Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • jt kr. 27-31
  • Nsɛm a Anigyefo Taa Bisa

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Anigyefo Taa Bisa
  • Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
    “Hwɛ! Meyɛ Nneɛma Nyinaa Foforo”
  • Ɔsom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Dɛn na Bible Kyerɛkyerɛ Ankasa?
  • San a Wɔsan Ba Nokware Nyankopɔn no Nkyɛn
    Onyankopɔn Akyi Kwan a Adesamma Hwehwɛ
  • Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
    Dɛn na Yehowa Adansefo Gye Di?
Hwɛ Pii Ka Ho
Yehowa Adansefo—Wɔne Henanom? Wɔn Gyidi ne Dɛn?
jt kr. 27-31

Nsɛm a Anigyefo Taa Bisa

Sɛ Onyankopɔn ne dɔ a, dɛn nti na ɔma nsɛmmɔnedi ho kwan?

ONYANKOPƆN ma nsɛmmɔnedi ho kwan, na asase so nnipa ɔpepem pii boapa di nsɛmmɔne. Sɛ nhwɛso no, wɔde wɔn ho hyɛ akodi mu, totow atopae kunkum mmofra, wɔsɛe asase no, na ɛma ɔkɔm ba. Nnipa ɔpepem pii nom sigaret na wonya ahurututu mu kokoram, wɔbɔ aguaman na wonya nyarewa ahorow, wɔbow nsa na wonya berɛbo mu yare, ɛne nea ɛkeka ho. Ɛda adi sɛ nnipa a wɔte saa no mpɛ sɛ amumɔyɛ befi hɔ koraa. Nea wɔpɛ mmom ne sɛ sɛ wodi nsɛmmɔne a, wɔnka wɔn hwee. Sɛ wotwa nea wogu no so aba a, wodi abooboo sɛ, “Dɛn nti na ɛsɛ sɛ eyi to me?” Na wɔbɔ Onyankopɔn sobo, sɛnea Mmebusɛm 19:3 ka no: “Onipa agyimisɛm sɛe n’akwan, na ne koma huru hyɛ AWURADE.” (The New English Bible) Na sɛ Onyankopɔn ka sɛ wonnyae wɔn nneyɛe bɔne no nso a, wonwiinwii esiane sɛ wonnya hokwan nyɛ bio!

Atirimpɔw titiriw nti a Yehowa ama amumɔyɛ ho kwan ne sɛ ɔde rebua Satan mpoatwa no. Satan Ɔbonsam kae sɛ sɛ wɔsɔ nnipa hwɛ wɔ asase so a, wɔrenni Onyankopɔn nokware. (Hiob 1:6-12; 2:1-10) Yehowa ama Satan kwan ma watra hɔ na ama wanya hokwan de akyerɛ sɛ ne mpoatwa no yɛ nokware a. (Exodus 9:16) Esiane sɛ Satan pɛ sɛ ne mpoatwa no yɛ nokware nti, ɔda so ara haw nkurɔfo seesei, na ɔma nnipa sɔre tia Nyankopɔn. (Adiyisɛm 12:12) Nanso, Hiob gyinaa pintinn. Saa na Yesu nso yɛe. Nokware Kristofo nso yɛ saa nnɛ.—Hiob 27:5; 31:6; Mateo 4:1-11; 1 Petro 1:6, 7.

Mepɛ sɛ minya asase so paradise a nkurɔfo bɛtra mu daa no mu gyidi, nanso wugye di sɛ ɛbɛba ampa?

Saa na Bible no kyerɛ. Ɛte sɛ nea ɛyɛ den sɛ wobegye adi esiane sɛ adesamma ahu amane mfehaha pii nti. Yehowa bɔɔ asase no, ɔka kyerɛɛ nnipa sɛ wɔmfa atreneefo mmarima ne mmea nhyɛ so ma, na wɔahwɛ nnua ne mmoa so na wɔahwɛ ma ne fɛ no atra hɔ a wɔrensɛe no. (Hwɛ nkratafa 12 ne 17.) Sɛ́ anka yɛbɛka sɛ saa Paradise a wɔde hyɛɛ bɔ no ntumi mma no, mprempren amanehunu tebea no mmom na ɛmfata koraa sɛ ɛbɛkɔ so atra hɔ. Paradise na wɔde besi ananmu.

Mɛyɛ dɛn atumi abua nkurɔfo a wodi fɛw ka sɛ Bible no yɛ anansesɛm nhoma a ennyina nyansahu so no?

Ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn gyidi hinhim wɔ bɔhyɛ ahorow yi ho. ‘Gyidi di nea wɔte no akyi.’ Sɛ yesua Onyankopɔn Asɛm a, ɛma yehu nyansa paa, na yɛn gyidi mu yɛ den.—Romafo 10:17; Hebrifo 11:1.

Bible ho nneɛma a wɔatutu fam ahu si so dua pen sɛ Bible abakɔsɛm no yɛ nokware. Nokware nyansahu ne Bible no hyia. Ná nokwasɛm a edidi so yi wɔ Bible mu bere tenten ansa na wiase animdefo rehu: nea ɛyɛe a asase bae, sɛ asase no yɛ kurukuruwa, sɛ ɛsensɛn wim, ne sɛ nnomaa di atutra.—Genesis, ti 1; Yesaia 40:22; Hiob 26:7; Yeremia 8:7.

Nkɔmhyɛ a enya mmamu no di adanse sɛ Bible no fi honhom mu. Daniel kaa wiase tumidi ahorow sɔre ne wɔn asehwe, ne afei Mesia no ba ne ne wu ho asɛm siei bere tenten. (Daniel, ti 2, 8; 9:24-27) Ɛnnɛ, nkɔmhyɛ ahorow da so renya mmamu, na ɛda no adi sɛ “nna a edi akyiri” no ni. (2 Timoteo 3:1-5; Mateo, ti 24) Enni nnipa tumi mu sɛ wobehu nneɛma a ɛtete saa asie. (Yesaia 41:23) Sɛ wopɛ eyi ho nsɛm pii a, hwɛ The Bible—God’s Word or Man’s? ne Is There a Creator Who Cares About You? nhoma, a Watchtower Bible and Tract Society na wotintimii no.

Mɛyɛ dɛn atumi ahu sɛnea wobua Bible ho nsɛmmisa?

Ɛsɛ sɛ wusua Bible no na wudwennwen ho, na bere koro no ara wosrɛ Onyankopɔn honhom ma ɛkyerɛ wo kwan. (Mmebusɛm 15:28; Luka 11:9-13) Bible ka sɛ: “Na sɛ ɛka mo mu bi nyansa a, ommisa Onyankopɔn a ɔma nnipa nyinaa ade kwa na ahohora nnim no, na wɔde bɛma no.” (Yakobo 1:5) Afei nso, wubetumi de nhoma ahorow a wɔde sua Bible no nso adi dwuma. Mpɛn pii no, ɛfata nso sɛ wobɛhwehwɛ mmoa afi afoforo hɔ, te sɛ nea Filipo ne Etiopiani no suaa ade no. (Asomafo no Nnwuma 8:26-35) Yehowa Adansefo ne anigyefo yɛ Bible adesua wɔ wɔn afie a wonnye hwee. Fi wo pɛ mu bisa mmoa a ɛte saa ho asɛm.

Dɛn nti na nnipa pii sɔre tia Yehowa Adansefo na wɔka sɛ ɛnsɛ sɛ me ne wɔn sua ade?

Yesu hyiaa ɔsɔretia wɔ n’asɛnka adwuma no mu, na ɔkae sɛ wɔbɛtaa n’akyidifo nso. Bere a Yesu nkyerɛkyerɛ no maa ebinom ho dwiriw wɔn no, nyamesom asɔretiafo no kae sɛ: “So wɔadaadaa mo nso? Mpanyimfo anaa Farisifo no mu bi agye no adi anaa?” (Yohane 7:46-48; 15:20) Nnipa a wotu wo fo sɛ ɛne Adansefo no nnsua ade no pii yɛ nea wɔaka wɔn ho nsɛmmɔne akyerɛ wɔn anaa wɔama wɔanya wɔn ho adwemmɔne. Ɛne Adansefo no nsua ade na w’ankasa hu, sɛ wo Bible mu ntease benya nkɔanim anaa ɛrennya nkɔanim.—Mateo 7:17-20.

Dɛn nti na Adansefo no kɔ nkurɔfo a wɔwɔ wɔn ankasa som no nkyɛn?

Wɔ eyi yɛ mu no, wodi Yesu nhwɛso akyi. Ɔkɔɔ Yudafo no nkyɛn. Ná Yudafo no wɔ wɔn ankasa som, nanso akwan pii so no, na wɔmfa Onyankopɔn Asɛm nni dwuma. (Mateo 15:1-9) Aman nyinaa wɔ ɔsom bi, sɛ ɛyɛ nea wɔfrɛ no Kristosom anaa nea ɛnyɛ Kristosom no. Ɛho hia yiye sɛ nkurɔfo bekura gyidi a ɛne Onyankopɔn ankasa Asɛm hyia mu, na mmɔden a Adansefo no bɔ de boa wɔn wɔ eyi yɛ mu no kyerɛ ɔdɔ a wɔwɔ ma wɔn afipamfo.

So Adansefo no gye di sɛ wɔn som nkutoo na eye?

Ɛsɛ sɛ obiara a n’ani ku ne som ho no susuw sɛ ɛno ne nokware som. Sɛ ɛnte saa a, dɛn nti na ɛsɛ sɛ ɔde ne ho hyem? Wotu Kristofo fo sɛ: “Monsɔ ade nyinaa nhwɛ, na munso nea eye no mu.” (1 Tesalonikafo 5:21) Ɛsɛ sɛ onipa no hwɛ hu sɛ Kyerɛwnsɛm no ma ne gyidi no ho kwan, efisɛ gyidi biako pɛ a ɛyɛ nokware na ɛwɔ hɔ. Efesofo 4:5 si eyi so dua, na ɛka “Awurade biako, gyidi biako, asubɔ biako” ho asɛm. Yesu ani nnye nnɛyi adwene a emu gow a ɛne sɛ akwan ne ɔsom pii na ɛwɔ hɔ, na ne nyinaa kɔ nkwagye mu no ho. Mmom no, ɔkae sɛ: “Ɔpon teateaa ne ɔkwan hiahiaa no ne nea ɛkɔ nkwa mu, na wɔn a wohu no sua.” Yehowa Adansefo gye di sɛ wɔahu saa kwan no. Anyɛ saa a, anka wɔbɛhwehwɛ ɔsom foforo.—Mateo 7:14.

So wogye di sɛ wɔn nkutoo na wobenya nkwa?

Dabi. Nnipa ɔpepem pii a wɔtraa ase mfehaha pii a atwam a na wɔnyɛ Yehowa Adansefo no bɛsan aba wɔ owusɔre no mu, na wɔanya hokwan a wɔde bɛpaw nkwa. Ebia nnipa a wɔte ase nnɛ no pii begyina nokware ne trenee afã ansa na “ahohiahia kɛse” no aba na wɔanya nkwa. Bio nso, Yesu kae sɛ ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ho yɛn ho atɛn. Yɛhwɛ nea etua aniwa; Onyankopɔn hwɛ komam. Ohu biribiara na ofi mmɔborohunu mu bu atɛn. Yesu na Onyankopɔn de atemmu no ahyɛ ne nsa, na ɛnyɛ yɛn.—Mateo 7:1-5; 24:21; 25:31.

Sika fam ntoboa bɛn na wɔhwɛ kwan sɛ wɔn a wɔkɔ Yehowa Adansefo nhyiam horow no beyi?

Ɛdefa ntoboayi ho no, ɔsomafo Paulo kae sɛ: “Sɛnea obiara asusuw ne komam no, ɔmma, ɛnyɛ amemmenemfe anaa ɔhyɛ mu; efisɛ nea ɔtew n’anim ma no na Onyankopɔn dɔ no.” (2 Korintofo 9:7) Wɔ Yehowa Adansefo Ahenni Asa ne nhyiam asa ahorow so no, wɔmfa ade mfa nnipa anim nnyigye sika biara. Wɔde nnaka sisi hɔ na ama obiara a ɔpɛ sɛ oyi ntoboa no atumi ayi. Obi nhu nea ɔfoforo yi, na sɛ obi anyi bi nso a, obiara nhu. Ebinom tumi yi pii sen afoforo; ebinom ntumi nyi hwee. Yesu kyerɛɛ adwene a ɛfata a ɛsɛ sɛ yenya bere a ɔkaa ntoboa adaka a na esi Yerusalem asɔrefie hɔ ne wɔn a na wɔreyi ntoboa ho asɛm no: Ɛyɛ ahoɔden a obi wɔ sɛ obeyi bi ama ne honhom a ɔde yi no na ehia, na ɛnyɛ sika dodow a oyi no.—Luka 21:1-4.

