-
Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 17
Ɔkwan Bɛn so na Amansin so Ahwɛfo Boa Yɛn?
Malawi
Asɛnka kuw
Asɛnka adwuma
Mpanyimfo nhyiam
Kristofo Hela Kyerɛwnsɛm no taa bɔ Barnaba ne ɔsomafo Paulo din. Saa mmarima yi somee sɛ ahwɛfo akwantufo, na wɔsrasraa asafo ahorow a na ɛwɔ hɔ tete no. Dɛn ntia? Ná wodwen wɔn nuanom Kristofo no ho yiye paa. Paulo kae sɛ, ɔpɛ sɛ ‘ɔsan kɔ anuanom nkyɛn’ kɔhwɛ sɛnea wɔn ho te. Ná wayɛ krado sɛ obetwa akwansin (kilomita) ɔhaha pii akɔhyɛ wɔn den. (Asomafo Nnwuma 15:36) Saa na ahwɛfo akwantufo a wɔsom yɛn nnɛ no nso pɛ sɛ wɔyɛ.
Wɔba bɛhyɛ yɛn nkuran. Ɔmansin sohwɛfo biara som asafo ahorow 20 anaa nea ɛte saa, na odi dapɛn biako wɔ asafo biara mu, na ɔyɛ saa mprenu afe biara. Yebetumi anya mfaso pii afi saa mmarima a wɔwɔ osuahu yi hɔ, na sɛ wɔaware a, yebetumi anya pii afi wɔn yerenom nso hɔ. Wɔbɔ mmɔden sɛ wobehu mpanyin ne mmofra a wɔwɔ asafo no mu nyinaa, na wɔde anigye hwɛ kwan sɛ wɔne yɛn bɛbom akɔ asɛnka na wɔne yɛn akɔyɛ yɛn Bible adesua ahorow. Saa ahwɛfo yi ne asafo mu mpanyimfo no kɔsrasra asafo no mufo, wɔhyɛ yɛn den, na wɔma ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase.—Asomafo Nnwuma 15:35.
Wɔkyerɛ obiara ho anigye. Asafo ahorow no nkɔso ho hia amansin so ahwɛfo no paa. Wohyia asafo mu mpanyimfo ne asomfo ne wɔn susuw nkɔso a asafo no anya ho, na wɔde afotu a mfaso wɔ so ma wɔn wɔ sɛnea wobedi wɔn asɛyɛde ahorow ho dwuma ho. Wɔboa akwampaefo no ma wɔyɛ asɛnka adwuma no yiye, na wɔn ani gye ho sɛ wobehu wɔn a wɔaba nokware no mu foforo na wɔate sɛnea wɔrenya nkɔso ho asɛm. Saa anuanom mmarima yi mu biara fi ne komam de ne ho ma sɛ yɛn ‘yɔnko dwumayɛni ma yɛn yiyedi.’ (2 Korintofo 8:23) Ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn gyidi ne sɛnea wɔde wɔn ho ma Onyankopɔn som no.—Hebrifo 13:7.
Dɛn nti na amansin so ahwɛfo srasra asafo ahorow no?
Wobɛyɛ dɛn atumi anya wɔn nsrahwɛ so mfaso?
-
-
Dɛn na Yɛyɛ De Boa Yɛn Nuanom a Wɔakɔ Ahokyere Mu?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 18
Dɛn na Yɛyɛ De Boa Yɛn Nuanom a Wɔakɔ Ahokyere Mu?
Dominican Republic
Japan
Haiti
Sɛ asiane bi si a, Yehowa Adansefo yɛ nhyehyɛe ntɛm kɔboa wɔn nuanom a wɔakɔ ahokyere mu no. Mmɔdenbɔ a ɛte saa no ma yehu ɔdɔ ankasa a yɛwɔ ma yɛn ho yɛn ho no. (Yohane 13:34, 35; 1 Yohane 3:17, 18) Akwan bɛn na yɛfa so boa?
Yeyi sika de boa. Bere a ɔkɔm kɛse bi sii Yudea no, tete Kristofo a wɔwɔ Antiokia no de sika kɔboaa wɔn nuanom Kristofo a wɔwɔ hɔ no. (Asomafo Nnwuma 11:27-30) Saa ara na sɛ yɛte sɛ yɛn nuanom a wɔwɔ wiase no fã baabi rehu amane a, yeyi ntoboa wɔ yɛn asafo mu de kɔboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no ma wɔn nsa ka honam fam nneɛma a wohia.—2 Korintofo 8:13-15.
Yɛde mmoa a ɛho hia ma. Asafo mu mpanyimfo a wɔwɔ baabi a asiane asi no bɔ mmɔden sɛ wobehu baabi a asafo no muni biara wɔ, na wɔhwɛ sɛ biribiara nyɛɛ wɔn. Atoyerɛnkyɛm bere mu aboafo betumi ahwɛ ma wɔn nsa aka aduan, nsu pa, ntade, baabi a wɔbɛda ne nnuru. Adansefo pii a wɔwɔ nneɛma bi ho nimdeɛ tu wɔn ho ma bɔ ka kɔboa wɔn a wɔakɔ ahokyere mu no anaasɛ wosiesie afie ne Ahenni Asa ahorow a asɛe no. Biakoyɛ a yɛde yɛ adwuma wɔ yɛn ahyehyɛde no mu ne osuahu a yɛanya afi yɛn nuanom a yɛne wɔn bom yɛ adwuma mu no ma yetumi boaboa yɛn ho ano ntɛm kɔboa bere a asiane bi asi no. Ɛwom sɛ “wɔn a yɛne wɔn bɔ abusua wɔ gyidi mu no” na yɛboa wɔn de, nanso sɛ ebetumi ayɛ yiye a, yɛboa afoforo nso, a yɛnhwɛ ɔsom a wɔwɔ mu.—Galatifo 6:10.
Yɛde Kyerɛwnsɛm no kyekye afoforo werɛ na yɛboa wɔn ma wonya abotɔyam. Wɔn a asiane ato wɔn hia awerɛkyekye paa. Wɔ mmere a ɛte saa mu no, yenya nkuranhyɛ fi Yehowa a ɔyɛ “awerɛkyekye nyinaa Nyankopɔn” no hɔ. (2 Korintofo 1:3, 4) Yɛde anigye ka Bible mu bɔhyɛ ahorow ho asɛm kyerɛ wɔn a wɔn koma atu no, na yɛma wonya awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ Onyankopɔn Ahenni bɛma asiane a ɛma nnipa di yaw na wohu amane no nyinaa afi hɔ.—Adiyisɛm 21:4.
Sɛ asiane sisi a, dɛn nti na Adansefo no tumi yɛ ntɛm kɔboa?
Awerɛkyekyesɛm a ɛwɔ Bible mu bɛn na yebetumi aka akyerɛ wɔn a asiane ato wɔn?
-
-
Hena Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma No?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 19
Hena Ne Akoa Nokwafo ne Ɔbadwemma No?
Yɛn nyinaa nya honhom fam aduan so mfaso
Aka bere tiaa bi ma Yesu awu no, ɔne n’asuafo baanan—Petro, Yakobo, Yohane, ne Andrea—bɔɔ nkɔmmɔ wɔ kokoam. Bere a Yesu reka ba a na ɔbɛba wɔ nna a edi akyiri mu ho sɛnkyerɛnne ho asɛm no, obisaa asɛm bi a ɛho hia sɛ: “Hena koraa ne akoa nokwafo ne ɔbadwemma a ne wura de no asi n’asomfo so sɛ ɔmma wɔn aduan bere a ɛsɛ mu no?” (Mateo 24:3, 45; Marko 13:3, 4) Yesu a ɔyɛ asuafo no “wura” no maa wɔn awerɛhyem sɛ ɔbɛpaw nkurɔfo a wɔbɛma n’akyidifo honhom fam aduan bere nyinaa wɔ awiei bere mu. Ná henanom na wɔbɛbom ayɛ akoa no?
Wɔyɛ Yesu akyidifo kuw ketewaa bi a wɔde honhom asra wɔn. “Akoa” no ne Yehowa Adansefo Akwankyerɛ Kuw no. Wɔma wɔn mfɛfo a wɔyɛ Yehowa asomfo aduan wɔ bere a ɛsɛ mu. Saa akoa nokwafo yi na yɛhwɛ kwan sɛ wɔbɛkɔ so ama yɛn ‘aduan wɔ bere a ɛsɛ mu.’—Luka 12:42.
Wɔhwɛ Onyankopɔn fie so. (1 Timoteo 3:15) Yesu de asɛyɛde a emu yɛ duru hyɛɛ akoa no nsa sɛ wɔnhwɛ adwuma a Yehowa ahyehyɛde no fã a ɛwɔ asase so reyɛ no so. Wɔn na wɔhwɛ nneɛma a yɛde yɛ asɛnka adwuma no so, wɔde asɛnka adwuma no ho akwankyerɛ ma, na wɔnam yɛn asafo ahorow no so kyerɛkyerɛ yɛn. Enti, nea ɛbɛyɛ na “akoa nokwafo ne ɔbadwemma” no ama yɛanya nea yehia na wɔama yɛn nsa aka wɔ bere a ɛsɛ mu no, wɔnam nhoma ahorow a yɛde yɛ asɛnka adwuma no, asafo nhyiam ne nhyiam akɛse so ma yɛn honhom fam aduan.
Akoa no nkyinkyim Bible mu nokware ahorow no, na ɔyɛ adwuma a wɔde ahyɛ ne nsa sɛ ɔnka asɛmpa no ma enti ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔyɛ ɔbadwemma nso wɔ sɛnea ofi nyansam hwɛ Kristo nneɛma a ɛwɔ asase so no mu. (Asomafo Nnwuma 10:42) Yehowa rehyira adwuma a akoa no reyɛ no so ma nnipa pii aba asafo no mu, na wama yɛn honhom fam aduan pii.—Yesaia 60:22; 65:13.
Hena na Yesu paw no sɛ ɔmma n’asuafo honhom fam aduan?
Akwan bɛn so na akoa no yɛ ɔnokwafo ne ɔbadwemma?
-