Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 12/15 kr. 2
  • ‘Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu’

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • ‘Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu’
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • “Ma Yɛn Gyidie Nyɛ Kɛse”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Nantew Gyidi Mu
    Yɛn Ahenni Som—1996
  • Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2005
  • Nya Yehowa Bɔhyɛ Ahorow Mu Gyidi
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2016
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 12/15 kr. 2

‘Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu’

Aka kakra ama wɔatwa Yerusalem ho ahyia na wɔasɛe no no, ɔsomafo Paulo kyerɛwee sɛ Kristofo yɛ Kristo asraafo, enti ɛsɛ sɛ wɔhwɛ kwan sɛ wɔbɛhu amane. Na ɛnsɛ sɛ wɔdi nneɛma a ɛbɛma wɔn ho adwo wɔn ne anigyede akyi. (2 Tim. 2:3, 4) Ɛrenkyɛ koraa na wɔasɛe wiase bɔne yi nso, enti yɛhia gyidi a emu yɛ den na ama yɛatumi de yɛn adwene asi Onyankopɔn som so. (2 Kor. 4:18; 5:7) Hwɛ ‘Nantew Gyidi Mu, Ɛnyɛ Nea Wuhu Mu’ video no. (Kɔ jw.org/tw, na hwɛ NHOMA > VIDEO.) Hwɛ sɛnea Naham ne Abital dii ahonyade akyi maa no sum wɔn afiri. Sɛ wohwɛ video no wie a, susu nsɛmmisa a ɛdidi so yi ho.

(1) Tete Kristofo no bere so no, na dɛn ne “akyiwadeɛ a ɛbɔ man a ɛgyina kronkronbea hɔ” no? Dɛn na na ɛsɛ sɛ Kristofo a wɔwɔ Yerusalem no yɛ? (Mat. 24:15, 16) (2) Dɛn nti na na Kristofo no hia gyidi na ama wɔatumi adwane afi kuro no mu? (3) Nneɛma bɛn na na ɛsɛ sɛ wɔgya no wɔn akyi na ama wɔatumi afi kuro no mu? (4) Dɛn na ɛmaa Naham ne Abital kaa akyi? (Mat. 24:17, 18) (5) Bere a Rahel refi Yerusalem no, dɛn bio na ɛsɔɔ ne gyidi hwɛe? (Mat. 10:34-37; Mar. 10:29, 30) (6) Nhwɛso pa bɛn na Etan yɛ de kyerɛɛ sɛ ɔwɔ gyidi ne ahotoso wɔ Yehowa mu? (7) Nneɛma bɛn na na ɛma asetena yɛ den ma Kristofo no wɔ Pella? (8) Dɛn na ɛmaa nkakrankakra Naham ne Abital gyidi mu yɛɛ mmerɛ? (9) Ɔkwan bɛn na Yehowa faa so hwɛɛ Kristofo a na wɔwɔ Pella no? (Mat. 6:33; 1 Tim. 6:6-8) (10)  Bere a yɛrebɛn wiase awiei yi, dɛn na yɛbɛtumi ayɛ de asuasua Abraham ne Sara? (Heb. 11:8-10) (11) Ɛyɛɛ dɛn na Naham ne Abital yɛɛ wɔn adwene sɛ wɔbɛsan akɔ Yerusalem? Adɛn nti na adwene a wɔnyae no nyɛ papa? (Luka 21:21) (12) Bere a Naham ne Abital kɔduu Yerusalem no, tebea bɛn na wɔkɔhyiae? (13) Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma yɛn gyidi mu yɛ den seesei ansa na nhyehyɛe bɔne yi aba awiei?—Luka 17:31, 32; 21:34-36.

Nea gyidi mu a yɛbɛnantew kyerɛ ne sɛ (1) yɛbɛnya ahotoso wɔ akwankyerɛ a Yehowa de ma yɛn no mu, (2) yɛde n’akwankyerɛ bɛyɛ adwuma, na (3) yɛda no adi sɛ honhom fam nneɛma som bo ma yɛn sen honam fam deɛ. Momma yɛnsi yɛn bo denneennen sɛ yɛbɛnantew gyidi mu, na yɛagye atom sɛ, “wiase ne n’akɔnnɔ retwam, na deɛ ɔyɛ adeɛ a Onyankopɔn pɛ no tena hɔ daa.”—1 Yohane 2:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena