a, yebetumi akyɛ kakra wɔ asɛnka mu asen sɛnea yɛyɛ daa no. Sɛ yɛde simma 30 ka bere a yɛde kɔ asɛnka nnawɔtwe biara no ho a, anyɛ yiye koraa no, yebenya nnɔnhwerew abien aka nea yenya wɔ ɔsram biara no ho.

3 Ahoɔden: Sɛ yebenya ahoɔden ayɛ asɛnka adwuma no a, ɛnsɛ sɛ yɛde yɛn ho hyɛ anigyede ne adwuma a ɛbɛma yɛabrɛ dodo a ɛrentumi mma yɛmfa nea ɛsɛ mma Yehowa mu. Ɛnsɛ sɛ yedwennwen nneɛma ho pii ma yɛn koma “botow” sɛnea ɛbɛyɛ a yebenya ahoɔden de asom Onyankopɔn. (Mmeb. 12:25) Sɛ yɛwɔ biribi a ɛsɛ sɛ yedwennwen ho mpo a, hwɛ sɛnea eye sɛ ‘yɛbɛdan yɛn adesoa ato Yehowa so!’—Dw. 55:22; Filip. 4:6, 7.

4 Ahode: Yebetumi de yɛn ahode nso aboa asɛnka adwuma no. Paulo hyɛɛ mfɛfo Kristofo nkuran sɛ ‘wonnyi biribi nsie’ daa, sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya biribi ama wɔn a ehia sɛ wɔboa wɔn no. (1 Kor. 16:1, 2) Ɔkwan a ɛte saa ara so no, ebia yebetumi de sika kakra asie na yɛde ayi ntoboa de aboa yɛn asafo ne wiase nyinaa adwuma no. Sɛ nea yefi yɛn komam de ma no sua mpo a, Yehowa ani sɔ.—Luka 21:1-4.

5 Yehowa ama yɛn nneɛma pii. (Yak. 1:17) Yɛnam yɛn bere, yɛn ahoɔden, ne nneɛma afoforo a yɛde ma so kyerɛ ho anisɔ. Saa a yɛyɛ no ma Yehowa ani gye “efisɛ Onyankopɔn dɔ nea ɔtew n’anim ma.”—2 Kor. 9:7.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena