-
Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 20
Ɔkwan Bɛn so na Akwankyerɛ Kuw no Yɛ Adwuma Nnɛ?
Akwankyerɛ kuw a na ɛwɔ asomafo no bere so
Wɔrekenkan akwankyerɛ kuw no krataa
Wɔ asomafo no bere so no, nnipakuw ketewaa bi—“asomafo no ne mpanyimfo a wɔwɔ Yerusalem”—a na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu no na na wogyina Kristofo asafo a wɔasra emufo nyinaa no ananmu sisi gyinae a emu yɛ duru. (Asomafo Nnwuma 15:2) Nea Kyerɛwnsɛm no ka a wosusuw ho ne Onyankopɔn honhom no akwankyerɛ a na wodi akyi no na ɛma wɔyɛɛ adwenkoro sisii gyinae. (Asomafo Nnwuma 15:25) Saa nhwɛso no ara na wodi akyi nnɛ.
Onyankopɔn de wɔn redi dwuma ma wɔayɛ n’apɛde. Anuanom mmarima a wɔasra wɔn a wɔwɔ Akwankyerɛ Kuw no mu no ani gye Onyankopɔn Asɛm no ho kɛse, na wɔwɔ osuahu pii wɔ sɛnea wɔyɛ ɔsom adwuma no ho ntotoe ne sɛnea wɔma nsɛmmisa bi a ɛfa Yehowa som ho ho mmuae. Wohyiam dapɛn biara susuw anuanom a wɔwɔ wiase nyinaa ahiade ho. Sɛnea wɔyɛe wɔ asomafo no bere so no, ɛnnɛ nso wɔnam nkrataakyerɛw anaa ahwɛfo akwantufo ne afoforo so de akwankyerɛ a egyina Bible so ma. Eyi boa ma Onyankopɔn nkurɔfo nya adwenkoro na wɔyɛ wɔn ade wɔ biakoyɛ mu. (Asomafo Nnwuma 16:4, 5) Akwankyerɛ Kuw no hwɛ ma wosiesie honhom fam aduan, wɔhyɛ yɛn nyinaa nkuran sɛ yɛmfa Ahenni no ho asɛm a yɛka no nni kan, na wɔhwɛ ma wɔpaw anuanom mmarima de asɛyɛde hyɛ wɔn nsa.
Wɔma Onyankopɔn honhom no kyerɛ wɔn kwan. Akwankyerɛ Kuw no hwehwɛ akwankyerɛ fi Amansan Hene Yehowa, ne Yesu a ɔyɛ asafo no Ti no hɔ. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23) Akwankyerɛ Kuw no mufo no mmu wɔn ho sɛ wɔyɛ akannifo wɔ Onyankopɔn nkurɔfo so. Wɔne Kristofo a wɔasra wɔn no nyinaa ‘di Oguammaa Yesu akyi baabiara a ɔbɛkɔ.’ (Adiyisɛm 14:4) Akwankyerɛ Kuw no ani sɔ mpae a yɛbɔ ma wɔn no.
Henanom na na wɔwɔ akwankyerɛ kuw no mu wɔ asomafo no bere so?
Ɔkwan bɛn so na Akwankyerɛ Kuw a ɛwɔ hɔ nnɛ no hwehwɛ akwankyerɛ fi Onyankopɔn hɔ?
-
-
Dɛn Ne Betel?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 21
Dɛn Ne Betel?
Mfoniniyɛ Adwumayɛbea, U.S.A.
Germany
Kenya
Colombia
Betel yɛ Hebri din a ɛkyerɛ “Onyankopɔn Fie.” (Genesis 28:17, 19) Ɛyɛ din a ɛfata ma adan a Yehowa Adansefo asisi wɔ wiase nyinaa a ɛhɔ na wofi hwɛ asɛnka adwuma no so na wɔde mmoa ma no. Akwankyerɛ Kuw no som wɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti a ɛwɔ New York State, U.S.A. no, na ɛhɔ na wofi hwɛ Betel afie a ɛwɔ aman pii so no so. Sɛ́ kuw no, wɔfrɛ wɔn a wɔsom wɔ mmeae a ɛte saa no Betel abusua. Wɔte sɛ abusua, wɔte faako, wɔbom yɛ adwuma, wodidi bom, na wɔde biakoyɛ bom sua Bible no.—Dwom 133:1.
Betel yɛ beae soronko a abusua no mufo da ahofama adi. Wɔ Betel fie biara mu no, wubehu Kristofo mmarima ne mmea a wɔatu wɔn ho ama reyɛ Onyankopɔn apɛde, na wɔde wɔn bere nyinaa reyɛ Ahenni adwuma no. (Mateo 6:33) Wɔn mu biara nnye akatua, na mmom wɔma wɔn aduan ne dabere ne sika kakra a wɔde totɔ wɔn ho nneɛma nketenkete. Obiara a ɔwɔ Betel wɔ adwuma a ɔyɛ; ebinom yɛ adwuma wɔ ɔfese, gyaade, anaa adidibea. Afoforo yɛ adwuma wɔ baabi a wotintim anaa wɔpam nhoma, baabi a wosi nneɛma, ne baabi a wosiesie mfiri. Ebinom nso siesie adan mu anaa wɔyɛ nnwuma foforo.
Betel yɛ beae a wɔyɛ adwumaden de boa Ahenni no ho asɛm a yɛreka no. Betel abusua biara botae titiriw ne sɛ wɔbɛma nnipa pii ate nokware a ɛwɔ Bible mu no ho asɛm. Ɛho nhwɛso biako ne nhomawa yi. Akwankyerɛ Kuw no na ɛhwɛ ma wɔkyerɛwee, na wɔde faa kɔmputa so kɔmaa akuw ɔhaha pii a wɔkyerɛ nhoma ase a wɔwɔ wiase nyinaa no. Wɔde mfiri a etintim nhoma ntɛmntɛm na etintimii wɔ Betel afie no bi mu, na wɔde menaa asafo ahorow bɛboro 110,000. Wɔ adwuma yi fã biara mu no, Betel mmusua boa kɛse ma wɔyɛ adwuma a egye ntɛmpɛ sen biara a ɛno ne asɛmpaka adwuma no.—Marko 13:10.
Henanom na wɔsom wɔ Betel, na ɔkwan bɛn so na wɔhwɛ wɔn?
Adwuma a egye ntɛmpɛ bɛn na Betel fie biara boa?
-
-
Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 22
Dɛn na Wɔyɛ Wɔ Baa Dwumadibea?
Solomon Islands
Canada
South Africa
Betel abusua mufo yɛ nnwuma ahorow wɔ hɔ de boa asɛnka adwuma a wɔyɛ wɔ ɔman biako anaa aman bi mu. Abusua no mufo bi kyerɛ asafo nhoma ahorow ase, wotintim nsɛmma nhoma, wɔpam nhoma, wɔyɛ adwuma wɔ baabi a wɔde nhoma gu, baabi a wɔyɛ video anaa wɔkyere nsɛm gu mpaawa so, anaasɛ wɔyɛ nnwuma ahorow ma aman foforo.
Baa Boayikuw na ɛhwɛ adwuma no so. Akwankyerɛ Kuw no de adwuma a wɔyɛ wɔ baa dwumadibea biara hyɛ Baa Boayikuw a asafo mu mpanyimfo a wɔn ho akokwaw paa baasa anaa nea ɛboro saa na wɔwom nsa. Boayikuw no de nkɔso a wonya ne nsɛnnennen biara a wohyia wɔ ɔman biara a wɔhwɛ wɔn dwumadi so ho amanneɛbɔ kɔma Akwankyerɛ Kuw no. Amanneɛbɔ a ɛte saa no boa Akwankyerɛ Kuw no ma wohu nsɛm a ɛsɛ sɛ wɔde ba nhoma ahorow a wɔbɛyɛ mu, ne nea yebesusuw ho wɔ asafo nhyiam ne nhyiam akɛse ase. Akwankyerɛ Kuw no soma n’ananmusifo ma wɔkɔsrasra baa dwumadibea ahorow bere nyinaa, na wɔde akwankyerɛ ma Baa Boayikuw no wɔ sɛnea ɛsɛ sɛ wɔyɛ wɔn nnwuma ho. (Mmebusɛm 11:14) Wɔyɛ nhyehyɛe soronko a emu bi ne ɔkasa a Asafo ti nanmusini no ma de hyɛ aman a baa dwumadibea no hwɛ wɔn dwumadi so no mufo nkuran.
Wɔboa asafo ahorow a ɛwɔ ɔman a wɔhwɛ so mu no. Anuanom a wɔwɔ baa dwumadibea a asɛyɛde hyɛ wɔn nsa no na wɔhwɛ ma wɔtew asafo foforo. Wɔn ara nso na wɔhwɛ akwampaefo, asɛmpatrɛwfo, ne amansin so ahwɛfo a wɔsom wɔ aman a baa dwumadibea no hwɛ so no dwumadi so. Ɛyɛ wɔn na wɔyɛ amansin ne amantam nhyiam ho nhyehyɛe, wɔhwɛ ma wosisi Ahenni Asa ahorow, na wɔhwɛ ma wɔde nhoma ahorow a asafo ahorow no hia kɔma wɔn. Biribiara a wɔyɛ wɔ baa dwumadibea no boa ma asɛnka adwuma no kɔ so fɛfɛɛfɛ.—1 Korintofo 14:33, 40.
Dɛn na Baa Boayikuw ahorow yɛ de boa Akwankyerɛ Kuw no?
Dɛn na wodi ho dwuma wɔ baa dwumadibea?
-