Bere a akwankyerɛ kuw a ɛwɔ asomafo no bere so no kaa twetiatwa ho asɛm no wiei mpo no, nnipa bi a na wɔse wɔyɛ Kristofo san kɔfaa asɛm no bae bio. Ɔsomafo Paul kaa sɛ wɔyɛ “anuanom atorofo” a “wɔpɛ sɛ wɔkyea Kristo asɛmpa no.”—Gal. 1:7; 2:4; Tito 1:10.
Ná Yudasom nkyerɛkyerɛ adi saafo yi ti, na na wɔpɛ sɛ wɔyɛ biribi ma Yudafo no ani gye na wɔantan wɔn ani. (Gal. 6:12, 13) Wɔkyerɛkyerɛe sɛ, sɛ obi pɛ sɛ ɔyɛ ɔtreneeni a, gye sɛ odi Mose Mmara a ɛfa aduan, twetiatwa, ne Yudafo afahyɛ ho no so.—Kol. 2:16.
Enti, na wɔn a wɔkura saa adwene no ntumi ne Amanaman mufo a wɔabɛyɛ Kristofo no mmɔ papa. Awerɛhosɛm ne sɛ, Yudafo Kristofo a na wɔn ho akokwaw no binom mpo nyaa saa adwene no bi. Bere bi a anuanom bi a wɔsomaa wɔn fii Yerusalem asafo no mu baa Antiokia sei, Yudafo Kristofo yi twee wɔn ho fii wɔn nuanom Amanaman mufo no ho. Petro a na ɔne anuanom Amanaman mufo no bɔ dedaw no, ɔno mpo twee ne ho, na ɔne wɔn annidi mpo. Wo de hwɛ oo, ade a na ɔno ara agye atom sɛ Onyankopɔn nyɛ nyiyim no, afei de na watwa ne ho reyɛ biribi foforo koraa. Enti Paul kaa Petro anim denneennen.—Gal. 2:11-14.