Dwom 23
Yehowa, Yɛn Ahoɔden
1. Ɔdomfoɔ Yehowa, yɛn ahoɔden.
Wone Agyenkwa, ne yɛn anigye.
Yɛyɛ w’Adansefo, yɛka w’asɛm,
Sɛ́ nnipa betie anaasɛ wɔntie.
(NNYESO)
Yehowa, woyɛ Ɔbotan kɛse.
Yɛma nnipa hu wo din no daa.
Onuonyamfo Yehowa Otumfoɔ,
Wone yɛn hintabea, Abankɛse.
2. Yɛn a yɛsom wo no di ah’rusi;
Yehu nokware no ne wo trenee.
Yɛhwehwɛ Ky’rɛwnsɛm mu hu w’ahyɛde;
Yebegyina w’Ahenni no akyi.
(NNYESO)
Yehowa, woyɛ Ɔbotan kɛse.
Yɛma nnipa hu wo din no daa.
Onuonyamfo Yehowa Otumfoɔ,
Wone yɛn hintabea, Abankɛse.
3. Anigye na yɛde yɛ w’apɛde.
Satan haw yɛn, nanso yegye wo di.
Sɛ okum yɛn mpo a, yɛsrɛ wo sɛ,
Ma yenni w’akyi nkosi daa nyinaa.
(NNYESO)
Yehowa, woyɛ Ɔbotan kɛse.
Yɛma nnipa hu wo din no daa.
Onuonyamfo Yehowa Otumfoɔ,
Wone yɛn hintabea, Abankɛse.
(Hwɛ 2 Sam. 22:3; Dw. 18:2; Yes. 43:12 nso.)