Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa ma Wɔasiesie Yɛn Ahenni Asa So?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 26

      Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Aboa ma Wɔasiesie Yɛn Ahenni Asa So?

      Yehowa Adansefo a wɔresiesie wɔn Ahenni Asa so wɔ Estonia

      Estonia

      Yehowa Adansefo a wɔresiesie wɔn Ahenni Asa so wɔ Zimbabwe

      Zimbabwe

      Yehowa Dansefo a ɔresiesie nneɛma a asɛe wɔ Ahenni Asa so wɔ Mongolia

      Mongolia

      Yehowa Dansefo a ɔreka Ahenni Asa ho wɔ Puerto Rico

      Puerto Rico

      Onyankopɔn din kronkron no na ɛda Yehowa Adansefo Ahenni Asa biara so. Enti, yebu no sɛ ɛyɛ hokwan sɛ yɛbɛboa ma ɔdan no ho atew, yɛasiesie biribiara kama ma ɛhɔ ayɛ fɛ, na ɛyɛ ɔsom kronn a yɛde ma Yehowa no fã a ɛho hia. Yɛn nyinaa betumi aboa.

      Sɛ wɔpɔn asafo nhyiam a, tu wo ho ma siesie hɔ bi. Sɛ wɔpɔn asafo nhyiam biara a, anuanom mmarima ne mmea de anigye siesie Ahenni Asa no so kakra, na wosiesie agyananbea hɔ nso. Mmeae bi wɔ hɔ a wosiesie Ahenni Asa no so yiye pɛnkoro dapɛn biara ma ɛhɔ tew, ebi nso wɔ hɔ a ɔsram biara na wɔyɛ saa. Asafo mu panyin anaa ɔsomfo na ɔhwɛ adwuma no so, na mpɛn pii no ɔhwɛ nhyehyɛe a wɔayɛ a ɛwɔ krataa so na ɛyɛ saa adwuma no. Ebinom tu wɔn ho ma prapra hɔ popa hɔ, anaa wɔde nsu hohoro fam, popa nneɛma ho, tetew ntontan a ɛwɔ nsɛmso so anaa nnua a wɔde akuru ɔdan no so ho. Wɔpopa nkongua ho hyehyɛ, siesie agyananbea de nnuru hohoro hɔ, wɔhohoro mpomma ne nhwehwɛ anim, kɔtow nwura gu, anaa wosiesie ɔdan no ho ne akyi nyinaa bere a ɛho hia sɛ wɔyɛ saa. Anyɛ yiye koraa no, pɛnkoro wɔ afe biara mu no, yɛde da koro si hɔ siesie Ahenni Asa no so ma ɛhɔ tew nwann. Sɛ yɛma yɛn mma yɛ nnwuma no bi a, na yɛrekyerɛkyerɛ wɔn ma wɔanya obu ama baabi a yɛsom no.—Ɔsɛnkafo 5:1.

      Boa ma wonsiesie biribiara a ehia sɛ wosiesie. Afe biara wɔhwehwɛ Ahenni Asa no so ne sɛnea akyi nyinaa te yiye. Yegyina nea wohu no so yɛ nhyehyɛe siesie biribiara kama bere nyinaa, na ɛno mma yɛnsɛe sika sɛnea ɛnsɛ. (2 Beresosɛm 24:13; 34:10) Ahenni Asa a wɔhwɛ siesie no yiye ma ɛhɔ tew no fata beae a yɛsom yɛn Nyankopɔn no. Sɛ yɛyɛ adwuma a wɔyɛ wɔ hɔ no bi a, yɛda no adi sɛ yɛdɔ Yehowa, na yɛn ani sɔ baabi a yɛsom no no. (Dwom 122:1) Eyi nso di adanse pa wɔ mpɔtam hɔ.—2 Korintofo 6:3.

      • Dɛn nti na ɛnsɛ sɛ yebu yɛn ani gu beae a yɛsom no so?

      • Nhyehyɛe bɛn na wɔayɛ de siesie Ahenni Asa so ma ɛhɔ tew?

  • Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anya Nhomakorabea a Ɛwɔ Ahenni Asa so no so Mfaso?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • Adesua 27

      Yɛbɛyɛ Dɛn Atumi Anya Nhomakorabea a Ɛwɔ Ahenni Asa so no so Mfaso?

      Ɔbarima bi a ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea wɔ Ahenni Asa so

      Israel

      Yehowa Dansefo bi a ɔreboa aberante bi ma wayɛ nhwehwɛmu

      Czech Republic

      Abeawa kumaa bi a ɔrekyerɛw ne din wɔ ne nnwom nhoma mu

      Benin

      Ɔbarima bi a ɔde Watchtower Library reyɛ nhwehwɛmu

      Cayman Islands

      So wopɛ sɛ woyɛ nhwehwɛmu bi na wunya Bible mu nimdeɛ pii? So wopɛ sɛ wunya kyerɛwsɛm anaa onipa bi, beae, anaa ade pɔtee bi a wɔaka ho asɛm wɔ Bible mu ho nsɛm pii? Anaa aba w’adwenem da sɛ Onyankopɔn Asɛm no betumi aboa wo ma woanya wo haw bi ano aduru? Sɛ ɛte saa a, wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no.

      Yenya nneɛma a ɛboa ma yɛyɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ. Ebetumi aba sɛ wunni Bible ho nhoma ahorow a ɛwɔ wo kasa mu a Yehowa Adansefo atintim no nyinaa bi. Nanso, nhoma a wɔatintim no nnansa yi no mu dodow no ara bi wɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no. Ebia wubenya Bible nkyerɛase ahorow, nsɛm asekyerɛ nhoma a edi mũ, ne nneɛma foforo a yɛde yɛ nhwehwɛmu wɔ hɔ. Wubetumi akɔyɛ nhwehwɛmu wɔ nhomakorabea hɔ bere a asafo nhyiam nnya mfii ase ne bere a yɛapɔn. Sɛ kɔmputa wɔ hɔ a, wubetumi anya Watchtower Library wɔ so. Eyi yɛ kɔmputa dwumadi a yɛn nhoma ahorow pii wɔ so, na ɔfã bi wɔ hɔ a ɛma nhwehwɛmu yɛ mmerɛw a wubetumi de ahwehwɛ asɛm bi, asɛmfua, anaa kyerɛwsɛm bi.

      Ɛboa wɔn a wɔyɛ Abrabɔ ne Asɛnka Adesua dwumadi no. Nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no betumi aboa wo yiye bere a woresiesie wo dwumadi no. Abrabɔ ne Asɛnka Adesua sohwɛfo no na ɔhwɛ nhomakorabea no so. Ɔno na ɔhwɛ ma wɔde nhoma a aba foforo no bi gu hɔ na ɔhwɛ ma wɔhyehyɛ no kama. Ɔno anaa nea ɔne wo sua Bible no betumi akyerɛ wo sɛnea wubetumi anya nsɛm a wuhia no. Nanso, ɛnsɛ sɛ wofa nhoma biara fi nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no. Nokwasɛm ne sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwɛ nhoma ahorow no yiye, na ɛnsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛw mu.

      Bible ka sɛ, sɛ yebenya “Onyankopɔn ho nimdeɛ” a, ɛsɛ sɛ yefi yɛn pɛ mu hwehwɛ nimdeɛ te “sɛ akorade a ahintaw.” (Mmebusɛm 2:​1-⁠5) Nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so no betumi aboa wo ma woafi ase ahwehwɛ nimdeɛ.

      • Nneɛma a yɛde yɛ nhwehwɛmu bɛn na ɛwɔ nhomakorabea a ɛwɔ Ahenni Asa so?

      • Henanom na wobetumi aboa wo ma wode nhomakorabea no adi dwuma yiye?

      SUA PII KA HO

      Sɛ wopɛ sɛ wufi ase hyehyɛ w’ankasa nhomakorabea a, kɔ baabi a wogye nhoma no kɔhwɛ nhoma a wubetumi anya bi wɔ hɔ. Nea ɔne wo sua Bible no betumi akyerɛ wo nhoma ahorow a wubetumi agye de afi ase.

  • Dɛn na Wubetumi Ahu Wɔ Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ?
    Henanom Na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
    • ADESUA 28

      Dɛn na Wubetumi Ahu Wɔ Yɛn Intanɛt Dwumadibea Hɔ?

      Ɔbea bi a ɔreyɛ nhwehwɛmu wɔ ne laptop so

      France

      Abusua bi a wɔde kɔmputa redi dwuma

      Poland

      Ɔbea bi a ɔrehwɛ mum kasa video wɔ Intanɛt so

      Russia

      Yesu Kristo ka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: “Momma mo kanea nhyerɛn nnipa anim, na wɔahu mo nnwuma pa na wɔahyɛ mo Agya a ɔwɔ soro no anuonyam.” (Mateo 5:​16) Ɛno nti, yɛde abɛɛfo mfiri a ebi ne Intanɛt redi dwuma yiye na ama yɛatumi ayɛ saa. Wubehu Yehowa Adansefo gyidi ne wɔn nnwuma ho nsɛm wɔ yɛn websaet a ɛne jw.org no. Dɛn na ɛwɔ hɔ?

      Nsɛm a wɔtaa bisa ho mmuae a Bible de ma. Wubetumi anya nsɛm a ɛho hia sen biara a nkurɔfo abisa no bi ho mmuae wɔ hɔ. Nneɛma a ebetumi aboa wo no bi ne nkratawa a yɛato din Enti Amanehunu To Betwa Da Bi? ne So Ɛyɛ Ampa sɛ Awufo Bɛsan Atena Ase Bio? Wubenya bi wɔ kasa bɛboro 600 mu wɔ wɛbsaet hɔ. Wubetumi nso anya Wiase Foforo Nkyerɛase Bible no wɔ kasa bɛboro 130 mu ne nhoma ahorow bi a yɛde sua Bible te sɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? ne Ɔwɛn-Aban ne Nyan! a aba foforo. Wubetumi akenkan saa nhoma ahorow yi pii mu nsɛm wɔ wɛbsaet hɔ anaa woabɔ atie. Wopɛ nso a wubetumi atwe ne MP3, PDF, anaa EPUB. Wubetumi mpo atintim nkratafa kakra wɔ obi a n’ani gye asɛm no ho ankasa kasa mu na wo ne no akosusuw ho! Video pii a ɛwɔ mum kasa ahorow mu wɔ hɔ. Wubetumi atwe Bible a wɔakenkan, Bible drama ahorow, ne nnwom a ɛyɛ dɛ na woabɔ atie bere biara a wopɛ.

      Yehowa Adansefo ho nokwasɛm. Nneɛma a wɔde gu hɔ no bi nso ne yɛn adwuma a yɛreyɛ wɔ wiase nyinaa no ho nsɛm foforo ne ɛho video, nsɛm a asisi a ɛfa Yehowa Adansefo ho, ne mmoa a yɛde ma wɔn a atoyerɛnkyɛm ato wɔn no ho nsɛm. Wubetumi ahu nhyiam ahorow a wɔrebɛyɛ ho amanneɛbɔ ne baa dwumadibea ahorow address wɔ hɔ.

      Yɛnam eyinom so rema nokware hann no ahyerɛn adu asase ano nohoa tɔnn. Nkurɔfo a wɔte asasepɔn biara so, a Antarctica ka ho, rehu nokware hann no. Yɛbɔ mpae sɛ ‘Yehowa asɛm nkɔ so ntrɛw ntɛmntɛm’ nkɔ asase nyinaa so na ɛnhyɛ Onyankopɔn anuonyam.—2 Tesalonikafo 3:1.

      • Ɔkwan bɛn so na jw.org reboa nnipa pii ma wɔahu nokware a ɛwɔ Bible mu no?

      • Dɛn na wopɛ sɛ woyɛ ho nhwehwɛmu wɔ yɛn wɛbsaet hɔ?

      KƆKƆBƆ BI NI:

      Wɔn a wɔsɔre tia yɛn no abuebue Intanɛt dwumadibea ahorow bi a wɔde ka atosɛm fa yɛn ahyehyɛde no ho. Wɔn botae ne sɛ wɔde bɛtwe nkurɔfo afi Yehowa som ho. Ɛnsɛ sɛ yɛkɔ saa dwumadibea ahorow hɔ.—Dwom 1:1; 26:​4; Romafo 16:17.

Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
Fi Mu
Kɔ Mu
  • Twi
  • Fa Mena
  • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
  • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
  • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
  • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
  • JW.ORG
  • Kɔ Mu
Fa Mena