Dwom 94
Ma Nyankopɔn Akyɛde Nnɔɔso Mma Wo
Nea Yɛaprente
1. Akyɛde pa a ɛyɛ fɛ,
Efi Nyankopɔn hɔ;
Asetena mu nneɛma pa,
Ne nyinaa fi ne nkyɛn.
Yɛn Nyankopɔn, onni at’ro,
Ontumi nsakra da.
Yehowa na ɔma akyɛde;
Ɔma nkwa ne hann.
2. Ɛnsɛ sɛ dadwen hyɛ yɛn so
Wɔ nea yebedi ho;
Ɔma wim nnomaa aduane,
Enti ɔbɛhwɛ yɛn.
Yɛrenhwehwɛ ahuhude;
Ɛnsɛ sɛ yɛsɛe b’re.
Onyankopɔn ahyɛ yɛn bɔ sɛ
Ɔbɛhwɛ yɛn nyinaa.
3. Asase so afɛfɛde,
Ɛyɛ ahuhude.
Yɛde yɛn b’re nyinaa bɛyɛ
Nneɛma mfaso wɔ so.
Nyankopɔn hɔ ademude,
Ɛno na ɛnsɛe da.
Yɛpɛ sɛ yenya anigye a,
Yɛnhwɛ yɛn anim tẽẽ.
(Hwɛ Yer. 45:5; Mat. 6:25-34; 1 Tim. 6:8; Heb. 13:5 nso.)