Ti Biako
“Mede Me Nsɛm Ahyɛ W’anom”
1, 2. Dɛn nti na wowɔ nea wokenkan fi Bible mu no mu ahotoso?
ƐBƐ bi a ɛwɔ Bible mu ka sɛ: ‘Adamfo bi wɔ hɔ a ɔfam ho sen onua.’ (Mmeb. 18:24) So woanya adamfo bi a ɔte saa pɛn? Wubetumi agye asɛm a adamfo pa a ɔte saa ka kyerɛ wo no adi. Sɛ ɔkamfo wo anaa ɔka kyerɛ wo sɛ ɔbɛyɛ biribi a, wunnye no akyinnye. Sɛ ɔka nsakrae bi a ɛsɛ sɛ woyɛ ho asɛm kyerɛ wo a, akyinnye biara nni ho sɛ wubegye atom na woadi ho dwuma. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ofi bere tenten na wada no adi sɛ odwen wo ho, na wuhu no saa bere mpo a ɔretu wo fo no. Ɔpɛ sɛ esi wo yiye, na wo nso wopɛ sɛ esi no yiye, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛkɔ so ayɛ nnamfo daa.
2 Mpɛn pii na wubehu sɛ mmarima a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no yɛ nnamfo a wɔte saa. Wubetumi agye nsɛm a wɔka kyerɛ wo no adi. Wunim yiye sɛ nsɛm a wɔka no bɛboa wo. Saa ara na anka ɛsɛ sɛ tete Israelfo no te nka wɔ ‘nnipa a Onyankopɔn honhom kronkron kaa wɔn ma wɔkasae’ no ho. (2 Pet. 1:20, 21) Nea Onyankopɔn de no dii dwuma ma ɔkyerɛw nkɔmhyɛ nhoma a ɛyɛ kɛse sen biara no ne Yeremia, na ɔno ara nso na ɔkyerɛw Kwadwom ne nhoma foforo abien a ɛwɔ Bible mu no.
3, 4. Nnipa binom bu Yeremia ne Kwadwom nhoma no dɛn, nanso dɛn nti na ɛno yɛ adwene a ɛnteɛ? Kyerɛkyerɛ mu.
3 Nanso, ebia woahyɛ no nsow sɛ nnipa bi a wɔkenkan Bible ani nnye nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee no ho efisɛ wosusuw sɛ emu nsɛm ‘nyɛ anigye anaasɛ ɛmfa wɔn ho.’ Ebia wɔn adwene yɛ wɔn sɛ kɔkɔbɔ ne nkɔmhyɛ ahorow a ɛyɛ hu nkutoo na ɛwɔ Yeremia ne Kwadwom nhoma no mu.a Nanso, so eyi ne adwene a ɛsɛ sɛ yenya wɔ Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho?
4 Ɛwom sɛ kɔkɔbɔ ne afotu a ɛwɔ nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee no mu no yɛ tẽẽ de, nanso wunim sɛ ɛtɔ mmere bi a yɛn adamfo nso tumi ka ne nsɛm saa. Bere a asomafo a wɔyɛ Yesu nnamfo no daa subammɔne bi adi no, ɔkasa kyerɛɛ wɔn; ɔteɛɛ wɔn so pefee. (Mar. 9:33-37) Nanso, na asɛm ankasa a Yesu kae no hyɛ nkuran; ɔkyerɛɛ ɔkwan a wobetumi afa so anya Onyankopɔn anim dom ne anigye daakye. (Mat. 5:3-10, 43-45) Saa ara na nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee a ɛka “Kyerɛwnsɛm no nyinaa” ho a eye ma “nneɛma ateɛteɛ” no nso te. (2 Tim. 3:16) Yeremia kaa adwene a Onyankopɔn wɔ wɔ nnipa a wɔkyerɛ sɛ wɔsom Yehowa nanso wɔfata sɛ wonya nneɛma bɔne a wɔyɛ so akatua no ho asɛm pefee. Nanso, asɛm bi a ɛma yenya anidaso wɔ Yeremia ne Kwadwom nhoma no mu, na ɛma yehu sɛnea yebetumi anya nhyira daakye. Yeremia hyɛɛ nkɔm ahorow faa sɛnea Onyankopɔn ne ne nkurɔfo bedi ho, na ɛfa yɛn a yɛwɔ hɔ nnɛ nso ho. Afei nso, wubehu nsɛm bi a mfaso wɔ so na ɛhyɛ nkuran wɔ saa nhoma abien yi mu.—Monkenkan Yeremia 31:13, 33; 33:10, 11; Kwadwom 3:22, 23.
5. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee no so mfaso?
5 Nneɛma a Yeremia kyerɛw ho asɛm no fa anigye a yenya no nnɛ wɔ Onyankopɔn nkurɔfo mu ne daakye ho anidaso a yɛwɔ no ho. Biakoyɛ a ɛwɔ yɛn mu no yɛ eyi ho nhwɛso. Nsɛm a ɔkyerɛwee no bɛboa yɛn ma yɛahyɛ saa onuayɛ no mu den, na asan aboa yɛn ma yɛde ɔsomafo Paulo afotu a edi hɔ no ayɛ adwuma. Paulo kyerɛwee sɛ: “Anuanom, monkɔ so nni ahurusi mma wonsiesie mo yiye, nnya awerɛkyekye, nnya adwenkoro, ntena asomdwoe mu; na ɔdɔ ne asomdwoe Nyankopɔn no ne mo bɛtena.” (2 Kor. 13:11) Nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee no nso fa asɛmpa a yɛka no ho tẽẽ. Ɛwom sɛ yɛka nna a edi akyiri ho asɛm kyerɛ afoforo, na yɛbɔ wɔn kɔkɔ wɔ nhyehyɛe yi awiei a ɛreba no ho de, nanso asɛm a yɛka no hyɛ nkuran, na ɛma wonya nea wobegyina so anya anidaso. Afei nso, nhoma ahorow a Yeremia kyerɛwee no betumi aboa yɛn wɔ yɛn asetena mu. Nneɛma pii a ɛrekɔ so wɔ yɛn asetena mu nnɛ ne nea ɛkɔɔ so wɔ Yeremia asetena mu ne nneɛma a ɔkaa ho asɛm no di nsɛ. Nea ɛbɛyɛ na yɛate asɛm no ase no, ma yensusuw odiyifo a ɔyɛɛ nhwɛso pa a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ, “Hwɛ, mede me nsɛm ahyɛ w’anom” no awo ho nsɛm ne adwuma a wɔde maa no no ho nhwɛ.—Yer. 1:9.
6, 7. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ na Onyankopɔn ani kũ Yeremia ho, na bere bɛn mu na wɔwoo no?
6 Okunu ne ɔyere a wɔrehwɛ wɔn ba a wɔrebɛwo no no kwan no taa dwen abofra a wɔrebɛwo no no ho. Wodwen ho sɛ ɔbɛyɛ onipa bɛn, na dɛn na ɔbɛyɛ wɔ n’asetena mu—nneɛma a n’ani begye ho, adwuma a ɔbɛyɛ, ne nneɛma a ɔbɛyɛ? Ebia w’awofo dwinnwen saa nneɛma no ho, na ɛbɛyɛ sɛ Yeremia awofo nso yɛɛ saa ara. Nanso, na Yeremia de no yɛ soronko. Dɛn ntia? Ná amansan Bɔfo no ani kũ Yeremia nkwa ne nneɛma a na ɔbɛyɛ wɔ n’asetena mu no ho paa.—Monkenkan Yeremia 1:5.
7 Nokwarem no, ansa na wɔrewo Yeremia no, Onyankopɔn de ne tumi a ɛma odi kan hu biribi no dii dwuma. Ɔmaa n’ani kũũ abarimaa a na wɔbɛwo no wɔ asɔfo abusua bi a na wɔte Yerusalem atifi fam mu no ho paa. Ná saa bere no yɛ afeha a ɛto so ason A.Y.B. mu mfinimfini, na esiane Ɔhene Manase nniso bɔne nti, na saa bere no nyɛ anigye bere wɔ Yuda. (Hwɛ kratafa 19.) Manase yɛɛ nneɛma bɔne wɔ Yehowa ani so wɔ mfe 55 a ɔde dii ade no mu fã kɛse no ara. Ɛno akyi no, ne ba Amon faa ne kwammɔne no so. (2 Ahe. 21:1-9, 19-26) Nanso, nsakrae kɛse bi bae wɔ Yuda hene a na odi hɔ no bere so. Nokwarem no, Ɔhene Yosia hwehwɛɛ Yehowa. Eduu Yosia ahenni afe a ɛto so 18 mu no, na wayi abosonsom afi asase no so. Ɛbɛyɛ sɛ Yeremia awofo ani gyee nea ɔhene no yɛe no ho; ɛyɛ Yosia bere so na Onyankopɔn de adwuma hyɛɛ wɔn ba no nsa.—2 Be. 34:3-8.
Dɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn ani gye Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho?
ONYANKOPƆN PAWEE ƆKASAMAFO
8. Adwuma bɛn na wɔde hyɛɛ Yeremia nsa, na dɛn na ɔyɛe wɔ ho?
8 Yennim mfe a na Yeremia adi bere a Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: “Mede wo yɛɛ odiyifo maa amanaman no.” Ɛbɛyɛ sɛ na ɔreyɛ adi mfe 25, afe a na ɔsɔfo bi betumi afi n’asɔfodwuma ase nea edi kan. (Num. 8:24) Sɛnea ɛte biara no, Yeremia kae sɛ: “O Awurade Tumfoɔ Yehowa! Hwɛ, minnim kasa, na meyɛ abofra.” (Yer. 1:6) Yeremia popoo ne ti, ebia na n’adwene yɛ no sɛ ɔyɛ abofra dodo, anaa ɔmfata sɛ odi asɛyɛde a emu yɛ duru ho dwuma na ɔkasa wɔ baguam sɛ odiyifo.
9, 10. Tebea bɛn mu na Yeremia fii n’adwuma no ase, nanso dɛn nti na bere bi akyi no, n’adwuma no bɛyɛɛ den?
9 Wɔde adwuma hyɛɛ Yeremia nsa wɔ bere a na Ɔhene Yosia retu atoro som a ɛyɛ akyide ase na bere koro no ara ɔrehyɛ nokware som ho nkuran no. Ɛmfa ho nkitahodi biara a ɛkɔɔ so wɔ Yeremia ne Yosia ntam no, ɛda adi sɛ nneɛma kɔɔ yiye maa odiyifo nokwafo no. Sefania ne Nahum nso somee sɛ adiyifo wɔ Yuda wɔ Yosia nniso no mfiase mu.b Odiyifobea Hulda nso somee saa bere no, nanso ɔno de, ɔhyɛɛ nkɔm faa nna bɔne a na ɛreba no ho. Na Yeremia tenaa ase huu nna bɔne no. (2 Ahe. 22:14) Nokwarem no, ɛtɔ mmere bi a na ɛsɛ sɛ Yeremia nnamfo te sɛ Ebed-Melek ne Baruk gye no fi owu mu anaasɛ wɔbɔ no ho ban fi n’atamfo a wɔpɛ sɛ wɔtɔ no so were no nsam.
10 Sɛ wo na Onyankopɔn hyɛɛ da ka kyerɛɛ wo sɛ wapaw wo sɛ odiyifo, na kɔka asɛm a emu yɛ duru a, anka dɛn na wobɛyɛ? (Monkenkan Yeremia 1:10.) Wo de, susuw nsɛm a na ɛsɛ sɛ Yeremia ka no mu biako pɛ ho hwɛ. Wɔ afe 609 A.Y.B. mu no, na Babilon asraafo de wɔn ani akyerɛ Yerusalem. Ɔhene Sedekia hwehwɛe sɛ Onyankopɔn bɛfa Yeremia so aka asɛm pa bi akyerɛ no. Nanso, asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ ɔhene no anyɛ no dɛ.—Monkenkan Yeremia 21:4-7, 10.
ƆYƐ ONIPA TE SƐ YƐN ARA
11. Dɛn nti na na ebetumi ayɛ den ama Yeremia sɛ ɔbɛyɛ adwuma a na wɔde ahyɛ ne nsa no, nanso awerɛhyem bɛn na onyae?
11 Wo de, fa no sɛ wɔaka akyerɛ yɛn sɛ yɛnkɔka asɛm bi a emu yɛ duru ne atemmusɛm ntia ahemfo a wɔn tirim yɛ den, asɔfo a wɔn bra asɛe, ne atoro adiyifo. Saa adwuma yi na na ɛsɛ sɛ Yeremia yɛ. Nanso, Onyankopɔn gyinaa Yeremia akyi, na saa ara na ogyina yɛn nso akyi. (Yer. 1:7-9) Onyankopɔn nyaa aberante Yeremia mu ahotoso, na ɔkaa asɛm a edi hɔ yi de hyɛɛ no den sɛ: “Ɛnnɛ mayɛ wo kurow a wɔabɔ ho ban ne dade dum ne kɔbere afasu atia asase no nyinaa ne Yuda ahene ne ne mpanyimfo ne n’asɔfo ne asase no so nnipa. Na wɔne wo bɛko, nanso wɔrentumi wo, ‘efisɛ midi w’akyi, na megye wo, Yehowa asɛm ni.’”—Yer. 1:18, 19.
12. Nneɛma a ebetumi ama yɛate nka te sɛ Yeremia no bi ne dɛn?
12 Ɛnsɛ sɛ obiara susuw sɛ na Yeremia yɛ onipa soronko bi. Ná ɔyɛ onipa te sɛ yɛn ara. Bio nso, ɛsɛ sɛ yɛhyɛ no nsow sɛ, ɛwom sɛ Yeremia antena ase wɔ yɛn bere yi so de, nanso tebea ahorow a ohyiae no te sɛ nea yɛn nso yehyia no nnɛ ara pɛ. Yɛne nnipa ahorow di nkitaho wɔ yɛn asetena mu ne asɛnka mu da biara da sɛnea Yeremia ne ne beresofo yɛe no ara pɛ. Eyi nyinaa yɛ nneɛma a yebetumi asua afi Yeremia a na ɔte sɛ odiyifo Elia a na ‘ɔyɛ onipa a ɔwɔ nkate te sɛ yɛn ara’ no hɔ. (Yak. 5:17) Susuw nneɛma a yebetumi asua afi Yeremia hɔ no bi ho hwɛ.
13, 14. Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ kratafa 10 no, dɛn nti na Kristofo binom betumi ate nka sɛ tebea a wɔwom no te sɛ nea Pasur maa Yeremia kɔɔ mu no?
13 Wɔ w’asetena nyinaa mu no, so womfaa mmere pa ne mmere bɔne mu pɛn? Saa na ɛtoo Yeremia. Bere bi, Pasur a na ɔyɛ ɔsɔfo a wagye din no boroo Yeremia, na ɔma wɔde no bɔɔ dua mu. Wɔde ne nan, ne nsa, ne ne kɔn hyɛɛ dua mu ma ebia ɛmaa ne mu koae nnɔnhwerew pii. Ɛyaw a ɔfaa mu nyinaa akyi no, na ɛsɛ sɛ ogyina ne ho fɛw pii a wɔn a wɔsɔre tiaa no no dii no ano. Wususuw sɛ anka wubetumi agyina fɛwdi yayaayaw a na ɔhwe mpo ka ho no ano?—Yer. 20:1-4.
14 Ɛnyɛ nwonwa sɛ tebea a Yeremia faa mu no ma ɔkae sɛ: “Nnome nka da a wɔwoo me no! . . . Dɛn nti koraa na mifi yafunu mu bae sɛ merebehu adwumaden ne awerɛhow na me nna aba awiei aniwu mu?” (Yer. 20:14-18) Ɛda adi sɛ biribi na ɛmaa Yeremia abam bui. So w’abam abu paa pɛn ma woate nka sɛ mfaso nni wo so, mfaso nni nea woreyɛ so, anaa mpo mfaso nni so sɛ wokɔ so som Yehowa? Sɛ obiara a n’abam abu pɛn te tebea a Yeremia faa mu ne nea efii mu bae no ase yiye a, obetumi anya so mfaso.
Dɛn na w’ani gye ho wɔ adwuma a Yehowa de hyɛɛ Yeremia nsa no ho? Dɛn nti na wubetumi ate nka sɛ wo tebea te sɛ Yeremia de no?
15. Dɛn nti na sɛ yesusuw sɛnea na Yeremia ani tumi gye na bere tiaa bi akyi na n’abam abu no ho a, yebetumi anya so mfaso?
15 Bere a odiyifo no kaa dwom a ɔbɛto ama Yehowa ne ayeyi a ɔde bɛma no ho asɛm akyi pɛɛ no na ɔkaa awerɛhosɛm a ɛwɔ Yeremia 20:14-18 no. (Monkenkan Yeremia 20:12, 13.) So woahyɛ no nsow sɛ ɛtɔ mmere bi a w’ani tumi gye paa nanso ɛnkyɛ na wo werɛ ahow? W’anigye tumi sesa bere tiaa bi mu ma w’abam bu. Ɛda adi sɛ yɛn nyinaa betumi asusuw Yeremia asɛm no ho na yɛanya so mfaso. Yehu pefee sɛ na ɔwɔ atenka te sɛ yɛn ara. Enti sɛ yesusuw nneɛma a ɔbarima yi a Ɔbɔadeɛ no tumi de no dii dwuma kɛse sɛ ɔkasamafo no yɛe ne n’asetena mu nsɛm ho a, yebetumi anya so mfaso pii.—2 Be. 36:12, 21, 22; Esra 1:1.
16. Henanom na wobetumi anya Yeremia aware ho asɛm no so mfaso?
16 Ade foforo a ɛma ebinom te nka sɛ tebea a wɔwom te sɛ Yeremia de no fa n’aware ho asɛm ho. Dɛn na wɔka kyerɛɛ no? Onyankopɔn de ahyɛde soronko bi a na ɛsodi bɛyɛ den maa Yeremia. Ɔkae sɛ, ɛnsɛ sɛ ɔware. (Monkenkan Yeremia 16:2.) Dɛn nti na Yehowa kaa saa kyerɛɛ Yeremia, na ɛkaa no dɛn? Dɛn na ɛwɔ saa asɛm yi mu a sɛ anuanom mmarima ne mmea a wonni ahokafo, sɛ́ ebia wɔn ankasa na wɔapaw sɛ wobedi sigya anaa nsɛm tebea bi nti na wodi sigya no dwinnwen ho a, wobetumi anya so mfaso? Nokwarem no, so biribi wɔ asɛm a Onyankopɔn ka kyerɛɛ Yeremia no mu a ɛsɛ sɛ Adansefo a seesei wɔaware no susuw ho? Na awarefo a wonni “mmabarima ne mmabea” no nso ɛ? Ɔkwan bɛn so na Yeremia asɛm no betumi aboa wo?
17. Dɛn na odiyifo no asɛm a ɛwɔ Yeremia 38:20 no betumi ama yɛasusuw ho?
17 Nea ɛyɛ nwonwa ne sɛ, bere bi Yeremia ka kyerɛɛ Yuda hene a na ɔredi ade saa bere no sɛ: “Tie Yehowa asɛm a mereka kyerɛ wo yi, na ebesi wo yiye ma wo kra atena nkwa mu.” (Yer. 38:20) Saa asɛm yi ma yenya biribi titiriw a yebegyina so ne afoforo asusuw nsɛm ho. Wɔn a yebetumi ne wɔn asusuw nsɛm ho no bi ne nkurɔfo a wonnya mfaa Yehowa akwan so nanso yebetumi aboa wɔn no. Afei nso, sɛnea Yeremia ne wɔn a na wɔretie Onyankopɔn asɛm no dii no yɛ nhwɛso pa ma yɛn nnɛ. Nokwarem no, yebetumi asua nneɛma pii afi Yeremia hɔ.
DƐN NA YEBEHU AFI NHOMA YI MU?
18, 19. Akwan a yebetumi afa so asusuw Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho no bi ne dɛn?
18 Saa nhoma yi bɛboa wo ma woasusuw Bible mu nhoma a ɛne Yeremia ne Kwadwom no ho na woasua nneɛma pii afi mu. Ɔkwan bɛn so? Wɔde honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu, na eye ma ɔkyerɛkyerɛ, ntɛnyi, nneɛma ateɛteɛ, trenee mu nteɛso.” (2 Tim. 3:16) Nhoma abien a yɛaka ho asɛm seesei ara no nso ka ho.
19 Nokwarem no, yebetumi afa akwan horow so asusuw Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho na yɛanya so mfaso. Sɛ nhwɛso no, obi betumi asusuw saa nhoma no nkyekyɛm ho mmiako mmiako, na wabɔ mmɔden sɛ obehu nea emu biara ka ho asɛm ne nea ɛkyerɛ. Anaasɛ obi betumi de n’adwene asi nneɛma a edi nsɛ so te sɛ nsɛm bi a esisii ne nnipa bi a wɔaka wɔn ho asɛm wɔ Yeremia ne Kwadwom nhoma no mu, na ɔde atoto nea ɛrekɔ so nnɛ no ho. (Fa toto Yeremia 24:6, 7; 1 Korintofo 3:6 ho.) Ɔkwan foforo a yebetumi afa so ne sɛ, yebesua abakɔsɛm ne nsɛm a esisii a saa nhoma abien no akyerɛkyerɛ mu no ho ade. (Yer. 39:1-9) Wɔ ɔkwan bi so no, ɛho hia sɛ yehu nsɛm a ɛte saa na ama yɛanya Yeremia ne Kwadwom nhoma no a yebesusuw ho no so mfaso. Enti, nhoma yi Ti 2 a n’asɛm ti ne “Odiyifo a Ɔsomee wɔ ‘Awiei Nna no Mu’” no bɛboa yɛn ma yɛahu sɛnea na nneɛma te wɔ Yeremia bere so ne sɛnea Onyankopɔn basa bɔɔ ne ho ban.
20. Ɔkwan bɛn so na yebesusuw Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho wɔ saa nhoma yi mu?
20 Nanso, asɛntitiriw a yɛrebɛka ho asɛm wɔ nhoma yi mu yɛ soronko. Yebesusuw Yeremia ne Kwadwom nhoma no ho sɛ akyɛde a efi Onyankopɔn hɔ a ɔde ama yɛn sɛ ɛmmoa yɛn mma yɛmmɔ yɛn bra sɛ Kristofo nnɛ. (Tito 2:12) Yebehu ankasa sɛ nsɛm pii a “eye ma ɔkyerɛkyerɛ” wɔ saa nhoma abien yi mu. Yebenya afotu ne nhwɛso ahorow a mfaso wɔ so a ebetumi aboa yɛn ma yɛafata na asiesie yɛn ma yɛatumi agyina asetena mu nsɛnnennen ano. Sɛ́ ebia yɛyɛ asigyafo, awarefo, asafo mu mpanyimfo, akwampaefo, wɔn a wɔbɔ akɔnhama, mmea awarefo, anaa sukuufo a wɔwɔ sukuu mu no, yebetumi anya so mfaso. Yɛn mu biara benya Onyankopɔn mmoa a ‘ebesiesie no ama adwuma pa biara’ wɔ saa nhoma abien a honhom no ma wɔkyerɛwee no mu.—2 Tim. 3:17.
21. Dɛn nti na wohwɛ kwan sɛ wubesua saa nhoma yi?
21 Bere a woresusuw nhoma yi ti biara ho no, hwehwɛ nsɛm bi a wubetumi de adi dwuma. Akyinnye biara nni ho sɛ Yeremia ne Kwadwom nhoma no besi asɛm a Paulo kae yi so dua. Ɔkyerɛwee sɛ: “Biribiara a wɔakyerɛw ato hɔ no, wɔakyerɛw ama yɛn nkyerɛkyerɛ, na yɛnam yɛn boasetɔ ne Kyerɛwnsɛm no mu awerɛkyekye so anya anidaso.”—Rom. 15:4.
Sɛ wusua Yeremia ne Kwadwom nhoma no a, dɛn na wubetumi anya afi mu de abɔ wo bra da biara da?
a Wɔ kasa ahorow bi mu no, wɔwɔ asɛmfua bi a ɛfa Yeremia ho a ɛkyerɛ “anwiinwii a wɔde kasa tia afoforo” anaa “afoforo a wɔkasa tia wɔn abufuw so.” The Washington Post atesɛm krataa no de asɛmfua a ɛte saa kaa abɔde mu nneɛma ne ewim nsakrae ho sini bi a wɔyɛe ho asɛm.
b Ná adiyifo foforo te sɛ Habakuk, Obadia, Daniel, ne Hesekiel nso yɛ nkɔmhyɛfo wɔ Yeremia bere so. Bere a amanehunu baa Yerusalem so wɔ afe 607 A.Y.B. mu no, na Yeremia asom bɛyɛ mfe 40, na ɛno akyi no, ɔtenaa ase bɛboro mfe 20.