Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • So Wɔwoo Yesu December Mu?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
    • amanneɛ sɛ “osu kɛse bi nti” nkurɔfo no “ho popoe.” Nnipa a na wɔahyiam no ankasa kaa sɛnea na ewim tebea te saa bere no wɔ afe no mu ho asɛm sɛ: “Osutɔ bere yi nso yɛrentumi nnyina abɔnten so.” (Esra 10:9, 13; Yeremia 36:22) Ɛnyɛ nwonwa sɛ na nnipa a wɔte saa beae hɔ ne wɔn nguan ntra wuram anadwo December mu!

      Nanso, Bible bɔ amanneɛ sɛ, anadwo a wɔwoo Yesu no, na nguanhwɛfo wɔ wuram rehwɛ wɔn nguan. Nokwarem no, Bible kyerɛwfo Luka kyerɛ sɛ saa bere no, na nguanhwɛfo “da wuram rewɛn wɔn nguankuw anadwo” wɔ beae bi a ɛbɛn Betlehem. (Luka 2:8-12, Twi Bible, Akuapem) Hyɛ no nsow sɛ na nguanhwɛfo no da wuram ankasa, ɛnyɛ sɛ na wɔafi adi retu mpase awia bi kɛkɛ. Ná wɔde wɔn nguan no kɔ adidi wɔ wuram anadwo no. So sɛnea na awɔw wom na osu tɔ wɔ Betlehem December mu no ne asɛm a ɛne sɛ na wɔda wuram anadwo no hyia? Dabi, ɛne no nhyia. Enti nsɛm a ɛkɔɔ so bere a wɔwoo Yesu no kyerɛ sɛ wɔanwo no December mu.a

      Onyankopɔn Asɛm ka bere pɔtee a Yesu wui kyerɛ yɛn, nanso bere a wɔwoo no ho asɛm kakraa bi pɛ na ɛka kyerɛ yɛn. Eyi ma yɛkae Ɔhene Salomo asɛm yi: “Din pa ye sen ngo pa, na owuda ye sen awoda.” (Ɔsɛnkafo 7:1) Ɛnde, ɛnyɛ nwonwa sɛ Bible ka Yesu som adwuma ne ne wu ho nsɛm pii kyerɛ yɛn, nanso ɛka n’awo ho nsɛm kakraa bi pɛ.

      Nguanhwɛfo ne wɔn nguan wɔ sare so anadwo; wɔbɛn Betlehem

      Bere a wɔwoo Yesu no, na nguanhwɛfo ne wɔn nguan da wuram anadwo

  • So Ɛsɛ sɛ Yedi Afahyɛ Ahorow?
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
    • NKEKAHO

      So Ɛsɛ sɛ Yedi Afahyɛ Ahorow?

      NYAMESOM mu afahyɛ ahorow a agye din ne wiase afahyɛ ahorow a wodi wɔ aman pii so nnɛ no mfi Bible mu. Ɛnde, afahyɛ ahorow a ɛtete saa no fi he? Sɛ wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea bi a, ɛbɛyɛ wo nwonwa sɛ wubehu nea nhoma ahorow a wɔde yɛ nhwehwɛmu ka fa afahyɛ ahorow a agye din wɔ baabi a wote no ho. Susuw nhwɛso kakraa bi ho hwɛ.

      Easter. The Encyclopædia Britannica ka sɛ: “Biribiara nni Apam Foforo no mu a ɛka Easter afahyɛdi ho asɛm.” Ɛnde, ɛyɛɛ dɛn na wofii ase dii Easter? Efi abosonsom mu. Bere a wɔkyerɛ sɛ wodi afahyɛ yi de kae Yesu wusɔre no, amanne ahorow a wɔyɛ wɔ Easter bere mu no mfi Kristosom mu. Sɛ nhwɛso no, The Catholic Encyclopedia ka “Easter adanko” a agye din no ho asɛm sɛ: “Adanko yɛ abosonsomfo agyiraehyɛde, na wɔde ayɛ awo ho sɛnkyerɛnne bere nyinaa.”

      Afe Foforo Afahyɛ Ahorow. Ɛsonsono ɛda a wodi Afe Foforo ne amanne ahorow a wɔyɛ wɔ afahyɛ no mu wɔ aman horow so. The World Book Encyclopedia ka baabi a afahyɛ yi fi ho asɛm sɛ: “Roma sodifo Julius Caesar na ɔde January 1 sii hɔ sɛ Afe Foforo Da wɔ afe 46 A.Y.B. mu. Romafo hyiraa ɛda yi so maa Janus, apon ano hwɛfo ne nneɛma mfiase nyame no. Wɔde January ɔsram no too Janus, a na ɔwɔ anim abien a biako hwɛ n’anim na biako hwɛ n’akyi no.” Enti, Afe Foforo afahyɛ fi abosonsom mu.

      Halloween. The Encyclopedia Americana ka sɛ: “Nneɛma bi a wɔyɛ wɔ Halloween mu no fii ase wɔ Druidfo [tete Celticfo asɔfodi] afahyɛ a na wodi ansa na Kristofo mmere reba no mu. Ná Celticfo hyɛ fã ma wɔn anyame atitiriw baanu a wɔne awufo nyame . . . ne owia nyame. Na wodi awufo nyame afahyɛ no November 1, bere a na Celticfo no Afe Foforo fi ase no. Nkakrankakra, wɔde awufo afahyɛ no bɛhyɛɛ Kristofo amanne mu.”

      Afahyɛ Afoforo. Yentumi nsusuw afahyɛ ahorow a wodi wɔ wiase no nyinaa ho. Nanso, Yehowa ani nsɔ afahyɛ ahorow a wodi de kamfo nnipa anaa nnipa ahyehyɛde ahorow no. (Yeremia 17:5-7; Asomafo Nnwuma 10:25, 26) Kae nso sɛ, baabi a nyamesom afahyɛ no fi bae no na ɛbɛkyerɛ sɛ ebia ɛsɔ Onyankopɔn ani anaasɛ ɛnsɔ n’ani. (Yesaia 52:11; Adiyisɛm 18:4) Bible nnyinasosɛm ahorow a yɛkaa ho asɛm wɔ nhoma yi Ti 16 no bɛboa wo ma woahu sɛnea Onyankopɔn bu wiase afahyɛ bi a wubedi no.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2026)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena