Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 1/12 kr. 1
  • Toto W’akuturuku Nyansam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Toto W’akuturuku Nyansam
  • Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • So Wubenya Asasesin a Wɔde Ama Wo no So Mfaso?
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Wowɔ W’ankasa Asasesin?
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Ma W’asɛnka Adwuma Ntu Mpɔn
    Yɛn Ahenni Som—1999
  • Wie Wo Som Koraa
    Yɛn Ahenni Som—1988
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2012
km 1/12 kr. 1

Toto W’akuturuku Nyansam

1. Ɔkwan bɛn so na 1 Korintofo 9:26 fa asɛnka adwuma no ho?

1 Ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ: “Mmirika a mitu no, mintu no biarabiara; akuturuku a meretoto no, mehwɛ na mantoto no sɛnea mereboro mframa.” (1 Kor. 9:26) Ná Paulo retwe adwene asi botae a na ɔde asi n’ani so sɛ ɔbɛsom Onyankopɔn yiye no so. Nanso, sɛ yɛbɛka a, saa asɛm no fa asɛnka adwuma no nso ho. Yɛpɛ sɛ yɛtoto yɛn “akuturuku” anaa yɛbɔ mmɔden nyansam na ama yɛatumi ayɛ adwuma no yiye. Ɔkwan bɛn so?

2. Dɛn na yebetumi ayɛ de asuasua Paulo ne afeha a edi kan no mu asɛmpakafo afoforo no bere a yɛrepaw bere ne beae a yɛbɛka asɛm no?

2 Kɔ Baabi a Nnipa Wɔ: Ná Paulo ne afeha a edi kan no mu asɛmpakafo afoforo ka asɛm no wɔ baabi a na wɔhwɛ kwan sɛ wobenya nnipa. (Aso. 5:42; 16:13; 17:17) Enti sɛ nnipa pii wɔ fie anwummere wɔ yɛn asasesin mu a, ebetumi ayɛ bere pa a yɛbɛkɔ afie afie. Sɛ edu anɔpa na nkurɔfo rekɔ adwuma, anaa anwummere a wɔapɔn reba fie no a, so nnipa pii ba bɔs anaa keteke gyinabea a ɛwɔ mo hɔ no? Bere bɛn na nnipa pii ba mmeae a wɔtontɔn nneɛma wɔ mo asasesin no mu? Mubetumi ayɛ mmɔnten so adansedi a ɛsow aba paa wɔ mmere a ɛte saa mu.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi atoto yɛn akuturuku nyansam wɔ ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn asasesin mu adwuma no mu?

3 Yɛ Asasesin no Mu Adwuma Nyansam: Ɛsɛ sɛ yɛn nso yɛhwɛ yiye na ama yɛatoto yɛn akuturuku nyansam wɔ ɔkwan a yɛfa so yɛ yɛn asasesin mu adwuma no mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ anka mobɛma adawurubɔfo pii akɔ faako, a ebegye bere pii na moakyekyɛ wɔn ma wɔayɛ asɛnka adwuma no, ɛbɛyɛ papa sɛ mobɛkyekyɛ wɔn mu akuwakuw. Saa ara na sɛ yɛkyerɛw afie a yɛanto nnipa wom wɔ (S-8 kratasin no so) a, mpɛn pii no ɛbɛboa yɛn ma yɛrenkɔ afie koro no ara mu dapɛn biara. So yebetumi agye asasesin a ɛbɛn yɛn fie na amma yɛansɛe bere antwa kwantenten?

4. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛatumi ayɛ “nnipa yifo”?

4 Yesu de asɛmpakafo totoo “nnipa yifo” ho. (Mar. 1:17) Ɛnyɛ mpataayifo botae ara ne sɛ wobegu asau, na mmom sɛ wobeyi nam. Enti, mpataayifo a wonim nam yi no kɔ baabi a wɔhwɛ kwan sɛ wobeyi nam. Na saa ara nso na wɔkɔ bere a wobenya bi, na wofi ase gu wɔn asau no ntɛm ara. Nokwarem no, wɔyɛ wɔn adwuma no nyansam. Momma yɛnna nsiyɛ koro no ara bi adi wɔ yɛn asɛnka adwuma no mu.—Heb. 6:11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena