Dwom 115
Yɛn Kwan a Yɛbɛma Asi Yɛn Yiye
1. Yɛn ani gye Bible no ho.
Yɛbɛkenkan no daa.
Yɛbɛhwɛ emu nsɛm no yie;
Na yɛbɛdwen ho daa.
Ɛno na yɛde bɛbɔ bra,
Na akyerɛ yɛn kwan.
(NNYESO)
Yɛbɛkenkan na yɛadi so.
Yebenya nhyira.
Yɛne Yehowa bɛnantew
Na yɛn kwan asi yie.
2. Ahemfo dii Israel so no,
Wɔhyɛɛ wɔn nyinaa sɛ:
‘Ma ɔhene biara nkyerɛw
Nyankopɔn Mm’ra no bi.
Ɔnkenkan ne nkwa nna nyinaa,
Na wanyɛ bɔne bi.’
(NNYESO)
Yɛbɛkenkan na yɛadi so.
Yebenya nhyira.
Yɛne Yehowa bɛnantew
Na yɛn kwan asi yie.
3. Yɛkenkan Bible da biara,
Yenya anidaso.
Na ɛma yenya asomdwoe;
Yɛn gyidi yɛ kɛse.
Yɛbɛbata n’Asɛm no ho,
Na yɛn ho akokwaw.
(NNYESO)
Yɛbɛkenkan na yɛadi so.
Yebenya nhyira.
Yɛne Yehowa bɛnantew
Na yɛn kwan asi yie.
(Hwɛ Deut. 17:18; 1 Ahe. 2:3, 4; Dw. 119:1; Yer. 7:23 nso.)