Tete hɔ no, sɛ obi retu kwan akɔ baabi na ɔfa fam a, na ɔkyɛ wɔ kwan so, ɔbrɛ dodo, na ɛtɔ da bi a, ɔbɔ ka mpo sen sɛ ɔbɛfa po so hyɛn. Nanso mmeae pii wɔ hɔ a na wuntumi nyɛ ho hwee, gye sɛ wonantew.
Sɛ obi retu kwan a, kilomita bɛyɛ 30 pɛ na na obetumi atwa no da koro. Ná awia betumi ahye no, nsu betumi aboro no, ahohuru ne awɔw betumi ade no, na akorɔmfo nso betumi agye ne ho nneɛma. Ɔsomafo Paul kaa sɛ na ɔwɔ “akwantu pii mu, nsubɔnten so asiane mu, akorɔmfo-werɛmfo mu asiane mu.”—2 Kor. 11:26.
Ná wɔayiyi akwan pii wɔ Roma Ahemman no mu baabiara. Ná ahɔhodan wowɔ akwantempɔn no so ma enti sɛ obi retu kwan na ade resa no a, obenya baabi ada. Ná mmeae a wɔtɔn aduan ne nneɛma nketenkete nso wowɔ akwan no so. Nhoma akyerɛwfo a na wɔwɔ hɔ saa bere no kyerɛkyerɛ mu sɛ, na ahɔhodan ne baabi a wɔtontɔn aduan ne nneɛma foforo no, ɛhɔ yɛ fĩ, nnipa ahyɛ hɔ ma, ahohuru wɔ hɔ, na na nsonkuronsuo pii nso wɔ hɔ. Ná ahuhufo taa kɔ hɔ, na na enni din pa. Ná wɔsi tuutuu wɔ ahɔhodan ahorow no mu, na na wɔn a wɔhwɛ hɔ no taa wia akwantufo nneɛma.
Akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ beae a na Kristofo bɛpɛ sɛ wɔkɔ. Nanso sɛ wɔkodu baabi a abusuafo anaa nnamfo biara nni hɔ a, ɛnde na twa ara na etwa sɛ wɔkɔ ahɔhodan no mu, efisɛ wɔyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye.