So Wubetumi Ayɛ Asɛnka Adwuma no Bi Kwasida?
1. Dɛn na yebetumi asua afi nea Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho wɔ Filipi no yɛe no mu?
1 Ná ɛyɛ Homeda, ɛda a Yudafo dodow no ara a wɔwɔ Filipi no de gye wɔn ahome. Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no kɔyɛɛ asɛmpatrɛw adwuma wɔ hɔ. Sɛ wɔhomee saa da no a wɔankɔ asɛnka a, ná anka obiara rentumi nkasa ntia wɔn. Nanso na wonim sɛ Yudafo no hyia wɔ kurow no akyi bɔ mpae, enti wɔde hokwan no kɔkaa asɛm no kyerɛɛ wɔn. Hwɛ sɛnea ɛbɛyɛ sɛ Paulo ne wɔn a na wɔka ne ho no ani gyei bere a Lidia tiee wɔn na ne fiefo nyinaa bɔɔ asu no! (Aso. 16:13-15) Esiane sɛ nnɛ nnipa pii gye wɔn ahome Kwasida nti, dɛn nti na womfa saa da no bi nka asɛm no nkyerɛ wɔn?
2. Nsɛnnennen bɛn na Yehowa nkurɔfo adi so sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi adanse Kwasida a wonhyia ɔhaw biara?
2 Nea Ɛyɛe a Kwasida Asɛnka Tumi Gyinae: Wɔ afe 1927 mu no, wɔhyɛɛ Yehowa nkurɔfo nkuran sɛ wɔmfa Kwasida biara nyɛ asɛnka adwuma no bi. Eyi ma wohyiaa ɔsɔretia amonom hɔ ara. Wɔkyeree wɔn mu pii wɔ United States sɛ wɔabu Kwasida Homeda mmara no so, na wɔhaw ɔmanfo asomdwoe na afei nso wɔtɔn nneɛma a wonni tumi krataa biara. Nanso Yehowa nkurɔfo abam ammu. Wɔ afe 1930 mfe no mu hɔ no, wɔhyehyɛɛ “akuw nketewa ɔsatu” a na adawurubɔfo a wofi asafo ahorow a wɔbemmɛn ho no hyia kɔyɛ asasesin bi mu adwuma. Wɔ mmere ahorow a wɔkyeree anuanom bi no, na anuanom no dɔɔso ara ma enti na atumfoɔ no nhu nea wɔnyɛ wɔn. So w’ani nsɔ ahofama a saa anuanom a wɔwɔ United States no daa no adi sɛnea ɛbɛyɛ a wobetumi adi adanse Kwasida a wonhyia ɔhaw biara no?
3. Dɛn nti na Kwasida yɛ da a eye paa ma asɛnka?
3 Ɛda a Eye Paa Ma Asɛnka: Nnipa pii nkɔ adwuma Kwasida, na mmom wɔtaa de gye wɔn ahome. Edu saa da yi a, asɔrekɔfo binom ani gye ho sɛ wobesusuw Onyankopɔn Asɛm ho. Sɛ Kwasida na yɛkɔ yɛn adesua a, ɛyɛ a yɛhyɛ ntade a yebetumi de akɔ asɛnka nso. Ɛnde, dɛn nti na yɛnyɛ nhyehyɛe nkɔ asɛnka ansa na yɛakɔ adesua anaasɛ wɔ bere a yɛapɔn no? Sɛ ɛho hia a, wubetumi de biribi kakra a wubedi ahyɛ wo ho.
4. Sɛ yɛde bere no bi kɔ asɛnka Kwasida a, anigye bɛn na yebetumi anya?
4 Sɛ yɛkɔ asɛnka Kwasida a, yebetumi asan anya bere de agye yɛn ahome sɛnea ɛsɛ. Afei nso, esiane ɔsom kronn a yɛde yɛn ho ahyɛ mu nti, yebetumi ada ama yɛn ho adwo yɛn. (Mmeb. 19:23) Ebi mpo a yebetumi anya obi a ɔte sɛ Lidia na ama yɛn ani agye!