-
Ɛyɛɛ Dɛn na Wɔsan Huu Bible Mu Nokware No?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 3
Ɛyɛɛ Dɛn na Wɔsan Huu Bible Mu Nokware No?
Bible Asuafo, afe 1870 mfe mu
Ɔwɛn-Aban a edi kan, afe 1879
Sɛnea Ɔwɛn-Aban no te nnɛ
Bible hyɛɛ nkɔm sɛ wɔ Kristo wu akyi no, akyerɛkyerɛfo atorofo bɛsɔre afi tete Kristofo no mu abekyinkyim Bible mu nokware no. (Asomafo Nnwuma 20:29, 30) Bere kɔɔ so no, saa pɛpɛɛpɛ na ɛbae. Wɔde abosonsomfo nkyerɛkyerɛ frafraa Yesu nkyerɛkyerɛ mu, na ɛde atoro Kristosom bae. (2 Timoteo 4:3, 4) Ɛnnɛ, yɛbɛyɛ dɛn atumi ahu paa sɛ yɛte nea Bible kyerɛkyerɛ ankasa no ase?
Bere dui sɛ Yehowa ma nokware no da adi. Ɔhyɛɛ nkɔm sɛ ‘nimdeɛ a edi mu bɛdɔɔso wɔ awiei bere’ no mu. (Daniel 12:4) Wɔ afe 1870 mu no, nnipakuw kakraa bi a na wɔrehwehwɛ nokware no behui sɛ asɔre nkyerɛkyerɛ pii nnyina Kyerɛwnsɛm no so. Enti, wofii ase sɛ wɔbɛyɛ nhwehwɛmu ahu nea Bible no kyerɛkyerɛ ankasa, na Yehowa boaa wɔn ma wɔtee kyerɛw nsɛm no ase.
Nnipa komapafo tɔɔ wɔn bo ase suaa Bible no. Ɔkwan a saa Bible Asuafo a na wɔwɔ koma pa a wodii kan no faa so suaa Bible no ara na yɛn nso yɛfa so sua Bible no. Ná wosusuw Bible mu nsɛm ho mmiako mmiako. Sɛ wohu Bible mu asɛm bi a ɛyɛ den ma wɔn sɛ wɔbɛte ase a, na wɔhwehwɛ Bible mu nsɛm foforo a ɛbɛboa wɔn ma wɔate ase. Sɛ wonya ntease a ɛne Kyerɛwnsɛm no mu nsɛm a aka hyia a, na wɔkyerɛw to hɔ. Bible no a wɔmaa ɛno ankasa kyerɛkyerɛɛ emu nsɛm ase no ma wɔsan huu Onyankopɔn din ne Ahenni no ho nokwasɛm, nea enti a Onyankopɔn bɔɔ nnipa ne asase, tebea a awufo wom, ne owusɔre ho anidaso no. Nhwehwɛmu a wɔyɛe no ma wɔdee wɔn ho fii gyidihunu ne nneyɛe bɔne pii ho.—Yohane 8:31, 32.
Eduu afe 1879 mu no, Bible Asuafo no hui sɛ bere adu sɛ wɔma wɔte nokware no ho asɛm wɔ wiase nyinaa. Enti wɔ saa afe no mu no, wofii ase tintim nsɛmma nhoma a yɛda so ara tintim no nnɛ a wɔfrɛ no Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ no. Seesei, yɛreka Bible mu nsɛm a ɛyɛ nokware no ho asɛm wɔ aman 240 so ne kasa bɛboro 750 mu. Ɛnnɛ paa ne bere a nokware nimdeɛ adɔɔso sen biara!
Kristo wu akyi no, dɛn na ɛbaa Bible mu nokware no so?
Dɛn na ama yɛatumi asan ahu Onyankopɔn Asɛm mu nokware no bio?
-
-
Dɛn Nti na Yɛayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase No?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 4
Dɛn Nti na Yɛayɛ Wiase Foforo Nkyerɛase No?
Congo (Kinshasa)
Rwanda
Symmachus kratasin a Onyankopɔn din wɔ so wɔ Dwom 69:31, afeha a ɛto so abiɛsa anaa anan wɔ Yesu awo akyi
Mfe pii na Yehowa Adansefo tintim Bible nkyerɛase ahorow de dii dwuma, na wɔkyekyɛɛ bi nso. Nanso, yebehui sɛ ɛho hia sɛ yɛyɛ nkyerɛase foforo a ɛbɛboa nkurɔfo yiye ma wɔasua “nokware no ho nimdeɛ a edi mũ” a Onyankopɔn pɛ sɛ obiara nya no. (1 Timoteo 2:3, 4) Enti, wɔ afe 1950 mu no, yefii ase yii Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a wɔde kasa a wɔka no nnɛ akyerɛ ase no afã bi adi. Yɛde nokwaredi akyerɛ Bible yi ase pɛpɛɛpɛ akɔ kasa bɛboro 130 mu.
Ná yehia Bible a asete nyɛ den. Bere rekɔ so no, kasa sesa, na Bible nkyerɛase pii wɔ hɔ a nsɛm a wɔde kyerɛɛ ase no mu nna hɔ anaa atwam ma enti ɛyɛ den sɛ wɔbɛte ase. Afei nso, wɔasan ahu tete nsaano nkyerɛwee pii a edi mũ na ɛbɛn nea wodii kan kyerɛwee no ma enti ama wɔate Hebri, Aram, ne Hela a wɔde kyerɛw Bible no ase yiye.
Ná yehia nkyerɛase a ɛne Onyankopɔn asɛm no hyia pɛpɛɛpɛ. Ɛnsɛ sɛ wɔn a wɔkyerɛ Bible ase no kyerɛ Onyankopɔn asɛm a ɔde ne honhom ma wɔkyerɛwee no ase sɛnea wɔpɛ, na mmom ɛsɛ sɛ wɔkyerɛ ase ma ɛne nea wodii kan kyerɛwee no hyia pɛpɛɛpɛ. Nanso, wɔayi Onyankopɔn din a ɛne Yehowa no afi Kyerɛw Kronkron no mu wɔ Bible nkyerɛase dodow no ara mu.
Ná yehia Bible a ɛbɛhyɛ ne Kyerɛwfo no anuonyam. (2 Samuel 23:2) Sɛnea wɔayɛ ho mfonini wɔ ase hɔ no, wɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no mu no, wɔasan de Yehowa din a epue bɛyɛ mpɛn 7,000 no ahyehyɛ mmeae a na ɛwɔ no sɛnea na ɛte wɔ Bible nsaano nkyerɛwee a akyɛ paa mu no. (Dwom 83:18) Esiane sɛ wɔde nsi yɛɛ nhwehwɛmu mfe pii nti, ama yɛanya Bible a ne kenkan yɛ dɛ efisɛ ɛma yehu Onyankopɔn nsusuwii yiye. Sɛ́ ebia mowɔ Wiase Foforo Nkyerɛase no bi wɔ mo kasa mu anaa munni bi no, yɛhyɛ wo nkuran sɛ fa yɛ wo nhyehyɛe sɛ wobɛkenkan Yehowa Asɛm no da biara da.—Yosua 1:8; Dwom 1:2, 3.
Dɛn nti na yesii gyinae sɛ ehia sɛ yenya Bible nkyerɛase foforo?
Dɛn na ɛyɛ papa sɛ obi a ɔpɛ sɛ ohu Onyankopɔn apɛde yɛ no da biara da?
-