Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 3/08 kr. 5-6
  • Woka Akyi Bere Nyinaa?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Woka Akyi Bere Nyinaa?
  • Yɛn Ahenni Som—2008
Yɛn Ahenni Som—2008
km 3/08 kr. 5-6

Woka Akyi Bere Nyinaa?

1. (a) Ɛdefa bere sodi ho no, nsɛm bɛn na yebetumi abisa yɛn ho? (b) Sɛ yedi bere so bere nyinaa a ɛkyerɛ dɛn?

1 So wunim sɛ ehia sɛ wudi bere so wɔ biribiara a woyɛ mu? Wutumi du Ahenni Asa so ansa na wɔafi nhyiam ahorow ase? So wudu hɔ ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a wode anigye bekyia anuanom ne anigyefo na woama wɔn akwaaba, na woayɛ nneɛma afoforo? Sɛ wɔto nsa frɛ wo baabi a, wudu hɔ bere ano? Sɛ wutumi yɛ saa a, ɛnde na woyɛ obi a wudi bere so. Sɛ wudi bere so a, ɛkyerɛ sɛ wodɔ afoforo na wudwen wɔn ho. Ɛkyerɛ nso sɛ, wototo wo nneɛma yiye, na ɛma wɔn a wo ne wɔn bɔ no nso ani gye paa.

2. Sɛ yɛannu asafo nhyiam ase ntɛm kakraa bi mpo a, dɛn na ɛpa yɛn ti so?

2 Ɔkwan biako a Kristoni betumi afa so akyerɛ sɛ odwen afoforo ho ne sɛ obedu asafo nhyiam ase ntɛm. Eyi kyerɛ sɛ ɔwɔ obu ma Yehowa Nyankopɔn ne honhom fam aduan a ɔde ma no. Sɛ yɛka akyi simma kakra wɔ nhyiam ahorow ase a, dɛn na ɛba? Nkuranhyɛ a anuanom de ma wɔn ho wɔn ho ansa na nhyiam no afi ase no pa yɛn ti so. Yɛrennya hokwan ne yɛn nuanom mmom nto dwom a yɛde yi Yehowa din ayɛ no. Eyi yɛ ade a ɛho hia paa wɔ yɛn som mu. Sɛ yɛka akyi wɔ nhyiam ahorow ase a, hokwan kɛse a anka yebenya ne asafo no abom akɔ Yehowa anim wɔ mpaebɔ mu no nso bɔ yɛn.

3. (a) Sɛ yɛka akyi a, ɛka yɛne Yehowa ntam abusuabɔ dɛn? Ma mfatoho. (b) Sɛ yɛka akyi a, ɛka afoforo dɛn?

3 Sɛ yɛankɔto nhyiam no fã kakra a edi kan no a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛrekenkan asɛm bi wɔ krataa so na yɛafi ase wɔ mfinimfini baabi—yɛrenhu nea asɛm no fi, ne sɛnea wofii ase. Eyi remma yɛnte asɛm no nyinaa ase papa. Saa ara na sɛ yɛka akyi a, Bible mu akwankyerɛ a ɛho hia bɛpa yɛn ti so, na yɛbɛtwetwe yɛn nuanom a wɔbaa ntɛm no nso adwene afi dwumadi no so.

4. (a) Dɛn na ɛbɛyɛ sɛ ɛma ebinom ka akyi bere nyinaa? (b) Sɛ yɛtaa ka akyi a, adwene bɛn na ebia afoforo benya wɔ yɛn ho?

4 Dɛn Nti na Ebinom Ka Akyi Bere Nyinaa? Ebinom taa ka akyi efisɛ wonhu hia a ehia sɛ wɔbɔ mmɔden di bere so no. Ebetumi ayɛ den ama afoforo sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama obi a ɔtaa ka akyi a ntease biara nnim no. Ɔkwan bɛn so? Wɔ nnipa pii adwene mu no, wobebu no sɛ obi a onsusuw nneɛma ho yiye, ɔnnwen afoforo ho, na mpo wontumi mfa wɔn ho nto no so wɔ nneɛma afoforo mu. Nanso sɛ obi di bere so a, ɛyɛ ɔkwan biako a ɔde kyerɛ sɛ ɔwɔ obu ma Yehowa na ɔdɔ afoforo.—Fa toto Mateo 7:12 ho.

5. (a) Ɛtɔ bere bi a, dɛn na ebetumi ama yɛaka akyi wɔ nhyiamkɔ ho? (b) Sɛ yɛka akyi mpo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yɛ?

5 Ɛyɛ nokware sɛ ɛtɔ mmere bi a, ɛmfa ho mmɔden biara a yɛbɛbɔ no, yɛbɛka akyi wɔ nhyiam bi ase. Ebia yɛrennya kar ntɛm anaa yɛn ankasa kar bɛsɛe wɔ kwan so. Obi a ofi abusua a wɔn nyinaa nyɛ gyidifo mu, anaa ɔbaatan a ɔwɔ mmofra nkumaa a ɔne wɔn ba nhyiam no betumi ahyia ɔhaw bi a ɔnhwɛ kwan bere a bere aso sɛ wofi fie no. Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, sɛ anka wobɛma nhyiam no nyinaa apa wo ti so no, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛbɔ mmɔden aba nhyiam no abetie dwumadi a aka no. Afoforo a wɔwɔ asafo no mu bɛte tebea a ɛte saa ase. Nanso sɛ yebetumi ayɛ yɛn tebea no ho biribi a, ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu nneɛma so, yɛtoto nneɛma ase, anaa yɛyɛ anibiannaso na yɛka akyi bere nyinaa.

