Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • my asɛm 12
  • Nnipa To Aban Kɛse

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nnipa To Aban Kɛse
  • Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wɔannye Din Kɛse Amfa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • Babel Abansoro Tenteenten No
    Sua Biribi Fi Bible Mu
  • “Babel Abantenten” Ɛno na Ɛkɔfaa Kasa Nyinaa Bae Anaa?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
my asɛm 12
Nkurɔfo bi resi dan. Obiara nte nea ne yɔnko reka no ase efisɛ ɛsono kasa a wɔn mu biara reka

ASƐM 12

Nnipa To Aban Kɛse

MFE pii twaam. Noa mma no woo mma pii. Na wɔn mma no nyinyinii ma wɔn nso woe. Ankyɛ na nnipa pii baa asase so.

Saa nnipa yi mu biako ne Noa nanankanso bi a wɔfrɛ no Nimrod. Na ɔyɛ onipa bɔne a okunkum nnipa ne mmoa. Nimrod san yɛɛ ne ho hene dii nnipa afoforo so. Onyankopɔn ampɛ Nimrod asɛm.

Babel aban kɛse no

Saa bere no na nnipa nyinaa ka kasa koro. Nimrod pɛe sɛ wɔn nyinaa tra faako na watumi adi wɔn so. Enti wunim nea ɔyɛe? Ɔka kyerɛɛ nkurɔfo no sɛ wɔnkyekye kurow na wɔnto aban kɛse bi wɔ mu. Hwɛ wɔn wɔ mfonini no mu a wɔreyɛ ntayaa.

Yehowa Nyankopɔn ani annye saa dan yi ho. Onyankopɔn pɛe sɛ nkurɔfo pete na wɔtratra asase nyinaa ani. Nanso nkurɔfo no kae sɛ: ‘Mommra! Momma yɛnkyekye kurow na yɛnto abantenten a n’atifi bedu soro. Ɛno bɛma yɛagye din!’ Na nkurɔfo no pɛ sɛ wɔhyɛ wɔn ankasa ho anuonyam, ɛnyɛ Onyankopɔn.

Enti Onyankopɔn maa nkurɔfo no gyaee aban no to. Wunim sɛnea ɔyɛɛ no? Ɔmaa wɔn nyinaa fii ase kaa kasa horow, a wɔanka kasa koro bio. Afei de na wɔn a wɔresi dan no nte wɔn ho kasa bio. Ɛno nti na wɔfrɛɛ wɔn kurow no Babel, anaa Babilon, a ase ne “Basabasa.”

Afei nkurɔfo no fii ase sɛ wofi Babel rekɔ. Nnipa akuw a wɔka kasa koro boom kɔtratraa asase so mmeae horow.

Genesis 10:1, 8-10; 11:1-9.

Nsɛmmisa

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena