Dwom 53
Yɛde Biakoyɛ Bom Yɛ Adwuma
Nea Yɛaprente
1. Nyankopɔn na ɔhwɛ yɛn so.
Ne bɔhyɛ ma abotɔyam.
Yɛayɛ biako asomdwoe mu,
Ɛma yɛn anigye.
Biakoyɛ yi som bo;
Yɛbɛhwɛ so yie.
Bɔ mmɔden Nyankopɔn som mu.
Ɔnam ne Ba so ky’rɛ yɛn kwan.
Yebetie no na yɛasom no,
Yɛbom yɛ adwuma.
2. Yɛde mpaebɔ kɔ n’anim daa,
Yefi koma mu yɛ adɔe;
Yebeyi Nyankopɔn ayɛ
Na yɛanya anigye.
Yɛdɔ yɛn Nyankopɔn;
Yenya ahotɔ.
Yɛda onuadɔ adi daa;
Nyankopɔn ma yɛn asomdwoe.
Ɔboa yɛn ma yɛyɛ biako;
Yɛsom no daa nyinaa.
(Hwɛ Mika 2:12; Sef. 3:9; 1 Kor. 1:10 nso.)