Dwom 71
Honhom Kronkron Yɛ Onyankopɔn Akyɛde
Nea Yɛaprente
1. Yehowa Otumfoɔ, mmɔb’rɔhun’fo,
Wosõ sen yɛn koma bɔne no.
Gye yɛn adesoa, na ma yɛnhome,
Fa wo honhom no kyekye yɛn werɛ.
2. Agya, yentumi nnu w’anuonyam ho,
Enti yɛfom wo kwan trenee no.
O yɛn Nyankopɔn, yɛsrɛ wo tie yɛn,
Fa wo honhom kronkron no ky’rɛ yɛn kwan.
3. Adwendwen hyɛ yɛn so, yɛpa abaw;
Wo honhom no hyɛ yɛn koma den.
Yɛpɛ ɔkɔre ntaban atu;
Fa wo honhom kronkron no bi ma yɛn.
(Hwɛ Dw. 51:11; Yoh. 14:26; Aso. 9:31 nso.)