Dwom 86
Tete Mmea Anokwafo ne Kristofo Mmea
Nea Yɛaprente
1. Sara ne Ester, Maria ne Rut nyinaa—
Wɔyɛ mmɔdenbɔfo ne anokwafo.
Wɔde nyamesuro tenaa ase daa.
Wɔdii nokware, enti wɔnyaa din pa.
Ebinom nso nyaa Yehowa nhyira,
Bible ammɔ wɔn din, nanso wɔnyaa gyidi.
2. Nokwaredi, akokod’ru, ne ɔdɔ—
Ɛno na Kristofo nyinaa de bɔ bra.
Saa anokwafo yi daa no adi daa.
Wɔayɛ nhwɛso ama nnipa nyinaa.
Anuanom mmea a mowɔ hɔ nnɛ no,
Mofata nkamfo, mo nnwuma sɔ ani.
3. Ɔyerenom, mmabaawa, akunafo,
Mufi mo pɛ mu yɛ mo fam de nyinaa.
Mobrɛ mo ho ase, modwo koma mu.
Onyankopɔn dɔ mo, enti munnsuro.
Anuanom mmea, Yehowa bɛhwɛ mo.
Mowɔ gyidi kɛse, mubenya akatua.
(Hwɛ Filip. 4:3; 1 Tim. 2:9, 10; 1 Pet. 3:4, 5 nso.)