Sɛ mebɛyɛ Yehowa Dansefo a, so wɔbɛhwɛ kwan sɛ mɛka asɛm no bi sɛnea wɔyɛ no?

Sɛ obi benya asase so Paradise a wɔahyɛ ho bɔ wɔ Kristo Ahenni ase no ho nimdeɛ a, ɛsɛ sɛ ɔka ho asɛm kyerɛ afoforo. Wo nso wobɛpɛ sɛ woyɛ saa ara. Ɛyɛ asɛmpa!—Asomafo no Nnwuma 5:41, 42.

Eyi a wobɛyɛ no yɛ ɔkwan titiriw a wonam so kyerɛ sɛ woyɛ Yesu Kristo suani. Wɔ Bible mu no, wɔfrɛ Yesu “Ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo.” Bere a na ɔwɔ asase so no, ɔkaa asɛm no sɛ: “Ɔsoro ahenni no abɛn,” na ɔsomaa n’asomafo no sɛ wɔnkɔyɛ saa ara. (Adiyisɛm 3:14; Mateo 4:17; 10:7) Akyiri yi, Yesu hyɛɛ n’akyidifo sɛ: “Enti monkɔ nkɔyɛ amanaman nyinaa m’asuafo . . . na monkyerɛkyerɛ wɔn.” Ɔsan ka siei sɛ ansa na awiei no bɛba no, “wɔbɛka ahenni no ho asɛmpa yi wiase nyinaa de adi amanaman nyinaa adanse.”—Mateo 24:14; 28:19, 20.

Akwan pii wɔ hɔ a wɔfa so ka asɛmpa no. Nkɔmmɔ a wɔne nnamfo ne afipamfo bɔ no yɛ nea mpɛn pii no ebue kwan ma saayɛ. Ebinom yɛ saa denam nkrataa-kyerɛw ne telefon so. Afoforo nso de nhoma a nsɛm a wosusuw sɛ obusuani bi ani begye ho titiriw wom mena. Esiane sɛ Adansefo no nni ɔpɛ sɛ wobetwa obiara agyaw nti, wɔde asɛm no kɔ afie afie.

Bible no de anigye to nsa frɛ afoforo sɛ: “Honhom no ne ayeforo no se: Bra! Na nea otie no nka sɛ: Bra! Na nea osukɔm de no mmra, na nea ɔpɛ no mmegye nkwa nsu no kwa.” (Adiyisɛm 22:17) Paradise asase ne emu nhyira ahorow ho asɛm a yɛbɛka akyerɛ afoforo no yɛ nea ɛsɛ sɛ obi fi ne pɛ mu yɛ, efi koma a ɛwɔ ɔpɛ sɛ ɛbɛka asɛmpa yi no mu.

Yegye di sɛ wowɔ nsɛmmisa foforo fa Yehowa Adansefo ne wɔn gyidi ahorow ho. Ebia nsɛm no bi asete yɛ den ankasa. Yɛwɔ ɔpɛ sɛ yebebua wo nsɛmmisa no. Yɛrentumi mmua ne nyinaa wɔ saa nhomawa yi mu, enti yɛto nsa frɛ wo sɛ bisa Adansefo a wɔwɔ wo mpɔtam hɔ no. Wubetumi ayɛ saa wɔ nhyiam a wɔyɛ wɔ wɔn Ahenni Asa so ase anaasɛ bere a wɔbɛsra wo wɔ wo fie no. Anaasɛ wubetumi de wo nsɛmmisa amena Watch Tower, denam address ahorow a ɛwɔ ase hɔ a wode bedi dwuma no so.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena