-
Ɔkwan Bɛn so na Wɔkyerɛw Yɛn Nhoma Ahorow na Wɔkyerɛ Ase?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 23
Ɔkwan Bɛn so na Wɔkyerɛw Yɛn Nhoma Ahorow na Wɔkyerɛ Ase?
Akyerɛw Dwumadibea, U.S.A.
South Korea
Armenia
Burundi
Sri Lanka
Nea ɛbɛyɛ na yɛayɛ nea yebetumi biara de aka “asɛmpa” no akyerɛ “aman ne mmusuakuw ne kasa ne nkurɔfo nyinaa” no, yetintim nhoma ahorow wɔ kasa bɛboro 750 mu. (Adiyisɛm 14:6) Yɛyɛ dɛn tumi yɛ adwuma a ɛyɛ den yi? Nhoma akyerɛwfo a wɔwɔ aman ahorow so ne nsɛm asekyerɛfo na woyi wɔn yam boa ma yɛyɛ nhoma yi. Wɔn nyinaa yɛ Yehowa Adansefo.
Wodi kan kyerɛw nsɛm no wɔ Borɔfo kasa mu. Akwankyerɛ Kuw no na ɛhwɛ Akyerɛw Dwumadibea a ɛwɔ yɛn adwumayɛbea ti no dwumadi so. Saa dwumadibea yi na ɛhwɛ akyerɛwfo a wɔyɛ adwuma wɔ yɛn adwumayɛbea ti ne baa dwumadibea ahorow bi dwumadi so. Akyerɛwfo a yɛwɔ wɔ aman ahorow so no boa ma wotumi kyerɛw nsɛm a ɛfa nnipa a wofi aman ahorow so ho ma enti nnipa a wofi aman pii so ani gye yɛn nhoma ahorow no akenkan ho.
Wɔde nsɛm a wɔakyerɛw wɔ Borɔfo mu no kɔma nsɛm asekyerɛfo no. Sɛ wɔhwɛ nsɛm a wɔakyerɛw no mu wie na wogye tom a, wɔde fa kɔmputa so kɔma nsɛm asekyerɛfo akuw a wɔwɔ wiase nyinaa ma wɔkyerɛ ase kenkan mu, na afei wɔhwɛ mu hwɛ sɛ biribiara yɛ pɛpɛɛpɛ anaa. Wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛpaw “nsɛmpa a ɛyɛ nokware” a ɛwɔ wɔn kurom kasa mu na ɛyɛ Borɔfo no nkyerɛase pɛpɛɛpɛ a ɛbɛma wɔn akenkanfo no ate asɛm no ase.—Ɔsɛnkafo 12:10.
Kɔmputa boa ma nkyerɛase no kɔ so ntɛmntɛm. Kɔmputa rentumi nyɛ adwuma a akyerɛwfo ne nsɛm asekyerɛfo yɛ no. Nanso, nsɛm asekyerɛ nhoma, nhoma ahorow, ne nneɛma foforo a wɔde yɛ nhwehwɛmu a ɛwɔ kɔmputa so no boa ma nkyerɛase no tumi kɔ so ntɛmntɛm. Yehowa Adansefo ahyehyɛ kɔmputa so dwumadi bi a wɔfrɛ no Multilanguage Electronic Publishing System (MEPS). Wotumi de kyerɛw kasa ɔhaha pii, na wɔde hyehyɛ nsɛm de mfonini ka ho ma wotintim.
Dɛn nti na yɛbɔ mmɔden yɛ eyinom nyinaa, na yetintim nhoma wɔ kasa ahorow a nnipa mpem kakraa bi na wɔka mpo mu? Nea enti a yɛyɛ saa ne sɛ ɛyɛ Yehowa pɛ sɛ “ogye nnipa ahorow nyinaa ma wobenya nokware no ho nimdeɛ a edi mũ.”—1 Timoteo 2:3, 4.
Ɔkwan bɛn na yɛfa so kyerɛw yɛn nhoma ahorow no?
Dɛn nti na yɛkyerɛ yɛn nhoma ahorow ase kɔ kasa ahorow pii mu?
-
-
Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Yɛ Wiase Nyinaa Adwuma No?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 24
Yɛyɛ Dɛn Nya Sika De Yɛ Wiase Nyinaa Adwuma No?
Nepal
Togo
Britain
Afe biara, yɛn ahyehyɛde no tintim Bible ne Bible ho nhoma ahorow ɔpepem pii, na yɛkyekyɛ ma ɔmanfo a ɛbo biara nna so. Yesisi Ahenni Asa ne baa dwumadibea ahorow, na yɛhwɛ siesie. Yɛhwɛ wɔn a wɔsom wɔ Betel ne asɛmpatrɛwfo mpempem pii, na sɛ asiane bi si a, yɛkɔ kɔboa. Enti ebia wubebisa sɛ, ‘Moyɛ dɛn nya sika de yɛ eyinom nyinaa?’
Yenyi ntotoso du du, wonnye yɛn tow, na yennyigye sika nso. Ɛwom sɛ asɛmpaka adwuma a yɛyɛ no gye sika pii de, nanso yɛnsrɛsrɛ sika. Bɛboro mfe ɔha ni, Ɔwɛn-Aban a ɛto so abien a wotintimii no kae sɛ yegye di sɛ Yehowa taa yɛn akyi ma enti “yɛrensrɛ nkurɔfo sɛ wɔmmoa yɛn da”—na yɛnyɛɛ saa nso da!—Mateo 10:8.
Ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi na yɛde yɛ yɛn adwuma no. Nnipa pii ani sɔ Bible nkyerɛkyerɛ adwuma a yɛyɛ no na woyi sika de boa. Adansefo no ankasa ani gye sɛ wɔde wɔn bere, wɔn ahoɔden, wɔn sika, ne wɔn nneɛma foforo bɛboa ma wɔde ayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ wiase nyinaa. (1 Beresosɛm 29:9) Ntoboa nnaka sisi Ahenni Asa so ne yɛn amansin ne amantam nhyiam ase a wɔn a wɔpɛ sɛ woyi ntoboa no betumi de agu mu. Obi pɛ nso a, obetumi ayi ntoboa wɔ yɛn wɛbsaet hɔ, jw.org. Mpɛn pii no, wɔn a woyi ntoboa de boa adwuma no yɛ wɔn a wonni sika pii. Wɔte sɛ okunafo a ɔde nkaprɛ mma abien guu sika nnaka mu wɔ asɔrefie hɔ a Yesu kaa ne ho asɛm pa no. (Luka 21:1-4) Enti obiara betumi ‘ayi biribi asie’ bere nyinaa na ɔde ama “sɛnea wasusuw wɔ ne komam” no.—1 Korintofo 16:2; 2 Korintofo 9:7.
Yɛwɔ ahotoso sɛ Yehowa bɛkɔ so aka wɔn a wɔpɛ sɛ ‘wɔde wɔn ahonyade hyɛ no anuonyam’ no koma ma wɔaboa Ahenni adwuma no sɛnea ɛbɛyɛ a n’apɛde bɛyɛ hɔ.—Mmebusɛm 3:9.
Dɛn na ɛma yɛn ahyehyɛde no yɛ soronko wɔ ɔsom afoforo ho?
Dɛn na yɛde ntoboa a afoforo fi wɔn pɛ mu yi no yɛ?
-
-
Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
-
-
Adesua 25
Dɛn Nti na Yesisi Ahenni Asa, na Yɛyɛ Dɛn Tumi Sisi?
Bolivia
Nigeria, sɛnea na ɛte ne bere a wosii no foforo
Tahiti
Sɛnea edin Ahenni Asa kyerɛ no, ɛhɔ na yesusuw Bible nkyerɛkyerɛ titiriw a ɛne Onyankopɔn Ahenni a na ɛyɛ Yesu asɛnka adwuma no asɛmti no ho.—Luka 8:1.
Ɛyɛ mmeae a yɛsom Onyankopɔn nokwarem wɔ mpɔtam a ɛwɔ no. Ɛhɔ na yɛyɛ nhyehyɛe fi adi kɔka Ahenni ho asɛmpa no. (Mateo 24:14) Ɛsono Ahenni Asa ahorow no akɛse ne ne nsusuwso, nanso ɛnyɛ adan a ɛyɛ konkuronn, na emu pii wɔ hɔ a asafo bɛboro biako na wohyiam wɔ hɔ. Nnansa yi, yɛasisi Ahenni Asa foforo mpempem pii (sɛ wɔkyekyɛm a wosi anum da biara) sɛnea ɛbɛyɛ a asafo ahorow a ɛredɔɔso no benya baabi ahyiam. Yɛyɛ dɛn tumi sisi Ahenni Asa yi?—Mateo 19:26.
Ntoboa a yeyi gu foto bi mu na yɛde sisi. Yɛde saa ntoboa ahorow no kɔ baa dwumadibea ma wɔde bɔ asafo ahorow a wɔpɛ sɛ wosi Ahenni Asa anaa wosiesie wɔn de no bosea.
Atuhoamafo a ɛsono wɔn nimdeɛ ne wɔn asetenam nsɛm a wonnye akatua na wosisi. Wɔahyehyɛ Ahenni Asa Adansi Akuw wɔ aman pii so. Ahenni Asa adansi akuw ne atuhoamafo a wɔwɔ ɔman bi mu fi asafo biako mu kɔ foforo mu, wɔkɔ nkuraase mpo, na wɔboa asafo ahorow a ɛwɔ hɔ no ma wosisi Ahenni Asa. Wɔ aman foforo so no, wɔapaw adansifo a wɔfata ma wɔhwɛ sisi Ahenni Asa ahorow anaa wosiesie wɔ ɔmantam bi mu. Ɛwom sɛ adwumfo pii a wɔn ho akokwaw wɔ adansi mu a wɔwɔ ɔmantam bi mu tu wɔn ho ma boa ma wosi asa biara de, nanso wɔn a wotu wɔn ho ma yɛ adwuma no mu dodow no ara yɛ asafo a ɛwɔ hɔ no mufo. Yehowa honhom ne sɛnea ne nkurɔfo fi ɔkra nyinaa mu yɛ adwuma no na ɛma yetumi yɛ saa adwuma yi nyinaa.—Dwom 127:1; Kolosefo 3:23.
Dɛn nti na yɛfrɛ mmeae a yehyiam som no Ahenni Asa?
Dɛn na ɛma yetumi sisi Ahenni Asa wɔ wiase nyinaa?
-