Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • gf adesua 7 kr. 12-13
  • Tete Kɔkɔbɔ Bi

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Tete Kɔkɔbɔ Bi
  • Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsuyiri Kɛse No​—Hefo na Wotiee Onyankopɔn? Hefo na Wɔantie No?
    Tie Onyankopɔn na Tena Ase Daa
  • Noa Adaka
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • Wɔkoraa Ɔne “Nnipa Baason So”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
  • Nsuyiri Sɛee Wiase—So Ebesi Bio?
    Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
Hwɛ Pii Ka Ho
Wubetumi Ayɛ Onyankopɔn Adamfo!
gf adesua 7 kr. 12-13

ADESUA 7

Tete Kɔkɔbɔ bi

Yehowa remma kwan mma nnebɔneyɛfo nsɛe Paradise no. Ne nnamfo nkutoo na wɔbɛtra hɔ. Dɛn na ɛbɛba nnebɔneyɛfo so? Ma yensusuw Noa asɛm a esii ankasa no ho na ama yɛanya mmuae no. Noa traa ase mfe mpempem pii a atwam ni. Ná ɔyɛ onipa pa a ɔbɔɔ mmɔden denneennen bere nyinaa sɛ ɔbɛyɛ Yehowa apɛde. Nanso nnipa foforo a na wɔwɔ asase so no yɛɛ nneɛma bɔne. Enti, Yehowa ka kyerɛɛ Noa sɛ Ɔde nsuyiri bɛba abɛsɛe saa nnebɔneyɛfo no nyinaa. Ɔka kyerɛɛ Noa sɛ ɔmpam adaka na sɛ Nsuyiri no ba a ɔne n’abusua anwu.—Genesis 6:9-18.

Bere a Noa ne n’abusua de mmoa no rekɔ adaka no mu mpo no, nnebɔneyɛfo no antie kɔkɔbɔ nsɛm no

Noa ne n’abusua pam adaka no. Noa bɔɔ nkurɔfo kɔkɔ sɛ Nsuyiri no reba, nanso wɔantie no. Wɔkɔɔ so yɛɛ nneɛma bɔne. Bere a wɔpam adaka no wiei no, Noa de mmoa kɔɔ adaka no mu, na ɔne n’abusua nso kɔɔ mu. Afei Yehowa maa ahum kɛse bi tui. Osu tɔe nnafua 40 awia ne anadwo. Nsu no yiri faa asase so nyinaa.—Genesis 7:7-12.

Nnebɔneyɛfo no hweree wɔn nkwa, nanso wogyee Noa ne n’abusua nkwa. Yehowa koraa wɔn so wɔ Nsuyiri no mu na ɔde wɔn kɔɔ asase a wɔapopa nsɛmmɔnedi afi so so. (Genesis 7:22, 23) Bible ka sɛ bere bi bɛba bio a Yehowa bɛsɛe wɔn a wɔnyɛ nea ɛteɛ no. Wɔrensɛe nnipa pa. Wɔbɛtra ase daa wɔ Paradise asase so.—2 Petro 2:5, 6, 9.

Nnipa pii yɛ nneɛma bɔne nnɛ. Ɔhaw ahyɛ wiase ma. Yehowa soma N’adansefo mpɛn pii ma wɔkɔbɔ nkurɔfo kɔkɔ, nanso wɔn mu dodow no ara mpɛ sɛ wotie Yehowa asɛm. Wɔmpɛ sɛ wɔsakra wɔn akwan. Wɔmpɛ sɛ wogye nea Onyankopɔn ka fa nea ɛteɛ ne nea ɛnteɛ ho no tom. Dɛn na ɛbɛba nnipa yi so? So wɔbɛsakra da bi? Wɔn mu pii rensakra da. Bere no reba a wɔbɛsɛe nnebɔneyɛfo nyinaa na wɔrentra ase bio.—Dwom 92:7.

Wɔrensɛe asase; wɔbɛma adan paradise. Wɔn a wɔbɛyɛ Onyankopɔn nnamfo no bɛtra ase daa wɔ Paradise wɔ asase so.—Dwom 37:29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena