Dwom 57
Me Komam Nsusuwii
Nea Yɛaprente
1. Me koma mu asɛm biara,
B’ribi a ɛwɔ m’adwen mu—
Yehowa, ma ɛnsɔ w’ani.
Ky’rɛ me wo nokware kwan no.
Sɛ dadwen bi hyɛ me so a,
Mintumi nna anadwo a,
Boa me ma minsusuw wo ho;
Mɛdwen wo nnwuma pa ho daa.
2. B’ribi a ɛho tew w’anim,
B’ribi a ɛyɛ ɔbrapa,
B’ribi a ɛyɛ nokware—
Ɛno na ma minnwen ho daa.
W’asɛm ma me asomdwoe pii!
Ɛma me akomatɔyam.
Enti mɛdwen ho daa nyinaa;
Mede me koma bɛma wo.
(Hwɛ Dw. 49:3; 63:6; 139:17, 23; Filip. 4:7, 8; 1 Tim. 4:15 nso.)