6. Nhwɛso bɛn na ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo ne asomfo yɛ wɔ bere sodi ho?

6 Sɛ yɛba asafo nhyiam ahorow na yebehu sɛ mpanyimfo ne asomfo aba dedaw, na wɔayɛ krado sɛ wobekyia yɛn ama yɛn akwaaba, na yɛte nka sɛ yɛwɔ Kristofo abusua a ɔdɔ wom mu a, hwɛ sɛnea ɛhyɛ nkuran! (Rom. 15:7) Enti sɛ woyɛ asafo mu ɔpanyin anaa ɔsomfo a, ma ɛntra w’adwenem sɛ wo ne w’abusua bɛba nhyiam ahorow ntɛm de ayɛ nhwɛso pa ama asafo no.—1 Pet. 5:3.

7. Dɛn na ebinom ayɛ de adi ɔhaw no ho dwuma?

7 Dɛn na Wubetumi Ayɛ? Dɛn na adawurubɔfo binom ayɛ wɔ tebea yi ho? Ebinom de mpaebɔ asusuw tebea no ho na wɔakɔ wɔn adwumawuranom nkyɛn ne wɔn akosusuw ho sɛnea ɛbɛyɛ a da a wɔbɛkɔ asafo nhyiam no wɔbɛma wɔapɔn ntɛm, na da a wɔrenkɔ nhyiam no, wɔayɛ adwuma ahyɛ mu. Ebinom asi wɔn bo sɛ, sɛ ɛsɛ sɛ wɔyɛ biribi wɔ bere a wɔde kɔ nhyiam a, wobetu ahyɛ da. Sɛ yɛyɛ saa a, yɛnam kɔ a yɛkɔ nhyiam no nyinaa na yedu hɔ ntɛm no so pɛɛpɛɛ mu hu nneɛma a ehia koraa no.—Mmeb. 21:5; Filip. 1:10.

8. Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛka akyi wɔ asɛnka nhyiam ase?

8 Sɛ yɛrehyia akɔ asɛnka nso a, ɛsɛ sɛ yedi bere so. Nkuranhyɛ ne akwankyerɛ a wɔde ma wɔn a wɔkɔ asɛnka no taa pa adawurubɔfo a wɔntaa mma nhyiam yi ntɛm no ti so. Susuw eyi nso ho hwɛ; sɛ adawurubɔfo 10 sɛe simma 6 de twɛn onua a ɔbɛhwɛ asɛnka nhyiam no so a, ɛbɛma wɔasɛe bere a wɔde bɛyɛ asɛnka adwuma saa da no dɔnhwerew biako. Bere sodi ma yenya bere pii de yɛ asɛnka ne asuafoyɛ adwuma a ɛho hia paa no. Sɛ yedi bere so a, ɛma wɔn a yɛanya wɔn foforo a wɔkyerɛ asɛm no ho anigye no nya ahyehyɛde a yɛwom no mu ahotoso. Yɛn bere so a yebedi pɛpɛɛpɛ no kyerɛ sɛ yɛyɛ nnipa a yɛn ‘Yiw yɛ yiw, na yɛn Dabi nso yɛ dabi.’—Mat. 5:37.

9. Sɛnea 2 Korintofo 6:3, 4 kyerɛ no, dɛn nti na ɛsɛ sɛ awofo ne wɔn a wɔne afoforo sua Bible no bɔ mmɔden bere nyinaa sɛ wobedi bere so?

9 Ɛsɛ sɛ awofo di bere so de yɛ nhwɛso pa ma wɔn mma. Sɛ wɔhyɛ bere a wɔde bɛyɛ abusua adesua wɔ fie a, ɛsɛ sɛ abusua no mufo nyinaa ba, na wɔba bere ano nso de boa ma nhyehyɛe yi kɔ so. Sɛ adawurubɔfo tumi du wɔn Bible asuafo hɔ wɔ bere ano dapɛn biara ne wɔn yɛ adesua a, wɔnam so bɛkyerɛ wɔn hia a ehia sɛ wodi bere so. (Luka 6:40) Sɛ yɛyɛ eyi a, ɛma wɔn a wohu yɛn no bu yɛn, na “yɛnto hintidua biribiara mu, na amma wɔannya yɛn som adwuma no ho asɛm biara.”—2 Kor. 6:3, 4.

10. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛn nyinaa bɔ mmɔden sɛ yebedi bere so?

10 Sɛ yɛtaa ka akyi bere nyinaa a, ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ: Sɛ yɛkɔ Kristofo nhyiam ntɛm, yɛkɔ asɛnka nhyiam ntɛm, na yedi bere so pɛpɛɛpɛ wɔ nneɛma afoforo mu a, ɛbɛkyerɛ sɛ yebu afoforo na yedi wɔn ni. Ɛkyerɛ nso sɛ yɛntoto nneɛma ase na afoforo betumi de wɔn ho ato yɛn so. Ɛma ɛda adi nso sɛ yɛn ani sɔ honhom fam nsiesiei a Yehowa ayɛ ama yɛn no paa. Sɛ yɛn nyinaa nya su pa yi na yɛbɔ yɛn ho mmɔden a, yebetumi adi bere so!

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena