Dwom 37
Kyerɛwnsɛm no Fi Nyankopɔn Honhom Mu
Nea Yɛaprente
1. Nyankopɔn Asɛm hyerɛn,
Ɛky’rɛ yɛn kwan esum mu.
Yebedi akyi nokwarem,
Ɛbɛma yɛade yɛn ho daa.
2. Asɛm no fi honhom mu,
Ɛkyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.
Esiesie ade nyinaa yie;
Ɛma Nyankopɔn teɛ yɛn so.
3. Asɛm a efi s’ro yi
Ma yehu Nyankopɔn dɔ.
Yɛbɛkan na yɛahu nyansa
Adu nkwa botae no ho.
(Hwɛ Dw. 119:105; Mmeb. 4:13 nso.)